Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kr ti 16 kr. 170-181
  • Nhyiam Ahorow a Yɛde Som

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Ahorow a Yɛde Som
  • Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Yehyiam?
  • Nhyiam a Yɛyɛ no Dapɛn Biara no Hyɛ “Ɔdɔ ne Nnwuma Pa” Ho Nkuran
  • Nhyiam a Ɛho Hia Sen Biara Wɔ Afe no Mu
  • Nea Yɛn Nneyɛe Da no Adi
  • Nhyiam a ‘Ɛkanyan Yɛn Kɔ Ɔdɔ Ne Nnwuma Pa Mu’
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • So Woboa Ma Kristofo Nhyiam Hyɛ Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
kr ti 16 kr. 170-181

TI 16

Nhyiam Ahorow a Yɛde Som

NEA TI YI KA HO ASƐM

Sɛnea yɛn nhyiam ahorow no fii ase ne ɛso mfaso

1. Bere a asuafo no hyiaam no, mmoa bɛn na wonyae, na dɛn nti na na wohia saa mmoa no?

WƆ Yesu wusɔre akyi bere tiaa bi no, n’asuafo no hyiaam hyehyɛɛ wɔn ho den. Nanso, esiane sɛ na wosuro wɔn atamfo nti, wɔtotoo apon no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ehu a na aka asuafo no tu yerae bere a Yesu begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ, “Munnye honhom kronkron” no! (Monkenkan Yohane 20:​19-22.) Akyiri yi, asuafo no san hyiaam bio, na Yehowa hwiee ne honhom kronkron guu wɔn so. Hwɛ sɛnea eyi ma wonyaa ahoɔden a na wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma a ɛda wɔn anim no!​—Aso. 2:​1-7.

2. (a) Akwan bɛn na Yehowa fa so ma yɛn ahoɔden, na dɛn nti na yehia ahoɔden a ɛte saa? (b) Dɛn nti na Abusua Som ho hia kɛse? (Hwɛ ase hɔ asɛm no ne adaka a n’asɛmti ne “Abusua Som” no.)

2 Yɛn nso yɛrehyia nsɛnnennen a ɛte sɛ nea yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so hyiae no bi. (1 Pet. 5:⁠9) Ɛtɔ mmere bi a, nnipa ho suro tumi ka yɛn mu binom. Enti sɛ yebetumi akɔ so aka asɛm no a, gye sɛ Yehowa ma yɛn ahoɔden. (Efe. 6:​10) Yehowa nam asafo nhyiam ahorow a yɛkɔ no so na ɛma yenya ahoɔden a ɛte saa. Seesei yenya hokwan kɔ asafo nhyiam ahorow abien dapɛn biara​—Baguam Nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua, ne asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu a yɛfrɛ no Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka.a Afei nso, yɛsan kɔ nhyiam anan a yɛyɛ no afe afe​—ɔmantam nhyiam, amansin nhyiam abien, ne Kristo wu Nkaedi no. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ saa nhyiam ahorow no nyinaa bi? Ɛyɛɛ dɛn na nhyiam ahorow a ɛnnɛ yɛyɛ no fii ase? Na dɛn na sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ nhyiam ahorow ho no da no adi wɔ yɛn ho?

Dɛn Nti na Yehyiam?

3, 4. Dɛn na Yehowa hwehwɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ? Ma ɛho nhwɛso ahorow.

3 Efi bere tenten na Yehowa ahwehwɛ sɛ ne nkurɔfo behyiam asom no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa de Mose Mmara no maa Israelfo no; nea na ɛka saa Mmara no ho ne Homeda a na wodi no dapɛn dapɛn a na ɛbɛma abusua biara atumi asom na wɔde Mmara no akyerɛkyerɛ wɔn no. (Deut. 5:​12; 6:​4-9) Bere a Israelfo no dii saa ahyɛde no so no, mmusua no yɛɛ den, na ɔman mũ no nyinaa ho tewee wɔ honhom fam, na wɔyɛɛ den. Nanso, bere a ɔman no anni Mose Mmara no so na wobuu wɔn ani guu ahyɛde bi te sɛ nhyiam a wɔbɛyɛ no daa de asom Yehowa no so no, wɔhweree Onyankopɔn anim dom.​—Lev. 10:​11; 26:​31-35; 2 Be. 36:​20, 21.

4 Momma yensusuw nhwɛso a Yesu yɛe no nso ho nhwɛ. Ná ɔtaa kɔ hyiadan mu dapɛn biara wɔ Homeda. (Luka 4:​16) Bere a Yesu wui na ɔsɔree akyi no, n’asuafo no kɔɔ so hyiaam bere nyinaa ɛmfa ho sɛ na wonni Homeda mmara no ase no. (Aso. 1:​6, 12-14; 2:​1-4; Rom. 14:5; Kol. 2:​13, 14) Ɛnyɛ akwankyerɛ ne nkuranhyɛ nko na Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no nyae wɔ nhyiam ahorow a wɔyɛe no mu, na mmom wɔnam mpaebɔ, mmuaema, ne nnwonto so bɔɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre nso.​—Kol. 3:​16; Heb. 13:15.

Bere a Yesu sɔre fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ ɔdan bi a na wɔahyiam mu

Yesu asuafo no hyiaam hyɛɛ wɔn gyidi den, na wɔhyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran

5. Dɛn nti na yɛkɔ asafo nhyiam ahorow a wɔyɛ no dapɛn biara ne amansin ne amantam nhyiam a yɛyɛ no afe afe no? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Afe Afe Nhyiam a Ɛka Onyankopɔn Nkurɔfo Bom” no nso.)

5 Saa ara na yɛn nso sɛ yɛkɔ asafo nhyiam dapɛn biara, na yɛkɔ amansin ne amantam nhyiam a yɛyɛ no afe afe no a, honhom kronkron ma yenya ahoɔden, yɛn mmuae ne yɛn nkɔmmɔ hyɛ afoforo nkuran, na yɛda no adi sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi. Nea ehia titiriw no, yɛnam mpae a yɛbɔ, mmuae a yɛma, ne nnwom a yɛto so som Yehowa. Ebia ɛsono ɔkwan a na Israelfo ne Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so fa so yɛ wɔn nhyiam ne ɔkwan a yɛn nso yɛfa so yɛ yɛn de no de, nanso yenya nhyiam a yɛyɛ no nnɛ no so mfaso. Ɛyɛɛ dɛn na nhyiam ahorow a yɛyɛ no nnɛ no fii ase?

Nhyiam a Yɛyɛ no Dapɛn Biara no Hyɛ “Ɔdɔ ne Nnwuma Pa” Ho Nkuran

6, 7. (a) Dɛn nti na yɛyɛ asafo nhyiam ahorow? (b) Ɔkwan bɛn so na na ɛsono sɛnea kuw biara yɛ wɔn nhyiam?

6 Bere a Onua Charles Taze Russell fii ase yɛɛ Onyankopɔn Asɛm mu nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nokware no, ohui sɛ ehia sɛ ɔne afoforo a ɔne wɔn kura botae koro no bom hyia. Wɔ afe 1879 no, Russell kyerɛwee sɛ: “Me ne afoforo a wɔwɔ Pittsburgh ahyehyɛ bible adesua kuw a yɛde yɛ Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu, na yehyiam Kwasida biara.” Wɔhyɛɛ wɔn a na wɔkenkan Ɔwɛn-Aban no nkuran sɛ wonhyiam, na eduu afe 1881 no, na wohyiam wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, Kwasida ne Wukuda biara. Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 1895 no kae sɛ, nea enti a yɛyɛ saa nhyiam no ne sɛ yɛne yɛn nuanom “Kristofo benya fekubɔ, na yɛada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho,” na ama wɔn a wɔba no anya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.​—Monkenkan Hebrifo 10:​24, 25.

7 Mfe pii a atwam no, na ɛsono sɛnea Bible Adesua kuw biara yɛ wɔn nhyiam ho nhyehyɛe ne mpɛn dodow a wɔyɛ no. Sɛ nhwɛso no, kuw bi a ɛwɔ United States kyerɛwee wɔ krataa bi a wotintimii wɔ afe 1911 mu sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, dapɛn biara yɛyɛ asafo nhyiam ahorow anum.” Ná wɔyɛ saa nhyiam no Dwoda, Wukuda, ne Fida, nanso Kwasida de, na wɔyɛ no mprenu. Krataa foforo a kuw bi a ɛwɔ Afrika kyerɛwee ma wotintimii wɔ afe 1914 mu no kae sɛ: “Ɔsram biara yehyiam mprenu, yefi ase Fida, na yɛtoa so kosi Kwasida.” Nanso, bere kɔɔ so no, wɔde ɔkwan a yɛfa so yɛ nhyiam seesei no bae. Momma yensusuw nhyiam yi mu biara abakɔsɛm ho kakra.

8. Nsɛmti a mfiase no na wogyina so ma baguam ɔkasa no bi ne dɛn?

8 Baguam Nhyiam. Wɔ afe 1880, bere a na Onua Russell atintim Ɔwɛn-Aban no afe biako no, odii nhwɛso a Yesu yɛe no akyi tutuu akwan kɔkaa asɛmpa no. (Luka 4:​43) Nea Onua Russell yɛe no na ɛnnɛ yegyina so yɛ Baguam Nhyiam no. Bere a Ɔwɛn-Aban no reka saa akwantu no ho asɛm no, ɛkae sɛ, Russell “ani begye ho sɛ ɔbɛyɛ baguam nhyiam na waka ‘Nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ahenni no ho’ ” asɛm akyerɛ nkurɔfo. Afei, bere a wɔhyehyɛɛ adesua akuw, anaa asafo ahorow wɔ aman pii so wɔ afe 1911 no, wɔhyɛɛ adesua kuw biara nkuran sɛ wɔnsoma akasafo a wɔfata ma wɔnkɔ mmeae a atwa wɔn ho ahyia no nkɔma ɔkasa ahorow asia a ɛfa nsɛmti bi te sɛ atemmu ne agyede no ho. Sɛ wɔma ɔkasa biara wie a, na wɔde ɔkasa a wɔbɛma dapɛn a edi hɔ no asɛmti ne ɔkasafo no din to gua.

9. Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛyɛ Baguam Nhyiam no asesa wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu, na dɛn na yebetumi ayɛ de aboa saa nhyiam yi?

9 Wɔ afe 1945 no, Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔrebefi ase ayɛ Baguam Nhyiam wɔ wiase nyinaa, na wɔbɛma ɔkasa ahorow awotwe a egyina Bible so. Ná ɔkasa ahorow no fa “ɔhaw ahorow a ɛrekɔ so saa bere no a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm” no ho. Mfe pii mu no, na ɛnyɛ nsɛmti a akoa nokwafo no de ama no nkutoo na akasafo a wɔapaw wɔn no gyina so ma ɔkasa no, na mmom na wɔn ankasa nso tumi siesie bi. Nanso, wɔ afe 1981 mu no, wɔde akwankyerɛ maa akasafo nyinaa sɛ wɔnhwɛ ɔkasa kratasin a wɔde abrɛ asafo ahorow no so mma baguam ɔkasa.b Ansa na afe 1990 reba no, na kratasin a wɔhwɛ so ma baguam ɔkasa no bi hwehwɛ sɛ wɔma ɔkasa no sɛ ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ anaa ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ; nanso wɔ saa afe no mu no, wɔsesaa akwankyerɛ a ɛwɔ kratasin no so no, na afei de na wɔbɛma no sɛ ɔkasa nkutoo. Afei nso, wɔ January 2008 no, wɔsan yɛɛ nsakrae wɔ bere dodow a wɔde ma baguam ɔkasa no mu; wɔtew so fi simma 45 baa simma 30. Ɛwom sɛ wɔayɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔahyehyɛ baguam ɔkasa no mu de, nanso ɔkasa a wosiesie no yiye no ma yɛkɔ so nya Onyankopɔn Asɛm no mu gyidi, na wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛte Onyankopɔn Ahenni no ho nsɛm ase. (1 Tim. 4:​13, 16) So wode anigye to nsa frɛ wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ ne afoforo a wɔnyɛ Adansefo sɛ wommetie ɔkasa a mfaso wɔ so a egyina Bible so no bi?

10-12. (a) Nsakrae bɛn na wɔayɛ wɔ sɛnea na wɔyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no mu? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho?

10 Ɔwɛn-Aban Adesua. Wɔ afe 1922 no, anuanom a na wɔfrɛ wɔn asomfo akwantufo​—asɛmpakafo a Ɔwɛn-Aban Asafo no asoma wɔn sɛ wɔnkɔma ɔkasa wɔ asafo ahorow mu na wonni asɛnka adwuma no anim​—no de nyansahyɛ mae sɛ wɔnyɛ nhyiam bi bere nyinaa mfa nsua Ɔwɛn-Aban no nkutoo. Wogyee saa nyansahyɛ no toom, na mfiase no, na wotumi sua Ɔwɛn-Aban no wɔ dapɛn no mu anaa Kwasida.

Bible Asuafo reyɛ asafo nhyiam wɔ Ghana, 1931

Ɔwɛn-Aban Adesua, Ghana, 1931

11 Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 15, 1932 no de sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nhyiam no ho akwankyerɛ foforo mae. Ɛkae sɛ, onuabarima na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nhyiam no so sɛnea wɔyɛ wɔ Betel no. Ná wotumi ma anuanom baasa tena anim kenkan nkyekyɛm no nnidiso nnidiso. Saa bere no, na nsɛmmisa nka adesua asɛm no ho, enti wɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ adesua no so no sɛ ɔmma atiefo no mmisa nsɛm mfa ade a wɔresua no ho. Sɛ wobisa nsɛm no wie a, na nea ɔhwɛ adesua no so no ma atiefo no ma ho mmuae. Wɔmaa nea ɔhwɛ so no akwankyerɛ sɛ, sɛ ɛho hia sɛ ɔde nkyerɛkyerɛmu foforo ma a, obetumi de nea ɛyɛ “tiawa a emu da hɔ” ama.

12 Mfiase no, wɔmaa asafo biara kwan sɛ wobetumi apaw nsɛmma nhoma a anuanom dodow no ara ani gye ho na wɔasua. Nanso, Ɔwɛn-Aban a ɛbae April 15, 1933 no kae sɛ, asafo ahorow nyinaa nsua nea aba foforo no. Wɔ afe 1937 no, wɔde akwankyerɛ mae sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adesua no Kwasida. Wotintim nsakrae foforo a wɔyɛe wɔ saa nhyiam no mu no wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae October 1, 1942 no mu, na ɛno ara na yedi akyi nnɛ. Nea edi kan no, nsɛmma nhoma no kae sɛ wɔde nsɛmmisa bɛba adesua asɛm no kratafa biara ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde saa nsɛmmisa no bedi dwuma. Afei, ɛkae sɛ dɔnhwerew biako na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ nhyiam no. Ɛsan nso hyɛɛ wɔn a wɔma mmuae no nkuran sɛ mma wɔnkenkan wɔn mmuae no mfi nkyekyɛm no mu tẽẽ, na mmom “wɔmfa wɔn ankasa nsɛm” nkyerɛkyerɛ mu. Ɔwɛn-Aban Adesua no da so ara yɛ nhyiam titiriw a akoa nokwafo no nam so ma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mat. 24:​45) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So dapɛn biara midi kan sua Ɔwɛn-Aban a yebesusuw ho no? Sɛ metumi ama mmuae a, so mebɔ mmɔden yɛ saa?’

13, 14. Dɛn ne Asafo Bible Adesua no ho abakɔsɛm, na dɛn na w’ani gye ho wɔ saa nhyiam no ho?

13 Asafo Bible Adesua. Wɔ bɛyɛ afe 1895, bere a woyii Millennial Dawn no apo ahorow bi adi no, Onua H. N. Rahn a na ɔyɛ Bible Suani a ɔte Baltimore, Maryland, U.S.A., no de nyansahyɛ mae sɛ wɔnyɛ “Dawn Circles” (Kuw Adesua) mfa nsua Bible no. Mfiase no, wɔyɛɛ saa nhyiam yi wɔ ankorankoro fie de sɔ hwɛe. Nanso, eduu September 1895 no, na wɔreyɛ Kuw Adesua wɔ nkurow pii mu wɔ United States ma ɛrenya nkɔso. Enti, Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ saa ɔsram no mu no de nyansahyɛ mae sɛ wɔn a wɔresua nokware no nyinaa nyɛ saa nhyiam no bi. Ɛde akwankyerɛ mae sɛ ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no yɛ obi a onim akenkan yiye. Sɛ ɔkenkan kasamu biara wie a, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn ma atiefo no kyerɛkyerɛ mu. Sɛ ɔkenkan kasamu a ɛwɔ nkyekyɛm no mu na wosusuw ho wie a, na ɛsɛ sɛ obue Bible mu kenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no. Afei, sɛ wosua ti bi wie a, na ɔma atiefo no mu biara ka ade a wɔasua no ho asɛm tiawa.

14 Wɔasesa edin a ɛda saa nhyiam yi so mpɛn pii. Wɔbɛfrɛɛ no Berean Circles for Bible Study (Beroiafo Kuw Bible Adesua). Saa din no twe yɛn adwene kɔ Beroiafo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so a wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye no so. (Aso. 17:​11) Bere bi akyi no, wɔbɛfrɛɛ no Asafo Nhoma Adesua. Seesei, wɔfrɛ no Asafo Bible Adesua, na asafo no nyinaa hyiam na wosua wɔ Ahenni Asa so na ɛnyɛ ankorankoro afie bio. Mfe pii ni, wɔde nhoma ahorow, nhomawa, ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm mpo ayɛ saa adesua yi. Efi mfiase pɛɛ na wɔhyɛɛ wɔn a na wɔba nhyiam yi bi no nyinaa nkuran sɛ wɔmma mmuae. Saa nhyiam yi aboa yɛn paa ma yɛanya Bible mu nimdeɛ kɛse. So wotaa di kan sua ade a wobesusuw ho wɔ saa nhyiam yi ase no, na woma mmuae sɛnea wubetumi?

Awofo bi ne wɔn mmabea nkumaa baanu reyɛ abusua som

So moayi bere pɔtee bi asi hɔ dapɛn biara a mode yɛ abusua som?

ABUSUA SOM

ESIANE sɛ nna a edi akyiri no akɔ anim nti, Yehowa ahyehyɛde no de n’adwene asi sɛnea ɛho hia sɛ abusua biara yɛ nhyehyɛe de sua Bible no so kɛse. (2 Tim. 3:1) Sɛ nhwɛso no, Home and Happiness nhomawa a wotintimii wɔ afe 1932 no kaa no pefee sɛ: “Abusua biara mfi ase seesei ara nsua Bible no wɔ fie.” Na Ɔwɛn-Aban a ɛbae May 15, 1956 no hyɛɛ Kristofo mmusua nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ “Bible adesua daa wɔ fie mma abusua no nyinaa nnya so mfaso.” Afei ebisae sɛ: “So w’abusua no ayi anwummere bi asi hɔ a mobom sua Ɔwɛn-Aban no ansa na moakɔ asafo nhyiam?”

Wɔ afe 2009 no, esiane sɛ abusua adesua ho hia ahyehyɛde no nti, wɔyɛɛ nsakrae wɔ nhyiam a yɛyɛ no dapɛn no mu no; efi saa bere no reba no, yɛyɛ Asafo Bible Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne Ɔsom Nhyiam no nyinaa anwummere koro. Yɛn Ahenni Som a ɛbae January 2011 no kae sɛ: “Ade biako a enti wɔyɛɛ saa nsakrae no ne sɛ ɛbɛma mmusua anya hokwan ahyɛ wɔne Yehowa abusuabɔ mu den denam anwummere pɔtee bi a wobeyi asi hɔ dapɛn biara de ayɛ abusua som no so.” Afei ɛkae sɛ: “Wɔmfa saa bere no ntɔ wɔn bo ase nsusuw Bible no ho, na wɔmma adesua no mfa abusua no ahiade ho.”c

Dɛn nti na Abusua Som nhyehyɛe no ho hia paa ma enti ɛnsɛ sɛ obi ma ɛpa ne ti so da? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛnyɛ abusua no nkutoo gyidi na ɛma ɛyɛ den, na mmom asafo no nyinaa nso. Nhwɛso bi ni: Yebetumi de asafo no atoto ofie bi a wɔde birikisi asi ho. (Monkenkan Hebrifo 3:​4-6.)d Sɛ ofie a wɔde birikisi asi fɛfɛɛfɛ benya ahoɔden a, egyina nneɛma atitiriw abien so​—fapem a ɛyɛ den ne birikisi a emu biara yɛ papa so. Sɛ fapem no nyɛ den a, ofie no bedwiriw agu. Nanso, sɛ ofie bi fapem yɛ den na birikisi a wɔde asi ɔdan no nyɛ papa a, ofie no rennya ahoɔden. Kristofo asafo no si fapem a ɛyɛ den paa a ɛne Kristo nkyerɛkyerɛ no so. (Monkenkan 1 Korintofo 3:​10-15.)e Ankorankoro ne mmusua a wɔwɔ asafo no mu no te sɛ birikisi no. Bere a yɛde yɛ Abusua Som no yɛ hokwan soronko ma ankorankoro biara ne abusua muni biara sɛ ɔde bɛhyɛ ne gyidi den na wakɔ so anya gyidi a ogya ntumi nhyew. Ankorankoro ne mmusua a wɔn gyidi yɛ den no ma yenya asafo ahorow a ɛyɛ den. So moayi bere pɔtee bi asi hɔ dapɛn biara a mode yɛ abusua som?

c Nneɛma a mubetumi de adi dwuma wɔ mo abusua som mu ho nyansahyɛ bi wɔ Yɛn Ahenni Som a ɛbae January 2011 no mu.

d Paulo asɛm no fa wɔn a wɔka “ɔsoro frɛ” no ho titiriw. (Heb. 3:1) Nanso, nnyinasosɛm a ɛwom no fa Kristofo nyinaa ho.

e Sɛ wopɛ Bible mu asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae July 15, 1999, kratafa 12-14, nkyekyɛm 15-20. Dɛn nti na wonkenkan saa asɛm yi na wonnwinnwen ho nhwɛ sɛnea wode bedi dwuma wɔ w’Abusua Som mu?

15. Dɛn nti na wɔhyehyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no?

15 Teokrase Ɔsom Sukuu. Carey Barber a saa bere no na ɔresom wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York no, kae sɛ: “Ná ɛyɛ Dwoda anadwo, February 16, 1942. Wɔka kyerɛɛ mmarima a wɔwɔ Brooklyn Betel abusua no mu nyinaa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nhyiam a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.” Onua Barber a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no kaa sukuu no ho asɛm sɛ “ɛyɛ nneɛma akɛse a Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu biako.” Saa sukuu yi tumi boaa anuanom mmarima ma wɔn nkyerɛkyerɛ ne ɔkwan a wɔfa so ka asɛm no tuu mpɔn araa ma enti efi afe 1943 no, wɔde nkakrankakra maa asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa nsa kaa Course in Theocratic Ministry nhomawa no bi. Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 1, 1943 no kae sɛ, wɔyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no sɛ ɛmmoa Onyankopɔn nkurɔfo ma “wɔntete wɔn ho mmɛyɛ adansefo a wɔfata sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm no.”​—2 Tim. 2:15.

16, 17. So na Teokrase Ɔsom Sukuu no kyerɛ sɛnea wɔma ɔkasa nkutoo? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Mfiase no, na anuanom suro paa sɛ wobegyina nnipadɔm anim akasa. Clayton Woodworth, Jr. a wobuu ne papa ne Onua Rutherford ne afoforo a wɔka wɔn ho ntɛnkyea de wɔn guu afiase wɔ afe 1918 mu no kaa sɛnea ɔtee nka bere a ɔde ne ho hyɛɛ sukuu no mu nea edi kan wɔ afe 1943 mu no ho asɛm. Onua Woodworth kae sɛ: “Ná ɛyɛ den ma me paa sɛ mɛma ɔkasa. Ɛte sɛ nea na me tɛkrɛma aworɔw, na me menewam awo koraa, na na mitumi bobom, na ɛtɔ mmere bi nso a, na me nne fam.” Nanso, bere a Clayton nyaa nkɔso no, onyaa hokwan maa baguam ɔkasa pii. Sukuu no ankyerɛ no sɛnea wɔma ɔkasa nkutoo, na mmom, ɛkyerɛkyerɛɛ no nneɛma pii. Ɛma ohuu mfaso a ɛwɔ ahobrɛase so ne sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Ɔkae sɛ: “Mibehui sɛ ɛnyɛ ɔkasafo no ankasa na ne ho hia kɛse. Nea ɛho hia paa ne sɛ obesua ɔkasa no yiye na ɔde ne werɛ nyinaa ahyɛ Yehowa mu. Sɛ ɔyɛ saa a, atiefo no de anigye betie no na wɔasua biribi afi mu.”

17 Wɔ afe 1959 no, wɔmaa anuanom mmea de wɔn ho hyɛɛ sukuu no mu bi. Onuawa Edna Bauer werɛ mfii bere a ɔtee sɛ wɔde ho amanneɛbɔ rema wɔ nhyiam a ɔkɔe no ase no. Ɔkae sɛ: “Mekae sɛnea asɛm yi maa anuanom mmea ani gyei no. Afei de, na hokwan kɛse abue ama wɔn.” Mfe bi a atwam no, anuanom mmarima ne mmea de wɔn ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu ma Yehowa kyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɛnnɛ, yɛkɔ so nya ntetee a ɛte saa wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ wɔ nnawɔtwe no mu no.​—Monkenkan Yesaia 54:13.

18, 19. (a) Seesei yɛyɛ dɛn nya akwankyerɛ de yɛ asɛnka adwuma no? (b) Dɛn nti na yɛto nnwom wɔ yɛn nhyiam ahorow ase? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Nokware no Ho Nnwom” no.)

18 Ɔsom Nhyiam. Afe 1919 mu tɔnn na wofii ase yɛɛ asɛnka nhyiam. Saa bere no, na ɛnyɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu na ɔkɔ saa nhyiam no bi​—wɔn a na wɔkyekyɛ nhoma ma nkurɔfo nkutoo na na wɔkɔ bi. Efi afe 1923 no, ɔsram biara na wɔyɛ Ɔsom Nhyiam pɛnkoro, na na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ adesua kuw anaa asafo no mu nyinaa kɔ bi. Eduu afe 1928 no, wɔka kyerɛɛ asafo ahorow no sɛ wɔnyɛ Ɔsom Nhyiam dapɛn biara, na wɔ afe 1935 mu no, Ɔwɛn-Aban no hyɛɛ asafo ahorow nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ nsɛm a wɔatintim wɔ Director (akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Informant, na wɔsan bɛfrɛɛ no Yɛn Ahenni Som) no mu so nyɛ Ɔsom Nhyiam no. Ankyɛ koraa na asafo biara de saa nhyiam yi kaa wɔn nhyehyɛe ho.

19 Ɛnnɛ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu na yenya akwankyerɛ pa de yɛ asɛnka adwuma no. (Mat. 10:​5-13) Sɛ wofata sɛ wɔma wo Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka adesua nhoma no bi na sɛ wo nsa ka a, so wusua nyansahyɛ a ɛwom no na wode di dwuma bere a wowɔ asɛnka mu?

Nhyiam a Ɛho Hia Sen Biara Wɔ Afe no Mu

Tete Kristofo asafo bi reyɛ afe afe Kristo wu Nkaedi ho afahyɛ no

Efi asomafo no bere so no, afe biara Kristofo hyiam hyɛ Kristo wu Nkaedi no ho fã (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20-22. (a) Dɛn nti na yɛhyɛ Yesu wu no ho fã? (b) Mfaso bɛn na wunya wɔ Nkaedi a wokɔ no afe biara no so?

20 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkae ne wu no nkosi sɛ ɔbɛba. Sɛnea na wodi Twam afahyɛ no afe afe no, saa ara na wodi Kristo wu Nkae no nso afe afe. (1 Kor. 11:​23-26) Afe biara, nnipa ɔpepem pii na wɔba saa nhyiam yi bi. Ɛma wɔn a wɔasra wɔn no kae hokwan a wɔanya sɛ wobedi ade wɔ Ahenni no mu no. (Rom. 8:​17) Na ɛma nguan foforo no nso nya obu kɛse ma Onyankopɔn Ahenni no so Hene no, na wɔkɔ so di n’akyi.​—Yoh. 10:16.

21 Onua Russell ne ne mfɛfo no hui sɛ ɛho hia sɛ wɔhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã no, na na wonim sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa pɛnkoro pɛ afe biara. Ɔwɛn-Aban a ɛbae April 1880 no kae sɛ: “Mfe kakra ni na yɛn mu pii a yɛwɔ Pittsburgh ha no akɔ so . . . akae Twam [Nkaedi] no, na yedi paanoo no nom bobesa a egyina hɔ ma yɛn Awurade honam ne ne mogya no.” Ankyɛ koraa na wɔde amantam nhyiam hyɛɛ Nkaedi bere. Bere a edi kan a wɔyɛɛ nhyiam a ɛte saa ho kyerɛwtohɔ yɛ afe 1889; nnipa 225 na wɔkɔe, na wɔbɔɔ wɔn mu 22 asu.

22 Seesei yɛyɛ ɔmantam nhyiam no nko, ɛnna yɛyɛ Nkaedi no nso nko, na baabiara a yɛte no, yɛto nsa frɛ nkurɔfo ma wɔbɛka yɛn ho wɔ Ahenni Asa so anaa baabi foforo a yɛakogye atua ho ka. Wɔ afe 2013 no, nnipa bɛboro ɔpepem 19 na wɔbaa Yesu wu Nkaedi no ase. Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛkɔ Nkaedi no ase na afei yɛahyɛ afoforo nkuran ma wɔabɛka yɛn ho anadwo a ɛho hia sen biara no! So afe biara wode anigye to nsa frɛ nnipa dodow biara a wubetumi ma wɔba Nkaedi no ase?

Nea Yɛn Nneyɛe Da no Adi

23. Wubu nhyiam ahorow a yɛkɔ no dɛn?

23 Yehowa asomfo anokwafo mmu ahyɛde a ɛne sɛ yenhyiam no sɛ ɛyɛ adesoa. (Heb. 10:​24, 25; 1 Yoh. 5:3) Sɛ yɛfa Ɔhene Dawid sɛ nhwɛso a, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛkɔ Yehowa fie akɔsom. (Dw. 27:4) Ná n’ani gye ho paa sɛ ɔne afoforo a wɔdɔ Onyankopɔn bɛbom asom. (Dw. 35:​18) Na susuw nhwɛso a Yesu yɛe no ho hwɛ. Bere a na ɔyɛ abofra mpo no, na n’ani gye ho paa sɛ ɔbɛkɔ n’Agya asɔrefie hɔ.​—Luka 2:​41-49.

Ahokeka ne anigye a yɛde kɔ nhyiam no da no adi sɛ yebu Onyankopɔn Ahenni no sɛ ɛwɔ hɔ ampa

24. Sɛ yɛkɔ nhyiam a, hokwan ahorow bɛn na yenya?

24 Sɛ yɛkɔ nhyiam a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛpɛ sɛ yɛhyɛ yɛn mfɛfo gyidifo den. Afei nso, ɛma yɛda ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebesua sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra sɛ Onyankopɔn Ahenni no mufo no ho ade, efisɛ yenya ntetee a ɛte saa titiriw wɔ asafo nhyiam, amansin nhyiam, ne ɔmantam nhyiam ase. Bio nso, yɛn nhyiam no ma yɛn ho kokwaw na yenya ahoɔden a yɛde bɛkɔ so ayɛ adwuma a ɛho hia sen biara a Onyankopɔn Ahenni no reyɛ no nnɛ no​—nkurɔfo a yɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Ɔhene Yesu Kristo asuafo na yɛatete wɔn. (Monkenkan Mateo 28:​19, 20.) Akyinnye biara nni ho sɛ, ahokeka ne anigye a yɛde kɔ nhyiam no da no adi sɛ yebu Onyankopɔn Ahenni no sɛ ɛwɔ hɔ ampa. Enti, momma yɛn nhyiam ahorow no ho nhia yɛn bere nyinaa!

a Asafo nhyiam ahorow a yɛkɔ dapɛn biara no da nkyɛn a, wɔhyɛ abusua anaa ankorankoro biara nkuran sɛ wonyi bere bi nsi hɔ mfa nyɛ abusua som anaa kokoam adesua.

b Eduu afe 2013 no, na wɔayɛ nkratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa bɛboro 180.

So Wugye Di sɛ Ahenni no Wɔ Hɔ Ampa?

  • Dɛn nti na yehyiam?

  • Nhyiam ahorow a yɛyɛ no mu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa, na dɛn ntia?

  • Dɛn na sɛnea woyɛ w’ade wɔ nhyiam ahorow ho no da no adi? Kyerɛkyerɛ mu.

Nhyiamfo pii a wokurakura Kristofo Hela Kyerɛwsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase

AFE AFE NHYIAM A ƐKA ONYANKOPƆN NKURƆFO BOM

YEHOWA ka kyerɛɛ Israelfo mmarima nyinaa sɛ afe biara wonhyiam mprɛnsa wɔ Yerusalem. (Ex. 23:​14-17; Lev. 23:​34-36) Ná Yesu papa a ɔtetee no, Yosef, de n’abusua no nyinaa kɔ saa nhyiam no bi wɔ Yerusalem. Ɛbɛyɛ sɛ Israelfo mmarima binom nso yɛɛ saa ara. Ɛnnɛ nso, Onyankopɔn nkurɔfo hyiam mprɛnsa afe biara yɛ amansin ne amantam nhyiam. Nneɛma atitiriw bi akɔ so wɔ amantam nhyiam bi a Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so ayɛ no ase wɔ nna a edi akyiri yi mu. Momma yensusuw saa amantam nhyiam no bi ho na yɛnhwɛ nea enti a yɛn werɛ remfi da no ho nhwɛ.

  • Afe 1919: Cedar Point, Ohio, U.S.A.

    Ná eyi ne nhyiam kɛse a edi kan a wɔyɛe wɔ Wiase Ko I no akyi.

    Wɔsan hyɛɛ asɛnka adwuma no mu den.

    Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔayɛ The Golden Age (seesei wɔfrɛ no Nyan!) nsɛmma nhoma no.

  • Afe 1922: Cedar Point, Ohio

    Wɔhyɛɛ asɛnka adwuma no ho nkuran wɔ ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Ahenni No” mu. Saa ɔkasa no mu na wɔkae sɛ “Mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’Ahenni no ho dawuru”!

  • Afe 1931: Columbus, Ohio

    Yegyee edin Yehowa Adansefo no toom.

  • Afe 1935: Washington, D.C.

    Ɛno ne bere a edi kan a yɛtee ase sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no bɛtena asase so daa.

  • Afe 1942: Wɔyɛɛ Wiase Foforo Teokrase Nhyiam no wɔ nkurow 85 mu wɔ wiase nyinaa

    Ɔkasa a n’asɛmti ne “Asomdwoe​—So Ɛbɛkyɛ?” no boaa yɛn ma yɛtee nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm ti 17 no ase yiye, na ɛkyerɛe sɛ Wiase Ko II no akyi no, yebenya hokwan aboaboa nnipa pii ano ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no manfo.

  • Afe 1950: Teokrase Nkɔso Nhyiam

    Woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm​—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi.

  • Afe 1958: Onyankopɔn Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam

    Ná eyi ne amanaman ntam nhyiam a ɛyɛ kɛse sen biara a wɔayɛ wɔ kurow biako mu; nnipa bɛboro 250,000 a wofi nsase 123 so na wohyiaam wɔ New York.

  • Afe 1961: Onyankopɔn Asomfo a Wɔayɛ Biako Nhyiam

    Woyii Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase mũ no nyinaa adi.

  • Afe 1992: “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam

    Eyi ne amanaman ntam nhyiam a Yehowa Adansefo dii kan yɛe wɔ kan Soviet Union, wɔ St. Petersburg, Russia.

  • Afe 1993: “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam, Kyiv, Ukraine

    Eyi ne bere a edi kan a wɔbɔɔ Kristofo dodow a ɛsen biara asu wɔ ɔmantam nhyiam biako ase​—asɛmpakafo foforo 7,402 na wɔbɔɔ asu.

  • Afe 2011: “Onyankopɔn Ahenni Mmra!” Ɔmantam Nhyiam

    Yenyaa ohoni a wɔaka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu wɔ Daniel ti 2 no ho ntease foforo. Seesei yɛte ase sɛ ohoni no nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte a adi afra no gyina hɔ ma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Ɛno ne nniso a bere a Onyankopɔn Ahenni bebubu ohoni no koraa no, na ɛredi tumi.

  • Afe 2014: “Kɔ so Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no Kan!” Ɔmantam Nhyiam

    Kristo Ahenni a ɛwɔ soro no adi mfirihyia 100.

Yesu ne n’asuafo reto ayeyi dwom ama Onyankopɔn

“NOKWARE NO HO NNWOM”

YEHOWA nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbɛto ne ho nnwom na wɔde ayi no ayɛ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egyptfo nsam wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, Israelfo no too dwom a egu awɔse de kyerɛe sɛ wɔn ani agye na wɔn ani sɔ nea wayɛ ama wɔn no. (Ex. 15:​1-21) Akyiri yi, nnwonto bɛyɛɛ ade titiriw wɔ ɔsom a wɔde ma Yehowa wɔ asɔrefie hɔ no mu. (1 Be. 23:​4, 5; 25:7) Wɔ Yesu bere so no, ɔne n’asuafo no de ayeyi nnwom daa no adi sɛ wɔdɔ Yehowa.​—Mat. 26:​30; Efe. 5:19.

Saa ara na efi bere a Onua Russell ne ne mfɛfo no fii ase sɛ wɔresan ahwehwɛ nokware no, yɛde nnwom ahorow pii adi dwuma wɔ Yehowa som mu. Bere a Ɔwɛn-Aban a ɛbae February 15, 1896 rekyerɛkyerɛ dwuma titiriw a nnwonto di mu no, ɛkae sɛ: “Ɔkwan biako a Onyankopɔn nkurɔfo fa so de nokware no dua wɔn adwene ne wɔn komam ne sɛ wɔbɛto ho nnwom.”

Songs of the Bride nhoma no akyi mfonini, 1879

1879

Poems and Hymns of Millennial Dawn nhoma no akyi mfonini, 1890

1890

The Shining Light, from Zion’s Glad Songs of the Morning dwom no mu nsɛm, 1896

1896

Zion’s Glad Songs nhoma no akyi mfonini, 1900

1900

Hymns of the Millennial Dawn nhoma no akyi mfonini, 1905

1905

Kingdom Hymns nhoma no akyi mfonini, 1925

1925

Songs of Praise to Jehovah nhoma no akyi mfonini, 1928

1928

Kingdom Service Song Book nhoma no akyi mfonini, 1944

1944

Songs to Jehovah’s Praise nhoma no akyi mfonini, 1950

1950

 “Singing and Accompanying Yourselves With Music In Your Hearts” nhoma no akyi mfonini, 1966

1966

Sing Praises to Jehovah nhoma no akyi mfonini, 1984

1984

To Dwom Ma Yehowa nhoma no akyi mfonini

ƐNNƐ DE

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena