Dwom 153
Anigyesɛm Bɛn Ni!
Anigyesɛm bɛn ni
sɛ woka asɛmpa no
Na wufi wo koma mu
yɛ nea wubetumi!
Wofata nkamfo.
Onyankopɔn bɛboa wo.
Onim wɔn a wɔasi wɔn bo
hwehwɛ daa nkwa no.
(NNYESOƆ)
Ɛma yedi ahurusi.
Yefi koma mu sɔ n’ani.
Momma yɛnto dwom mma ne din;
ɔfata ayeyi.
Anigyesɛm bɛn ni
sɛ wowɔ hokwan kɛse
A wode bɛboa nnipa
a wɔpɛ nkwagye!
Ebinom betie yɛn,
na ebi nso rentie yɛn.
Momma yɛnyɛ yɛn fam deɛ,
Nyankopɔn bɛboa yɛn.
(NNYESOƆ)
Ɛma yedi ahurusi.
Yefi koma mu sɔ n’ani.
Momma yɛnto dwom mma ne din;
ɔfata ayeyi.
Anigyesɛm bɛn ni
sɛ Nyankopɔn taa w’akyi,
Ma enti wapaw wo sɛ
kɔka n’asɛm no bi!
Ɛyɛ hokwan kɛse.
Ɛhwehwɛ ahobrɛase.
Yɛbɛyɛ n’adwuma yie;
ɛrenkyɛ yebewie.
(NNYESOƆ)
Ɛma yedi ahurusi.
Yefi koma mu sɔ n’ani.
Momma yɛnto dwom mma ne din;
ɔfata ayeyi.
(Hwɛ Aso. 13:48; 1 Tes. 2:4; 1 Tim. 1:11 nso.)