Benkum: Nneɛma a wɔde fi Switzerland abɛkyɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Germany, 1946; nifa: Ahenni Asa a wɔresan asi bere a ɛpo twiw faa asase so wɔ Japan, 2011
ƆFÃ 6
Mmoa a Yɛde ma Ahenni no—Adan a Yesisi Som Wom ne Mmoa a Yɛde Ma Afoforo
ƐDA bi a wokɔɔ mo Ahenni Asa so no, na ɛte sɛ nea woayera. W’ani gye saa ɔdan no ho paa. Wokae paa sɛ woka ho bi na wosii ɔdan no mfe bi a atwam. Nanso, anigye a woanya wɔ Ahenni Asa no ho seesei no aboro so koraa, efisɛ saa bere yi de wɔde hɔ ayɛ baabi a nkurɔfo a atoyerɛnkyɛm ato wɔn kogye mmoa. Ahum bi a etui nnansa yi maa nsu yiri sɛee nneɛma pii wɔ mo mpɔtam hɔ, na Baa Boayikuw no yɛɛ nhyehyɛe ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no benya nnuan, ntade, nsu pa, ne nneɛma foforo. Wɔahyehyɛ nneɛma a afoforo de abɛkyɛ no fɛfɛɛfɛ. Anuanom reba hɔ, wɔn nsa ka nea wohia, na wɔn mu pii nusu adan wɔn serew ma wɔrepopa wɔn anim.
Yesu kae sɛ ade titiriw a wɔde behu ne nkurɔfo ne sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho. ( Yoh. 13:34, 35) Wɔ saa ɔfã yi mu no, yebesusuw sɛnea Yehowa Adansefo da Kristofo dɔ adi bere a wɔresi adan ne bere a wɔde mmoa rema wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ho. Ɔdɔ a ɛte saa a wɔda no adi no nyinaa yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ yɛte Yesu Ahenni nniso ase.