Dwom 149
Agyede no Som Bo Ma Yɛn
Nea Yɛaprente
Yehowa Nyankopɔn,
wo na yɛbɛsom wo,
Efisɛ wo dɔ yɛ anwonwa
dɔ, ɛsom bo.
Wode wo Dɔba no maa yɛn
na yɛanya nkwa.
Yesu afɔre no, ɛkyɛn
afɔre biara.
(NNYESOƆ)
Kristo dɔ nti yebenya nkwa.
Ne mogya no, ɛsom bo paa.
Yɛde yɛn koma nyinaa
bɛsom wo akosi daa.
Nyankopɔn Ba no de
ne nkwa too hɔ maa yɛn.
Ɔbaa wiase bewu
maa nnipa na wagye yɛn.
Wama yɛanya anidaso,
ɛbɛba mu.
Ɛnkyɛ yebenya nkwa akɔ
wiase fof’ro mu.
(NNYESOƆ)
Kristo dɔ nti yebenya nkwa.
Ne mogya no, ɛsom bo paa.
Yɛde yɛn koma nyinaa
bɛsom wo akosi daa.
(Hwɛ Heb. 9:13, 14; 1 Pet. 1:18, 19 nso.)