Dwom 105
Ɔsoro Ka Nyankopɔn Anuonyam Kyerɛ
Nea Yɛaprente
(Dwom 19)
1. Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam.
Ne nsaano adwuma, yehu wɔ ɔsoro.
Awia ne anadwo yi no ayɛ.
Ns’romma hyɛ no anuonyam, Ne kɛseyɛ no nti.
2. N’ahyɛde no yɛ pɛ na ɛma nkwagye,
Ne nkaesɛm no kyerɛ onipa biara kwan.
N’atemmusɛm yɛ nokware ampa.
N’asɛm ba mu, ne mm’ra ho tew, Ɛyɛ dɛ sen ɛwo.
3. Yɛn Nyankopɔn, ne suro ho tew daapem.
N’Asɛm so wɔ mfaso, ehia sen sika mpo.
N’ahyɛde no bɔ n’asomfo ho ban.
N’anuonyam, ne din kronkron no, Yɛbɛka ho asɛm.
(Hwɛ Dw. 111:9; 145:5; Adi. 4:11 nso.)