Dwom 132
Nkonimdi Dwom
Nea Yɛaprente
1. Kamfo Yehowa, Efisɛ wɔama ne din no so.
N’atamfo Egyptfo, Waka wɔn agu po mu.
Kamfo Yehowa; Ɔyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ.
Ne din ne Yehowa, Wadi nkonim no awie.
(NNYESO)
Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn,
Wo nko na wonsakra da biara da.
Ɛnkyɛ, wobɛkã w’atamfo agu,
Na woatew wo din kronkron ho.
2. Hwɛ, aman nyinaa, Wɔko tia Otumfoɔ Yehowa.
Wɔyɛ den sen Farao, Nanso wɔbɛdi nkogu.
Ɔsɛe retwɛn wɔn; Wɔrentumi ntwa Harmagedon.
Ɛnkyɛ ɔbɛky’rɛ sɛ Ɔne Yehowa ampa.
(NNYESO)
Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn,
Wo nko na wonsakra da biara da.
Ɛnkyɛ, wobɛkã w’atamfo agu,
Na woatew wo din kronkron ho.
(Hwɛ Dw. 2:2, 9; 92:8; Mal. 3:6; Adi. 16:16 nso.)