Dwom 12
Daa Nkwa Bɔhyɛ
Nea Yɛaprente
1. Nyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ bi.
Asase yi rensɛe da.
‘Wɔde bɛma wɔn a wɔdwo.’
Wɔbɛnya anigye.
(NNYESO)
Yebenya nkwa daa;
Ɛno na yɛhwɛ kwan.
Nyankopɔn ahyɛ bɔ.
N’Asɛm bɛba mu.
2. Paradise no bɛyɛ hɔ;
Nyankopɔn begye ne mma.
Yehowa apɛde bɛyɛ;
Yebenya asomdwoe.
(NNYESO)
Yebenya nkwa daa;
Ɛno na yɛhwɛ kwan.
Nyankopɔn ahyɛ bɔ.
N’Asɛm bɛba mu.
3. Owusɔre kɛse bɛba;
Aw’rɛhow nyinaa betwam.
Nyankopɔn bɛyɛ yɛn brɛbrɛ;
Yɛn nusu befi hɔ.
(NNYESO)
Yebenya nkwa daa;
Ɛno na yɛhwɛ kwan.
Nyankopɔn ahyɛ bɔ.
N’Asɛm bɛba mu.
(Hwɛ Yes. 25:8; Luka 23:43; Yoh. 11:25; Adi. 21:4 nso.)