Dwom 154
Yebegyina Mu Pintinn
Boasetɔ ho hia;
Sɔhwɛ ne ɔhaw ma yesũ.
Yebesua Kristo;
Odii nokware sɔhwɛ mu.
Yehowa ho dɔ nti,
Okuraa gyidi mu.
(NNYESOƆ)
Yebegyina mu pintinn
Wɔ anidasoɔ mu.
Yehowa rehyɛ yɛn den.
Ɔse: ‘Meka wo ho nti gyina mu.’
Wiase abutuw,
Abɛbrɛsɛ ahyɛ mu ma.
Aw’rade Yesu
Rebɛpepa nisuo nyinaa.
Bɔ mmɔden gyina mu.
B’ribiara to betwa.
(NNYESOƆ)
Yebegyina mu pintinn
Wɔ anidasoɔ mu.
Yehowa rehyɛ yɛn den.
Ɔse: ‘Meka wo ho nti gyina mu.’
Ɔbonsam rep’re,
Ɔpɛ sɛ sɔhwɛ yi yɛn hwe.
Yɛrenhwe ase,
Anidasoɔ a yɛwɔ nti.
Yebenya anigye,
Nkwa, ahomegye.
(NNYESOƆ)
Yebegyina mu pintinn
Wɔ anidasoɔ mu.
Yehowa rehyɛ yɛn den.
Ɔse: ‘Meka wo ho nti gyina mu.’
(Hwɛ Aso. 20:19, 20; Yak. 1:12; 1 Pet. 4:12-14 nso.)