Dwom 68
Mmɔborɔni Mpaebɔ
Nea Yɛaprente
(Dwom 4:1)
1. O Yehowa, misu frɛ wo sɛ:
“Tie me mpaebɔ daa.”
M’amanehunu ayɛ kɛse
na m’adesoa sõ.
Dadwen kɛse ne abasamtu
ama mayɛ mm’rɛw.
O aw’rɛkyekye Nyankopɔn,
mesrɛ wo hwɛ me so.
(NNYESO)
Mesrɛ wo sɛ, hu me mmɔbɔ.
M’ahohia mu, bɛhyɛ me den.
Mebotow a, meba w’anim.
Yehowa, tie na hyɛ me den.
2. Meyɛ mmɔbɔ; w’Asɛm kyekye me w’rɛ
bɔ me ho ban.
Me haw ne me dadwen dɔɔso;
ahyɛ me koma so.
Ma me gyidi ne anidaso
wɔ w’Asɛm no mu.
Ma minhu daa nyinaa sɛ wo dɔ
sõ kyɛn me koma.
(NNYESO)
Mesrɛ wo sɛ, hu me mmɔbɔ.
M’ahohia mu, bɛhyɛ me den.
Mebotow a, meba w’anim.
Yehowa, tie na hyɛ me den.
(Hwɛ Dw. 42:6; 119:28; 2 Kor. 4:16; 1 Yoh. 3:20 nso.)