Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • fg adesua 11 nsɛmmisa 1-4
  • Ɔkwan Bɛn so na Yenya Bible Nnyinasosɛm so Mfaso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn so na Yenya Bible Nnyinasosɛm so Mfaso?
  • Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Onyankopɔn Nnyinasosɛm Nkyerɛ Wo Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nnyinasosɛm a Wubehu no Kyerɛ Ahokokwaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Onyankopɔn Nnyinasosɛm Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ma Onyankopɔn Mmara Ne Ne Nnyinasosɛm Ntete W’ahonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
fg adesua 11 nsɛmmisa 1-4

ADESUA 11

Ɔkwan Bɛn so na Yenya Bible Nnyinasosɛm so Mfaso?

1. Dɛn nti na yehia akwankyerɛ?

Wɔde Bible nnyinasosɛm reyɛ adwuma: Maame bi de bɛlt rebɔ ne mu; papa & ne ba a wɔte sakre so a wɔhyɛ kyɛw; ɔpemfo, odwumayɛni a ɔrebɔ ne ho ban wɔ asiane ho

Ɔkwan bɛn so na Bible nnyinasosɛm ka yɛn ma yɛyɛ ahwɛyiye?​—DWOM 36:9.

Yɛn Bɔfo no nim nyansa sen yɛn. Esiane sɛ ɔyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ nti, odwen yɛn ho. Afei nso, wammɔ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfi ne ho na yɛnyɛ nea yɛpɛ. (Yeremia 10:23) Enti sɛnea abofra kumaa hia n’awofo akwankyerɛ no, saa ara na yɛn nyinaa hia Onyankopɔn akwankyerɛ. (Yesaia 48:17, 18) Bible nnyinasosɛm ma yenya akwankyerɛ, na ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.​—Kenkan 2 Timoteo 3:16.

Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm kyerɛ yɛn ɔkwan a eye sen biara a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ yɛn bra nnɛ, na ɛma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya nhyira a enni awiei daakye. Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn nti, ɛfata sɛ yegye n’akwankyerɛ tom na yɛkyerɛ ho anisɔ.​—Kenkan Dwom 19:7, 11; Adiyisɛm 4:11.

2. Dɛn ne Bible nnyinasosɛm?

Bible nnyinasosɛm yɛ nokwasɛm ahorow a ɛnsesa. Nanso, mmara de, wotumi hyɛ fa nneɛma pɔtee bi ho. (Deuteronomium 22:8) Ɛsɛ sɛ yɛde adwempa di dwuma na ama yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so de nnyinasosɛm bi adi tebea pɔtee bi ho dwuma. (Mmebusɛm 2:10-12) Sɛ nhwɛso no, Bible ma yehu sɛ nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Saa nnyinasosɛm titiriw yi betumi aboa yɛn wɔ adwumam, ofie, ne bere a yɛretu kwan. Ɛboa yɛn ma yɛyɛ ahwɛyiye.​—Kenkan Asomafo Nnwuma 17:28.

3. Nnyinasosɛm abien bɛn na ɛho hia paa?

Yesu kaa nnyinasosɛm abien a ɛho hia paa ho asɛm. Nea edi kan no ma yehu nea enti paa a nnipa te ase; ɛne sɛ yebehu Onyankopɔn, yɛbɛdɔ no, na yɛasom no nokware mu. Ɛsɛ sɛ yesusuw nnyinasosɛm a edi kan yi ho wɔ gyinae biara a yesi mu. (Mmebusɛm 3:6) Onyankopɔn fa wɔn a wɔde nnyinasosɛm yi bɔ wɔn bra no nnamfo, wɔn ani gye ankasa, na wobenya daa nkwa.​—Kenkan Mateo 22:36-38.

Nnyinasosɛm a ɛto so abien no betumi aboa yɛn ma yɛne afoforo atena asomdwoe mu. (1 Korintofo 13:4-7) Ɛno a yɛde bedi dwuma no hwehwɛ sɛ yesuasua sɛnea Onyankopɔn ne afoforo di no.​—Kenkan Mateo 7:12; 22:39, 40.

4. Ɔkwan bɛn so na yenya Bible nnyinasosɛm so mfaso?

Abusua bi a wɔn ani agye

Bible nnyinasosɛm boa mmusua ma wohu sɛnea wɔbɛbom atena wɔ ɔdɔ mu. (Kolosefo 3:12-14) Nnyinasosɛm foforo wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a ɛbɔ mmusua ho ban, ɛne sɛ ɛsɛ sɛ aware yɛ ade a ɛtena hɔ daa.​—Kenkan Genesis 2:24.

Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ honam fam na ama yɛn koma atɔ yɛn yam. Sɛ nhwɛso no, adwumawuranom ani taa gye adwumayɛfo a Bible nnyinasosɛm a wɔde bɔ wɔn bra nti wodi nokware na wɔyɛ adwumaden no ho. (Mmebusɛm 10:4, 26; Hebrifo 13:18) Onyankopɔn Asɛm no san kyerɛkyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nneɛma a yehia ankasa ne yɛne Onyankopɔn adamfofa mmom sen honam fam nneɛma.​—Kenkan Mateo 6:24, 25, 33; 1 Timoteo 6:8-10.

Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ebetumi abɔ yɛn ho ban ma yɛanya apɔwmuden. (Mmebusɛm 14:30; 22:24, 25) Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn mmara a ɛkasa tia asabow a yedi so no bɔ yɛn ho ban fi owuyare ne akwanhyia ahorow ho. (Mmebusɛm 23:20) Yehowa nkasa ntia asanom, nanso ɔmpɛ sɛ yɛnom tra so. (Dwom 104:15; 1 Korintofo 6:10) Onyankopɔn nnyinasosɛm boa yɛn ma yɛhwɛ yɛn nneyɛe ne yɛn nsusuwii yiye. (Dwom 119:97-100) Nanso, ɛnyɛ mfaso a nokware Kristofo benya nkutoo nti na wɔde Onyankopɔn gyinapɛn bɔ wɔn bra. Wɔyɛ saa de hyɛ Yehowa anuonyam.​—Kenkan Mateo 5:14-16.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 12 ne 13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena