TI 17
Bata Yehowa Ahyehyɛde No Ho
OSUANI Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8) Ɛwom sɛ Yehowa korɔn sen obiara, nanso ɔma kwan ma yɛn nnipa a yɛtɔ sin bɛn no, na yɛbɔ mpae nso a otie. (Aso. 17:27) Yɛbɛyɛ dɛn abɛn Onyankopɔn? Ɛne sɛ yɛne no benya abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yebefi yɛn koma mu abɔ no mpae. (Dw. 39:12) Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm Bible daa a, ɛno nso betumi ahyɛ yɛne n’abusuabɔ mu den. Yɛnam saa kwan yi so hu Yehowa Nyankopɔn, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ. (2 Tim. 3:16, 17) Yɛyɛ saa a, ɛma yɛdɔ Yehowa, na ɛma yesuro sɛ yɛbɛyɛ nea ɛnsɔ n’ani.—Dw. 25:14.
2 Nanso, obiara nni hɔ a yebetumi afa no so abɛn Yehowa, gye ne Ba Yesu. (Yoh. 17:3; Rom. 5:10) Yesu akyi no, onipa biara nni hɔ a obetumi ama yɛahu sɛnea Yehowa adwene te ankasa. Ná ɔne n’Agya wɔ abusuabɔ a emu yɛ den paa ma enti otumi kaa sɛ: “Obiara nnim onii a Ɔba no yɛ, gye Agya no; na obiara nnim onii a Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.” (Luka 10:22) Enti sɛ yesua Nsɛmpa no na yehu Yesu adwene ne sɛnea na ɔte nka wɔ nneɛma ho a, ɛma yehu Yehowa adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Nimdeɛ a ɛte saa no ma yetumi bɛn yɛn Nyankopɔn yiye.
3 Yehowa ahyehyɛde no fã a aniwa hu no boa yɛn ma yetumi yɛ Onyankopɔn apɛde. Onyankopɔn Ba no na odi ahyehyɛde no anim. Enti sɛ yɛkɔ so bata ahyehyɛde no ho a, ɛma yɛbɛn Yehowa kɛse. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:45-47 no ma yehu sɛ Owura Yesu Kristo apaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔmma n’asomfo “aduan bere a ɛsɛ mu.” Ɛnnɛ, akoa nokwafo no ma yenya honhom fam aduan pii. Yehowa nam akoa yi so tu yɛn fo sɛ yɛnkenkan n’Asɛm daa, yɛnkɔ Kristofo nhyiam daa, na yɛnyɛ pii wɔ ‘ahenni ho asɛmpaka’ adwuma no mu. (Mat. 24:14; 28:19, 20; Yos. 1:8; Dw. 1:1-3) Ɛnsɛ sɛ yenya nnipa adwene wɔ akoa nokwafo no ho da. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bata Yehowa ahyehyɛde no fã a aniwa hu no ho na yɛde n’akwankyerɛ yɛ adwuma. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛabɛn Yehowa, yɛn Nyankopɔn no, na ɛbɛhyɛ yɛn den abɔ yɛn ho ban ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a yebehyia.
NEA ENTI A SƆHWƐ ABU SO
4 Ebia wobaa nokware no mu no, mfe pii ni. Sɛ saa a, ɛnde ebetumi aba sɛ woafa sɔhwɛ pii mu. Sɛ nnansa yi ara nso na wuhuu Yehowa na wode wo ho bɔɔ ne nkurɔfo mpo a, wunim sɛ obiara a ogye Yehowa tumidi tom no, Satan Ɔbonsam ani sa no. (2 Tim. 3:12) Sɛ woafa sɔhwɛ pii mu oo, sɛ kakraa bi oo, ɛho nhia sɛ wobɔ hu anaasɛ wopa abaw, efisɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ obeso wo mu na wama wo daa nkwa sɛ akatua.—Heb. 13:5, 6; Adi. 2:10.
5 Yɛn nyinaa betumi ahyia sɔhwɛ ahorow wɔ Satan wiase yi nna a edi akyiri yi mu. Efi bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ afe 1914 no, Satan ntumi nkɔ soro, baabi a Yehowa wɔ no bio. Wɔtow no kyenee asase so, na ɔne n’abɔfo bɔne no da so ara wɔ ha. Satan afa abufuw kɛse na wama ɔhaw ne abɛbrɛsɛ adɔɔso wɔ asase so. Afei nso, watu n’ani asi Yehowa asomfo so denneennen. Wei nyinaa kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa Satan nniso bɔne no bɛba awiei.—Adi. 12:1-12.
6 Esiane sɛ wɔabrɛ Satan ase nti ne bo afuw paa, na onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa. Ɔne n’adaemone no reyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛsɛe Ahenni asɛnka adwuma no ne baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo ntam no. Wei nti, ɛsɛ sɛ yɛne no di ako wɔ honhom fam sɛnea Bible aka ho asɛm no. Ɛka sɛ, “ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi, na mmom yɛne nniso ahorow, tumidi, wiase yi sum mu atumfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.” Sɛ yebetumi adi nkonim na yɛagyina Yehowa afã a, ɛnsɛ sɛ yegyae ɔko no, mmom ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn honhom fam akode no nyinaa. Afei, ɛsɛ sɛ ‘yegyina pintinn ko tia Ɔbonsam nnɛɛdɛe.’ (Efe. 6:10-17) Wei hwehwɛ sɛ yɛda boasetɔ adi.
ƐSƐ SƐ YƐDA BOASETƆ ADI
7 Yɛka sɛ obi wɔ boasetɔ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ‘otumi gyina amanehunu, asiane, anaa ɔhaw ano.’ Onyankopɔn som mu de, yɛka sɛ obi wɔ boasetɔ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ nea ɛteɛ wɔ tebea a emu yɛ den mu. Sɛ ohyia ɔsɔretia, ɔtaa, anaa biribi foforo biara a ebetumi ama wagyae ne mũdi mu a, ɔkɔ so gyina mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo sua sɛ wɔbɛda boasetɔ adi. Wei gye bere. Sɛ yɛma yɛn gyidi yɛ den a, ɛboa ma yɛda boasetɔ adi. Sɛ yenya bɛyɛ Kristofo na yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ nketenkete na yegyina ano a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den a yebehyia daakye no ano. (Luka 16:10) Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ yebehyia sɔhwɛ a emu yɛ den ansa na yɛasi yɛn bo sɛ yebekura yɛn gyidi mu pintinn. Ɛsɛ sɛ yedi kan si gyinae pintinn ansa na sɔhwɛ no aba. Bere a ɔsomafo Petro rekyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya su pa afoforo ka yɛn boasetɔ ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Monyɛ nea mubetumi biara mfa ɔbra pa nka mo gyidi ho, na momfa nimdeɛ nka ɔbra pa ho; momfa ahosodi nka mo nimdeɛ ho, momfa boasetɔ nka mo ahosodi ho, na momfa onyamesom pa nka mo boasetɔ ho; momfa onuadɔ nka mo nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka mo nuadɔ ho.”—2 Pet. 1:5-7; 1 Tim. 6:11.
Sɛ yehyia sɔhwɛ da biara da na yetumi gyina mu a, nkakrankakra yɛn boasetɔ mu yɛ den
8 Yakobo twee yɛn adwene sii hia a ehia sɛ yɛda boasetɔ adi no so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me nuanom, sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow pii a, mummu no anigye koraa na munhu sɛ mo gyidi a wɔasɔ ahwɛ yi bewie boasetɔ mu. Na momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.” (Yak. 1:2-4) Yakobo kaa sɛ, sɛ Kristofo rehyia sɔhwɛ bi a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye efisɛ ɛboa wɔn ma wɔda boasetɔ adi. Saa na wuhu no anaa? Afei Yakobo kyerɛe sɛ boasetɔ ankasa wɔ adwuma a ɛsɛ sɛ ɛyɛ na ama suban a yɛwɔ sɛ Kristofo no ayɛ pɛ na Onyankopɔn agye yɛn atom koraa. Sɛ yehyia sɔhwɛ da biara da na yetumi gyina mu a, nkakrankakra yɛn boasetɔ mu yɛ den. Yenya boasetɔ a, ɛboa ma yenya su pa afoforo bi a yehia.
9 Sɛ yɛde boasetɔ gyina sɔhwɛ ano a, Yehowa ani sɔ, na ɔde daa nkwa betua yɛn ka. Yakobo de kaa ho sɛ: “Anigye ne nea ɔkɔ so gyina sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri a Yehowa de ahyɛ wɔn a wɔkɔ so dɔ no no bɔ no.” (Yak. 1:12) Ɛyɛ nokware, yɛpɛ daa nkwa, ɛno nti sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛde boasetɔ gyina mu. Yɛannya boasetɔ a, yɛrentumi ntena nokware no mu. Sɛ yehyia nhyɛso na yegyaa yɛn ho mu a, ɛbɛma yɛasan akɔ wiase no mu. Yɛanna boasetɔ adi a, Yehowa honhom befi yɛn so, na yɛrentumi nsow honhom no aba wɔ yɛn asetena mu.
10 Yɛte mmere a emu yɛ den mu, enti amane a yehu esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti no, ehia sɛ yenya ho adwempa, na ama yɛatumi akɔ so agyina ano. Kae sɛ Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mummu no anigye koraa.” Sɛ sɔhwɛ a yɛrefa mu no ka yɛn nipadua anaa ɛde dadwen bɛto yɛn so a, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebegyina ano. Nanso mma wo werɛ mmfi sɛ ebetumi aka nkwa a wubenya daakye no. Ma yɛnhwɛ asɛm bi a ɛtoo asomafo no, na ɛbɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so de anigye agyina amanehunu ano. Asɛm yi wɔ Asomafo Nnwuma nhoma no mu, na ɛkenkan sɛ: “Wɔfrɛɛ asomafo no hwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wonnyae Yesu din no ho asɛm ka, na wogyaa wɔn. Ɛnna eyinom de anigye fii Sanhedrin no anim kɔe, efisɛ wɔabu wɔn sɛ ne din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” (Aso. 5:40, 41) Asomafo no hui sɛ wɔn amanehunu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔadi Yesu ahyɛde so na wɔanya Yehowa anim dom. Mfe bi akyi, bere a Onyankopɔn maa Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no, ɔkaa sɛ obi yɛ adetrenee na ohu amane a, mfaso wɔ so.—1 Pet. 4:12-16.
11 Paulo ne Silas nso hyiaa sɔhwɛ. Bere a wɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Filipi no, wɔkyeree wɔn bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔrehaw ɔmanfo wɔ kurow no mu na wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a mmara mma ho kwan. Ɛno nti, wɔhwee wɔn paa de wɔn koguu afiase. Bere a wɔda afiase a wɔn ho apaapae no, Bible ka sɛ, “bɛyɛ ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ; na nneduafo no tee wɔn nka.” (Aso. 16:16-25) Ná Paulo ne Silas nim paa sɛ, sɛ Kristo nti wohu amane na wogyina mu a, ɛbɛma Onyankopɔn ne nnipa ahu sɛ wokura wɔn mũdi mu. Afei nso, na ɛbɛyɛ adanse ama wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho no. Enti yɛbɛka paa a, nea wɔyɛe no, na ebetumi aboa afoforo ama wɔanya nkwa. Saa anadwo no ara, afiasehwɛfo no ne ne fiefo nyinaa tiee wɔn, na wɔbɛyɛɛ asuafo. (Aso. 16:26-34) Ná Paulo ne Silas wɔ Yehowa mu ahotoso, na wonim sɛ ɔwɔ tumi, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn, enti wɔde wɔn ho too no so. Yehowa nso anni wɔn huammɔ.
12 Ɛnnɛ nso, Yehowa ama yɛn nea yehia nyinaa na sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛatumi agyina ano. Ɔpɛ sɛ yɛde boasetɔ gyina sɔhwɛ mu. Yehowa de n’Asɛm Bible ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Wei hyɛ yɛn gyidi den. Ɛno da nkyɛn a, yenya hokwan ne yɛn mfɛfo gyidifo bɔ fekuw na yɛsom Onyankopɔn. Yɛwɔ hokwan nso sɛ yɛne Yehowa ankasa bɛkɔ so anya abusuabɔ a emu yɛ den, na mpaebɔ boa yɛn ma yɛyɛ saa. Yeyi no ayɛ a, otie, na sɛ yefi koma mu srɛ no sɛ ɔmmoa yɛn ma yɛmmɔ bra pa nso a, otie yɛn. (Filip. 4:13) Sɛ yesusuw anidaso a ɛda yɛn anim no ho a, ɛno nso ma yenya boasetɔ de gyina sɔhwɛ ano.—Mat. 24:13; Heb. 6:18; Adi. 21:1-4.
ƐSƐ SƐ YEGYINA SƆHWƐ PII ANO
13 Sɔhwɛ a Yesu Kristo asuafo faa mu no, ɛno ara bi na yɛn nso yɛrehyia. Ɛnnɛ, nkurɔfo keka atosɛm fa Yehowa Adansefo ho. Wei nti ebinom didi yɛn atɛm na wɔyɛ yɛn ayayade. Ɔsɔretia a yehyia no pii wɔ hɔ a, nyamesomfo a atoro som adi wɔn ti na wɔhyɛ akyi. Ahenni ho asɛmpa a yɛka no ama wɔn atoro nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe bɔne no ho ada hɔ, enti wɔsɔre tia yɛn sɛnea na ɛte wɔ asomafo no bere so no. (Aso. 17:5-9, 13) Ɛtɔ mmere bi a, mmara a aban ahorow ahyehyɛ no ma Yehowa nkurɔfo nya hokwan pere wɔn ahofadi. (Aso. 22:25; 25:11) Nanso, atumfoɔ no tumi bara yɛn adwuma no, na adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ wɔbɛma yɛagyae yɛn som adwuma no. (Dw. 2:1-3) Ɛba saa a, yɛde akokoduru suasua asomafo anokwafo no. Wɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Aso. 5:29.
14 Wiase baabiara a wobɛkɔ no, ɔman ho dɔ adi nnipa ti, na wɔde nhyɛso a emu yɛ den ba yɛn a yɛka asɛmpa no so sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no. Adiyisɛm 14:9-12 bɔ Onyankopɔn asomfo kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛankotow “akekaboa no ne ne honi no.” Yɛn nyinaa fa kɔkɔbɔ yi aniberesɛm. Wei ma yɛte Yohane asɛm yi ase yiye. Ɔkaa sɛ: “Ɛha na akronkronfo no boasetɔ ba asɛm no mu, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no.”
15 Nneɛma bi tumi ma ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nnwuma a yɛyɛ sɛ Kristofo no wɔ baguam. Ebi ne bere a ɔko bi asi, bere a wɔatu aban bi agu, bere a yɛrehyia ɔtaa, ne bere a atumfoɔ no abara yɛn adwuma no. Ebetumi aba sɛ yɛrentumi mmom nhyiam sɛ asafo. Ebia yɛrentumi ne Betel nni nkitaho, amansin so ahwɛfo rentumi mmɛsra yɛn, na ebia yɛn nsa rentumi nka nhoma. Sɛ nneɛma a ɛtete saa sisi a, dɛn na wobɛyɛ?
16 Mmuae no ne sɛ: Tebea biara a ɛbɛto wo no, yɛ nea wubetumi nyinaa fa som Onyankopɔn. W’ankasa wubetumi asua ade. Mpɛn pii no, yebetumi akyekyɛ yɛn mu akuw nketewa asua ade wɔ afie mu. Yebetumi de nhoma a yɛasua dedaw no bi ne Bible no ankasa ayɛ adesua no. Ɛnsɛ sɛ woma nea asi no haw wo pii anaa woma wo ho yeraw wo. Sɛ asɛm bi a ɛte saa si a, Akwankyerɛ Kuw no bɛfa ɔkwan bi so ne asafo mu mpanyimfo no adi nkitaho ntɛm ara.
17 Sɛ wo ne wo nuanom Kristofo ntam tetew mpo a, mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo ka wo ho. Kɔ so kura w’anidaso mu denneennen. Wobɔ mpae a Yehowa bɛte, na obetumi de ne honhom ahyɛ wo den. Ma ɔnkyerɛ wo kwan. Kae sɛ woyɛ Yehowa akoa ne Yesu Kristo suani, enti sɛ wunya hokwan a wode bedi adanse a, mma ɛmpa wo ti so. Yehowa behyira mmɔden a wobɛbɔ no so, na ebia ɛrenkyɛ afoforo bɛba abɛka wo ho wɔ nokware som mu.—Aso. 4:13-31; 5:27-42; Filip. 1:27-30; 4:6, 7; 2 Tim. 4:16-18.
18 Sɛ wohunahuna wo sɛ wobekum wo sɛnea wɔyɛɛ asomafo ne afoforo no mpo a, fa wo ho to “Onyankopɔn a onyan awufo no” so. (2 Kor. 1:8-10) Owusɔre ho nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no, wunya mu gyidi a, ɔsɔretia biara a ɛbɛba wo so no, ɛyɛ den sɛ dɛn mpo a wubetumi de boasetɔ agyina mu. (Luka 21:19) Kristo Yesu ayɛ nhwɛso ama yɛn. Ná onim sɛ, sɛ odi nokware wɔ sɔhwɛ mu a, ebetumi ahyɛ afoforo den ma wɔagyina wɔn sɔhwɛ ano. Wo nso wugyina sɔhwɛ ano a, ɛbɛhyɛ wo nuanom nkuran saa ara.—Yoh. 16:33; Heb. 12:2, 3; 1 Pet. 2:21.
19 Ɔtaa ne ɔsɔretia a yɛrehyia da nkyɛn a, ebia nsɛnnennen foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wugyina ano. Ebinom abam abu efisɛ nnipa a wɔwɔ wɔn asasesin mu no ntie asɛmpa no. Afoforo nso reko yare anaa tebea bi ama wɔredi awerɛhow, na ebinom nso, onyin ama wɔayɛ mmerɛw. Ná ɔsomafo Paulo nso wɔ ɔhaw bi a ɛreteetee no. Ɛtɔ mmere bi a, na ɛma ɛyɛ den sɛ ɔbɛyɛ ne som adwuma no. (2 Kor. 12:7) Ná Epafrodito a ofi Filipi no ka tete Kristofo no ho. Bere a ne nuanom ‘tee sɛ ɔyare no,’ ɛma ‘ɔbotowee.’ (Filip. 2:25-27) Yɛn sintɔ ne afoforo de betumi ama yɛahyia nsɛnnennen. Mente-me-ho-ase tumi sɔre wɔ onua bi ne ne mfɛfo Kristofo ntam anaa ɔne n’abusuafo mpo ntam. Nanso wɔn a wɔde afotu a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu yɛ adwuma no betumi adi nsɛmnsɛm a ɛte saa so.—Hes. 2:3-5; 1 Kor. 9:27; 13:8; Kol. 3:12-14; 1 Pet. 4:8.
YƐASI YƐN BO SƐ YƐRENNYAE YEHOWA SOM
20 Yehowa apaw Yesu Kristo sɛ asafo no Ti. Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho fam Yesu denneennen. (Kol. 2:18, 19) Ɛsɛ sɛ yɛne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne wɔn a wɔapaw wɔn sɛ ahwɛfo no bom yɛ adwuma. (Heb. 13:7, 17) Sɛ yedi teokrase nhyehyɛe akyi pɛpɛɛpɛ na yetie wɔn a wodi anim no a, yɛn nyinaa de baakoyɛ bɛbom ayɛ Yehowa apɛde. Hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae no, ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase koraa. Sɛ yɛda afiase oo, sɛ wɔde yɛn akɔhyɛ tokuru mu baabi oo, momma yɛnkae sɛ wei rentumi nsɛe baakoyɛ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no, na yebetumi akɔ so ne yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no adi nkitaho.
21 Momma yɛmfa nnamyɛ ne boasetɔ nyɛ nea yebetumi biara wɔ asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu. Ɛno ne adwuma a Yesu Kristo kaa sɛ n’akyidifo nyɛ bere a wonyan no no. Ɔkaa sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Momma yɛmfa boasetɔ nnyina sɔhwɛ ano sɛnea Yesu yɛe no, na yɛmfa yɛn ani nsi Ahenni no ne daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no so. (Heb. 12:2) Sɛ́ Kristo asuafo a yɛabɔ asu no, yɛanya hokwan kɛse sɛ yɛbɛboa ama Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho no aba mu. Ɔkaa sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:3, 14) Saa bere yi, sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no a, yebenya daa nkwa wɔ wiase foforo a Yehowa de reba a trenee te mu no mu!