Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • fg adesua 14 nsɛmmisa 1-4
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Wɔ Ahyehyɛde?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Wɔ Ahyehyɛde?
  • Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Boa Ne Nkurɔfo Ano Wɔ Ɔsom Biako Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nhyehyɛe A Wɔayɛ Ma Yɛde Asom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Onyankopɔn Ahyehyɛde A Aniwa Hu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • So Ehia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Nyamesom Kuw Bi Mu?
    Nyan!—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
fg adesua 14 nsɛmmisa 1-4

ADESUA 14

Dɛn Nti na Onyankopɔn Wɔ Ahyehyɛde?

1. Dɛn nti na Onyankopɔn hyehyɛɛ tete Israel sɛ ɔman?

1. Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ tete Israel; 2. Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so a wɔreyɛ asɛnka adwuma no

Onyankopɔn boaboaa tete agya Abraham asefo ano yɛɛ wɔn ɔman, na ɔmaa wɔn mmara ahorow bi. Ɔfrɛɛ ɔman no “Israel,” na wɔn nkutoo na ɔde n’asɛm maa wɔn na ɔma wɔsom no nokware mu. (Dwom 147:19, 20) Enti, na nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu nam Israel so betumi anya nhyira.​—Kenkan Genesis 22:18.

Onyankopɔn paw Israelfo sɛ n’adansefo. Wɔn ho abakɔsɛm ma yehu sɛ sɛ nkurɔfo di Onyankopɔn mmara so a, wonya so mfaso. (Deuteronomium 4:6) Enti, na afoforo betumi afa Israelfo so ahu nokware Nyankopɔn no.​—Kenkan Yesaia 43:10, 12.

2. Dɛn nti na wɔahyehyɛ nokware Kristofo sɛ kuw?

Bere bi akyi no, Israel hweree Onyankopɔn anim dom, na Yehowa de Kristofo asafo no besii saa ɔman no ananmu. (Mateo 21:43; 23:37, 38) Seesei, nokware Kristofo abesi Israelfo no ananmu sɛ Yehowa adansefo.​—Kenkan Asomafo Nnwuma 15:14, 17.

Yesu hyehyɛɛ n’akyidifo no sɛ kuw sɛ wɔnka asɛm no na wɔnyɛ aman nyinaa asuafo. (Mateo 10:7, 11; 24:14; 28:19, 20) Seesei, wɔayɛ saa adwuma no adu akyiri wɔ awiei bere yi mu. Wɔ abakɔsɛm mu no, ɛnnɛ ne bere a edi kan a Yehowa aboaboa nnipa ɔpepem pii a wofi aman nyinaa so ano aba nokware som mu. (Adiyisɛm 7:9, 10) Wɔahyehyɛ nokware Kristofo sɛ kuw biako sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyehyɛ wɔn ho nkuran na wɔaboa wɔn ho wɔn ho. Wɔ wiase nyinaa no, wɔwɔ nhyehyɛe a ɛma wosua Bible nkyerɛkyerɛ koro wɔ wɔn nhyiam ahorow ase.​—Kenkan Hebrifo 10:24, 25.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no fii ase?

Yehowa Adansefo a wɔreka asɛm no wɔ afe 1900 mfe no mfiase ne ɛnnɛ nso ho mfonini; Bible ho nhoma a ɛwɔ kasa pii mu.

Wɔ afe 1870 mfe no mu no, Bible asuafo kuw ketewaa bi fii ase san huu Bible mu nokware a na ɛso akata mfe pii no. Ná wonim sɛ nea enti a Yesu hyehyɛɛ Kristofo asafo no ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no, enti wɔn nso fii ase kaa Ahenni no ho asɛm wɔ aman ahorow so. Wɔ afe 1931 mu no, wɔfaa edin Yehowa Adansefo too wɔn ho so.​—Kenkan Asomafo Nnwuma 1:8; 2:1, 4; 5:42.

4. Nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ Yehowa Adansefo som mu?

Wɔ asomafo no bere so no, akwankyerɛ kuw a na wogye Yesu tom sɛ asafo no Ti no boaa Kristofo asafo ahorow a na ɛwɔ nsase pii so no. (Asomafo Nnwuma 16:4, 5) Saa ara na ɛnnɛ, Akwankyerɛ Kuw a emufo yɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ osuahu no boa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa. Wɔn na wɔhwɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow a wɔkyerɛ Bible ho nhoma a yesua no ase kɔ kasa bɛboro 600 mu no so, na wɔn ara na wɔhwɛ nhoma no tintim ne ne kyekyɛ so. Ɛno ma Akwankyerɛ Kuw no tumi de Kyerɛwnsɛm mu nkuranhyɛ ne akwankyerɛ ma asafo ahorow bɛboro 100,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no. Wɔ asafo biara mu no, mmarima a wɔfata som sɛ asafo mu mpanyimfo anaa ahwɛfo. Saa mmarima yi hwɛ Onyankopɔn nguankuw no so wɔ ɔdɔ mu.​—Kenkan 1 Petro 5:2, 3.

Wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo asafo no sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnyɛ afoforo asuafo. Sɛnea asomafo no yɛe no, yɛn nso yɛka asɛm no wɔ afie afie mu. (Asomafo Nnwuma 20:20) Yɛsan nso ne komapafo a wɔn ani gye nokware no ho sua Bible no. Nanso, Yehowa Adansefo nyɛ ahyehyɛde bi kɛkɛ. Yɛyɛ abusua a yɛwɔ Agya a ɔwɔ ɔdɔ. Yɛyɛ anuanom mmarima ne mmea a yɛn mu biara dwen ne yɔnko ho. (2 Tesalonikafo 1:3) Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ kuw a wɔahyehyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nea Onyankopɔn pɛ na wɔmmoa wɔn ho wɔn ho nti, wɔyɛ abusua a wɔn ani gye paa wɔ asase so.​—Kenkan Dwom 33:12; Asomafo Nnwuma 20:35.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena