Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 114 kr. 264-kr. 265 nky. 4
  • Kristo Bɛbu Nnwan ne Mmirekyie Atɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristo Bɛbu Nnwan ne Mmirekyie Atɛn
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yɛ Ade Ntɛm Ara Wɔ “Sɛnkyerɛnne” No Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nnipa Mu a Wɔpaapae Wɔ Ahenni Ɔsɛmpɔw no Ho
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Nnipakuw Kɛse a Wɔyɛ Nokware Asomfo—Ɛhe na Wofi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 114 kr. 264-kr. 265 nky. 4
Nnipa a wɔfiri aman nyinaa mu rehwɛ soro; wɔretwɛn ama Yesu abu atɛn

TI 114

Kristo Bɛbu Nnwan Ne Mmirekyie Atɛn

MATEO 25:31-46

  • YESU DE NNWAN NE MMIREKYIE YƐƐ MFATOHO

Bere a asomafo no kɔbisaa Yesu ne mmae ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne wɔ Ngo Bepɔ no so no, ɔmaa mfatoho faa mmaabun ne dwetikeseɛ ho. Dɛn na ɔde wiee ɔne asomafo no nkɔmmɔ no? Ɔmaa mfatoho foforo, na na ɛfa nnwan ne mmirekyie ho.

Yesu fii mfatoho no ase sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’animuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.” (Mateo 25:31) Sɛnea ɔkaa asɛm no kyerɛ sɛ, ɔno paa na mfatoho no gyina ne so. Ná ɔtaa ka sɛ ɔno ne “onipa Ba no.”​—Mateo 8:20; 9:6; 20:18, 28.

Yesu te n’anuonyam ahennwa so na wabu atreneefo atɛn sɛ wɔyɛ nnwan

Bere bɛn na mfatoho yi bɛba mu? Ɛyɛ bere a Yesu aba “n’animuonyam mu.” Saa bere no, ɔbɛtena “n’animuonyam ahennwa so” a abɔfo ka ne ho. Ná wadi kan aka sɛ “onipa Ba no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba,” na n’abɔfo ka ne ho. Bere bɛn na ɛno bɛsi? “Ahohiahia no akyi pɛɛ.” (Mateo 24:29-31; Marko 13:26, 27; Luka 21:27) Enti sɛ Yesu ba n’anuonyam mu daakye a na mfatoho yi bɛba mu. Dɛn na ɔbɛyɛ saa bere no?

Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Sɛ onipa Ba no ba a, ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaepae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwan ne mmirekyie mu no. Na ɔde nnwan no bɛgyina ne nsa nifa so, na ɔde mmirekyie no agyina ne benkum so.’​—Mateo 25:31-33.

Nnwan a Yesu de wɔn bɛgyina ne nifa so no kyerɛ sɛ wɔbɛnya Yesu anim dom. Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Afei ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa soɔ no sɛ, ‘Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase nhyɛaseɛ no nni.’” (Mateo 25:34) Dɛn na ɛmaa nnwan no nyaa Ɔhene no anim dom?

Ɔhene no kyerɛɛ mu sɛ: “Ɛkɔm dee me na momaa me biribi diiɛ; sukɔm dee me na momaa me biribi nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ na mogyee me fɛ so; medaa adagya na momaa me biribi kataa me ho. Meyareeɛ na mohwɛɛ me. Medaa afiase na mobaa me nkyɛn.” Nnwan no, kyerɛ sɛ, “wɔn a wɔtene” no, bisaa Ɔhene no bere a wɔyɛɛ weinom nyinaa maa no. Ɔhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ dodoɔ a moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu baako no, moayɛ ama me.” (Mateo 25:35, 36, 40, 46) Ɛnyɛ ɔsoro na wɔyɛɛ saa nneɛma no, efisɛ ɔsoro deɛ ɛkɔm ne yareɛ nni hɔ. Enti wohwɛ mu a wɔyɛ maa Kristo nuanom wɔ asase yi so.

Wɔabu wɔn a wɔntene atɛn sɛ wɔyɛ mmirekyie

Mmirekyie a wɔde wɔn gyinaa ne benkum so no nso ɛ? Yesu kaa sɛ: “Afei [Ɔhene no] bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum soɔ no nso sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa egya a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu. Berɛ a ɛkɔm dee me no, moamma me hwee anni, na sukɔm dee me no moamma me hwee annom. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, nanso moannye me fɛ so; medaa adagya nanso moamma me biribi ankata me ho; meyareeɛ na medaa afiase, nanso moammɛhwɛ me.’” (Mateo 25:41-43) Atemmu yi fata wɔn paa efisɛ wɔne Kristo nuanom a wɔwɔ asase so anni no yie.

Yesu maa asomafo no huu sɛ saa atemmu no bɛyɛ daa ɔsɛe. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnna [Ɔhene no] bɛbua wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mese mo sɛ, berɛ dodoɔ a moanyɛ amma nkumaa yi mu baako no, moanyɛ amma me.’ Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ mu, na wɔn a wɔtene no bɛkɔ daa nkwa mu.”​—Mateo 25:45, 46.

Mmuaeɛ a Yesu de maa asomafo no, adesuade pii wom ma n’akyidifo nyinaa. Wɔbɛtumi de atoto wɔn abrabɔ ho ahwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa.

  • Nnwan ne mmirekyie ho mfatoho no, “Ɔhene no” gyina hɔ ma hwan? Bere bɛn na asɛm no bɛba mu?

  • Dɛn na ɛmaa nnwan no nyaa Yesu anim dom?

  • Adɛn nti na wɔbɛbu ebinom atɛn sɛ mmirekyie? Nnwan ne mmirekyie no, ɛbɛwie wɔn sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena