Dwom 80
Papayɛ
Nea Yɛaprente
1. Sua Yehowa papayɛ no,
Wubenya anigye daa.
Agya pa a ɔwɔ soro,
Ne papayɛ dɔɔso pii.
Ɔyɛ ɔdɔ, ohu mmɔbɔ
Ma ɛsen nea ɛsɛ yɛn.
Ɔno na ɔfata yɛn som;
Yɛde anigye som no.
2. Ne suban so na ɔbɔɔ yɛn;
Ɛsɛ sɛ yesuasua no.
Momma yennya ne su no bi,
Yɛbɛyɛ sɛ Nyankopɔn.
Momma yennya ne papayɛ;
Ɛne ne su no nyinaa.
Yɛbɛsrɛ Nyankopɔn honhom
Na yɛasow n’aba no bi.
3. Yɛne yɛn nuanom Kristofo,
Yɛyɛ abusua biako.
Yɛbɛyɛ wɔn papa kɛse,
Yɛbɛdɔ obiara nso.
Momma yɛnka Asɛmpa no
Mma wɔnnya anidaso.
Sɛ yɛkwati animhwɛ a,
Yɛn papayɛ bedi mũ.
(Hwɛ Dw. 103:10; Mar. 10:18; Gal. 5:22; Efe. 5:9 nso.)