Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • od ti 4 kr. 24-29
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Asafo No Na Wɔkyerɛ No Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Asafo No Na Wɔkyerɛ No Kwan
  • Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆAHYEHYƐ NO TEOKRASE KWAN SO
  • ASOMAFO NO ATWA SA PA ATO HƆ AMA ASAFO AHOROW A ƐWƆ HƆ NNƐ
  • NNWUMAKUW A WƆAHYEHYƐ WƆ MMARA KWAN SO
  • SƐNEA WƆAHYEHYƐ NNEƐMA WƆ BAA DWUMADIBEA
  • Momma Asafo No Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Momma Asafo No Nyi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Kyerɛ Afoforofo Kwan Bra Onyankopɔn Ahyehyɛde No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
od ti 4 kr. 24-29

TI 4

Sɛnea Wɔahyehyɛ Asafo No Na Wɔkyerɛ No Kwan

BERE a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Korintofo no, ɔdaa Onyankopɔn ho nokwasɛm bi adi. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” Afei bere a ɔreka asafo nhyiam ho asɛm no, ɔtoaa so sɛ: “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.”—1 Kor. 14:33, 40.

2 Ná mpaapaemu wɔ Korintofo asafo no mu. Enti wɔ krataa koro no ara mfiase pɛɛ no, ɔsomafo Paulo de ɛho afotu maa wɔn. Otuu anuanom a wɔwɔ hɔ no fo sɛ ‘wɔnyɛ nokoro’ na ‘wɔnka mmom denneennen, adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ (1 Kor. 1:10, 11) Bio nso, na nneɛma bi rekɔ so wɔ asafo no mu a ɛresɛe baakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no, enti ɔde ho afotu mae. Ɔde nipadua yɛɛ nhwɛso de kyerɛɛ sɛnea baakoyɛ ho hia. Ɔhyɛɛ wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nyinaa nkuran sɛ, ɛmfa ho ɔsom hokwan a wɔwɔ no, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho wɔ ɔdɔ mu. (1 Kor. 12:12-26) Sɛnea na ɛsɛ sɛ Kristofo no de baakoyɛ bom yɛ ade no kyerɛ sɛ na asafo no bɛyɛ adwuma sɛ ahyehyɛde baako.

3 Nanso ɔkwan bɛn na na wɔbɛfa so ahyehyɛ Kristofo asafo no? Hena na ɔbɛhyehyɛ? Nhyehyɛe bɛn na wɔde bɛyɛ adwuma, na henanom na wɔbɛpaw wɔn de nnwuma ahyehyɛ wɔn nsa? Yɛhwɛ Bible mu a, yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom.—1 Kor. 4:6.

WƆAHYEHYƐ NO TEOKRASE KWAN SO

4 Wɔtew Kristofo asafo no afe 33 Y.B. wɔ Yudafo Pentekoste afahyɛ da no. Dɛn na yebetumi asua afa asafo a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho? Yemmisa sɛ, sɛn na wɔhyehyɛɛ asafo no na wɔkyerɛɛ no kwan? Wɔyɛɛ no teokrase kwan so. Wei kyerɛ sɛ, wɔnam Onyankopɔn (Hela, the·osʹ) nniso (kraʹtos) so na ɛkyerɛɛ no kwan. Saa nsɛmfua mmienu yi pue wɔ 1 Petro 5:10, 11. Bible ka biribi a esii wɔ Yerusalem bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni ho asɛm. Ɛma yehu pefee sɛ, Onyankopɔn na ɔtew Kristofo asafo a na wɔasra emufo no. (Aso. 2:1-47) Ná asafo no yɛ Onyankopɔn dan, Onyankopɔn fiefo. (1 Kor. 3:9; Efe. 2:19) Ɔkwan a wɔfaa so hyehyɛɛ Kristofo asafo no, ne sɛnea na ɛyɛ adwuma tete no, saa kwan no ara na Kristofo asafo no fa so nnɛ.

Ɔkwan a wɔfaa so hyehyɛɛ Kristofo asafo no, ne sɛnea na ɛyɛ adwuma tete no, saa kwan no ara na Kristofo asafo no fa so nnɛ

5 Bere a wɔtew asafo a edi kan no, na asuafo bɛyɛ 120 na wɔwom. Wɔn na wodii kan hwiee honhom kronkron guu wɔn so maa asɛm a ɛwɔ Yoel 2:28, 29 no baa mu. (Aso. 2:16-18) Nanso saa da no ara wɔbɔɔ nnipa foforo bɛyɛ 3,000 asu ma wɔbɛkaa asafo a wɔde honhom awo emufo no ho. Ná wɔagye Kristo ho asɛm no adi, na “wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ maa asomafo no nkyerɛkyerɛ.” Ɛno akyi no, “Yehowa kɔɔ so de wɔn a ɔregye wɔn nkwa kaa wɔn ho daa.”—Aso. 2:41, 42, 47.

6 Asafo a ɛwɔ Yerusalem no dɔe araa ma Yudafo sɔfo panyin no ka kyerɛɛ asuafo no sɛ wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ no ahyɛ Yerusalem mã. Yudafo asɔfo pii bɛkaa asuafo foforo a na wɔwɔ Yerusalem no ho. Wɔn nyinaa baa Kristofo asafo no mu.—Aso. 5:27, 28; 6:7.

7 Yesu kaa sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Saa pɛpɛɛpɛ na esii. Stefano wu akyi no, ɔtaa kɛse bi baa asafo no so wɔ Yerusalem. Ɛmaa asuafo no bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa. Nanso baabiara a wɔkɔe no, wɔkaa asɛmpa no, na wonyaa asuafo pii. Ná asuafo foforo yi binom yɛ Samariafo. (Aso. 8:1-13) Akyiri yi, wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wontwaa twetia anaa amanaman mufo a wɔnyɛ Yudafo no ma ɛsow aba pii. (Aso. 10:1-48) Asɛnka adwuma yi ma wonyaa asuafo pii, na ɛma wɔtew asafo ahorow kaa nea ɛwɔ Yerusalem no ho.—Aso. 11:19-21; 14:21-23.

8 Sɛ wɔtew asafo foforo a, nhyehyɛe bɛn na na ɛboa wɔn ma wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ teokrase kwan so? Wɔnam Onyankopɔn honhom so yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya nguanhwɛfo a wɔhyɛ Yesu ase ma wɔahwɛ nguankuw no so. Paulo ne Barnaba asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu no, wɔpaw mpanyimfo maa asafo ahorow a wɔkɔsraa wɔn no. (Aso. 14:23) Bible kyerɛwfo Luka kaa nhyiam a Paulo ne Efeso asafo mu mpanyimfo yɛe ho asɛm. Paulo ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw a honhom kronkron apaw mo ahwɛfo wɔ wɔn mu no nyinaa so, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya tɔe no so yiye.” (Aso. 20:17, 28) Esiane sɛ na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia nti, ɛma wɔfatae sɛ wɔpaw wɔn sɛ asafo mu mpanyimfo. (1 Tim. 3:1-7) Wɔmaa Paulo yɔnko dwumayɛni Tito tumi sɛ ɔmpaw mpanyimfo wɔ asafo ahorow a ɛwɔ Kreta no mu.—Tito 1:5.

9 Akyiri yi, wɔkɔɔ so hyehyɛɛ asafo ahorow pii, na Kristofo asafo no trɛw kɔɔ aman ahorow so. Nanso asomafo no ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no na na wɔhwɛ asafo ahorow no nyinaa so. Wɔn na na wɔsom sɛ akwankyerɛ kuw.

10 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa kɔmaa asafo a ɛwɔ Efeso no, ɔkyerɛe sɛ sɛ wɔma Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan, na wogye Yesu Kristo tiyɛ tom a, ɛbɛma baakoyɛ atena Kristofo asafo no mu. Ɔsomafo no hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ hɔ no nkuran sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase, na wonkura “honhom biakoyɛ mu,” na wɔne wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa ntena asomdwoe mu. (Efe. 4:1-6) Ɛno akyi no, ɔfaa asɛm a ɛwɔ Dwom 68:18 no de kyerɛkyerɛɛ nhyehyɛe bi a Yehowa ayɛ mu. Ná ɛbɛma mmarima a wɔfata sɛ wodi asafo no anim no asom sɛ asomafo, adiyifo, asɛmpakafo, ahwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo. Saa mmarima yi yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Wɔbɛboa ma asafo no anyin ayɛ den honhom mu ma asɔ Onyankopɔn ani.—Efe. 4:7-16.

ASOMAFO NO ATWA SA PA ATO HƆ AMA ASAFO AHOROW A ƐWƆ HƆ NNƐ

11 Ɛsa pa a tete Kristofo twae no, ɛso na nnɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa nam. Wɔn nyinaa ka bom sɛ asafo baako wɔ wiase nyinaa, na wɔboa wɔn a wɔde honhom asra wɔn no. (Sak. 8:23) Yesu Kristo na ɔhwɛ ma wei yɛ yiye. Sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no, wadi n’asuafo a wɔasra wɔn no nokware ne wɔn atena “nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” Asafo no dɔ ara na ɛredɔ, na wɔn a wɔba mu no gye Onyankopɔn asɛmpa no tom, wofi wɔn koma nyinaa mu hyira wɔn ho so ma Yehowa, na wɔma wɔbɔ wɔn asu sɛ Yesu asuafo. (Mat. 28:19, 20; Mar. 1:14; Aso. 2:41) Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asafo no mu ne “nguan foforo” no nyinaa yɛ nguankuw baako. Wogye “oguanhwɛfo pa,” Yesu Kristo tom sɛ nguankuw no nyinaa Hwɛfo. (Yoh. 10:14, 16; Efe. 1:22, 23) Nea ɛma baakoyɛ kɔ so tena saa “kuw biako” no mu ne sɛ, wogye Kristo tom sɛ asafo no ti, na afei wɔbrɛ wɔn ho ase ma “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Kristo apaw no sɛ ɔnkyerɛ ne nkurɔfo kwan no. Momma yɛnkɔ so nnya akoa nokwafo ne ɔbadwemma no mu ahotoso koraa nnɛ.—Mat. 24:45.

NNWUMAKUW A WƆAHYEHYƐ WƆ MMARA KWAN SO

12 Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ahyehyɛ nnwumakuw bi wɔ mmara kwan so a ɛma wotumi de honhom fam aduan ma yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu. Afei nso, nnwumakuw no boa na ama yɛatumi aka Ahenni ho asɛmpa no ansa na awiei no aba. Aman pii mu no, mmara ma kwan ma yɛde nnwumakuw ahorow yi yɛ adwuma, na nnwumakuw a ɛwɔ aman ahorow so no bom yɛ adwuma. Nnwumakuw ahorow yi aboa ma asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ wiase nyinaa.

SƐNEA WƆAHYEHYƐ NNEƐMA WƆ BAA DWUMADIBEA

13 Bere biara a wobebue baa dwumadibea bi no, wɔpaw mpanyimfo baasa anaa nea ɛboro saa ma wɔsom sɛ Baa Boayikuw. Wɔn na wɔhwɛ adwuma no so wɔ saa ɔman no mu anaa aman ahorow a ɛhyɛ saa baa dwumadibea pɔtee no ase. Boayikuw no muni baako som sɛ Baa Boayikuw no ntam nkitahodifo.

14 Asafo ahorow a ɛwɔ baa dwumadibea biara ase no, wɔakyekyɛ mu ayɛ no amansin. Ɔmansin biara kɛse gyina baabi a ɛwɔ, kasa a asafo ahorow a ɛwɔ mu no ka, ne asafo dodow a ɛwɔ mu so. Wɔpaw ɔmansin sohwɛfo ma ɔsom asafo ahorow a ɛwɔ ɔmansin biara mu. Adwuma a ɔmansin sohwɛfo yɛ no, Betel na ɛde ho akwankyerɛ ma no.

15 Asafo ahorow no gye nhyehyɛe a wɔde agu akwan mu no tom, na ɛboa yɛn nyinaa. Wogye mpanyimfo a wɔpaw wɔn sɛ wɔnhwɛ baa dwumadibea, amansin, ne asafo ahorow so no tom. Honhom fam aduan a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ma wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɛno na wodi. Ɛnnɛ, akoa nokwafo no nso ntoto Kristo tiyɛ no ase koraa. Wɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma bere nyinaa, na wodi honhom kronkron no akwankyerɛ akyi. Sɛ yɛn nyinaa de baakoyɛ yɛ adwuma a, ɛma yenya nhyira a tete Kristofo no nyae no bi. Bible ka nhyira a wonyae no ho asɛm sɛ: “Asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.”—Aso. 16:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena