Dwom 72
Momma Yennya Ɔdɔ
Nea Yɛaprente
1. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Nyankopɔn.
Yɛde mpaebɔ bɛkɔ n’anim daa.
Nanso nea ehia sen b’ribiara
Ne ɔdɔ a ɛyɛ nokware.
Sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi,
Nanso yenni dɔ a yɛnsɛ hwee.
Enti momma yennya ɔdɔ pa;
Yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn ani.
2. Yɛreyɛ asɛnka adwuma,
Ɛnyɛ asɛm no nko na ehia.
Ɛsɛ sɛ yefi komam dɔ wɔn,
Boa wɔn ma wɔsua nokware no.
Ɔdɔ ma yenya boasetɔ nso;
Yetumi gyina ɔhaw ano.
Kae sɛ abɛbrɛsɛ nyinaa mu,
Ɔdɔ to ntwa da, enni huammɔ.
(Hwɛ Yoh. 21:17; 1 Kor. 13:13; Gal. 6:2 nso.)