NSƐMMISA A WƆNE WƆN A WƆPƐ SƐ WƆBƆ ASU SUSUW HO
Ɔfã 1: Nea KristofO Gye Di
Bible no a wo ne Yehowa Adansefo asua no ama woabehu nokware no. Akyinnye biara nni ho sɛ nea woasua no aboa ama wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama. Bio nso, ama woanya anidaso sɛ Onyankopɔn Ahenni ba a, wubenya asetena pa wɔ paradise asase so. Gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, emu ayɛ den, na esiane sɛ wode wo ho abɔ Kristofo asafo no nti, woanya nhyira pii. Afei, w’ani gye sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo nnɛ no ho paa.—Sak. 8:23.
Bere a woresiesie wo ho akɔbɔ asu no, asafo mu mpanyimfo ne wo besusuw nneɛma titiriw a Kristofo gye di ho, na ɛbɛboa wo paa. (Heb. 6:1-3) Mmɔden biara a worebɔ sɛ wubehu Yehowa yiye no, yɛsrɛ sɛ onhyira so na ɔmma wo akatua a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no.—Yoh. 17:3.
1. Adɛn nti na wopɛ sɛ wobɔ asu?
2. Hena ne Yehowa?
• “Yehowa ne nokware Nyankopɔn wɔ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asase a ɛwɔ fam yi so. Obiara nni hɔ te sɛ ɔno.”—Deut. 4:39.
• “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dw. 83:18.
3. Adɛn nti na ɛho hia sɛ wode Onyankopɔn din ankasa di dwuma?
• “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’”—Mat. 6:9.
• “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.”—Rom. 10:13.
4. Nsɛmfua a ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu onii ko a Yehowa yɛ no, ebi ne dɛn?
• “Wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ te no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo no nsa bere a wɔreyɛ papa no.”—1 Pet. 4:19.
• “Yɛn Agya a wowɔ soro.”—Mat. 6:9.
• “Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yoh. 4:8.
5. Dɛn na wubetumi de ama Yehowa Nyankopɔn?
• “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—Mar. 12:30.
• “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.”—Luka 4:8.
6. Adɛn nti na wopɛ sɛ wudi Yehowa nokware?
• “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.”—Mmeb. 27:11.
7. Hena na wobɔ no mpae, na hena din mu na wobɔ mpae?
• “Nokware, nokware, [me, Yesu] mise mo sɛ, biribiara a mubebisa Agya no ɔde bɛma mo wɔ me din mu.”—Yoh. 16:23.
8. Nneɛma bɛn saa na wubetumi abɔ ho mpae?
• “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro. Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu; fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’”—Mat. 6:9-13.
• “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”—1 Yoh. 5:14.
9. Adɛn nti na ebia Yehowa rentie obi mpaebɔ?
• “Wobesu afrɛ Yehowa nanso ɔremmua wɔn, . . . wɔn nneyɛe bɔne nti.”—Mika 3:4.
• “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ; nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”—1 Pet. 3:12.
10. Hena ne Yesu Kristo?
• “Simon Petro buae sɛ: ‘Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba.’”—Mat. 16:16.
11. Adɛn nti na Yesu baa asase so?
• “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”—Mat. 20:28.
• “Ɛsɛ sɛ [me, Yesu] mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”—Luka 4:43.
12. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ Yesu afɔrebɔ no?
• “Owu maa obiara na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.”—2 Kor. 5:15.
13. Tumi bɛn na Yesu wɔ?
• “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ ɔsoro ne asase so.”—Mat. 28:18.
• “Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.”—Filip. 2:9.
14. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu pawee no, wugye di sɛ ɛno ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no anaa?
• “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?”—Mat. 24:45.
15. Dɛn ne honhom kronkron? Ɛyɛ ɔbɔfo anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
• “Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: ‘Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.’”—Luka 1:35.
• “Enti, sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!”—Luka 11:13.
16. Nneɛma bɛn na Yehowa de ne honhom kronkron no ayɛ?
• “Yehowa anom asɛm so na ɔyɛɛ ɔsoro, na n’anom honhom so na ɔyɛɛ emu asafo nyinaa.”—Dw. 33:6.
• “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.”—Aso. 1:8.
• “Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ biara nni hɔ a efi nnipa nkyerɛase mu. Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”—2 Pet. 1:20, 21.
17. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
• “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Dan. 2:44.
18. Onyankopɔn Ahenni ba a, nhyira bɛn na wubenya?
• “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adi. 21:4.
19. Nhyira a Ahenni no de bɛba no, dɛn na ɛma wuhu sɛ ɛbɛba nnansa yi ara?
• “Asuafo no baa ne nkyɛn kokoam bɛkae sɛ: ‘Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?’ Ɛnna Yesu buaa wɔn sɛ: ‘. . . Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.’”—Mat. 24:3, 4, 7, 14.
• “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nyɛ adwuma.”—2 Tim. 3:1-5.
20. Dɛn na woyɛ de kyerɛ sɛ Ahenni no ho hia wo?
• “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.”—Mat. 6:33.
• “Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.’”—Mat. 16:24.
21. Hena ne Satan, na henanom ne adaemone no?
• “Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ . . . Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase.”—Yoh. 8:44.
• “Wɔtow ɔtweaseɛ kɛse no kyenee, ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no; wɔtow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adi. 12:9.
22. Sobo bɛn na Satan de abɔ Yehowa ne wɔn a wɔsom Yehowa no?
• “Ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: ‘Yetumi di turo yi mu nnua so aba. Na mmom dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ, “Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka na moanwu.”’ Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Ɛnyɛ owu na mubewu. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’”—Gen. 3:2-5.
• “Satan buaa Yehowa sɛ: ‘Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.’”—Hiob 2:4.
23. Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ sobo a Satan abɔ no yɛ atoro?
• ‘Fa koma a edi mũ som Onyankopɔn.’—1 Be. 28:9.
• “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi mu da!”—Hiob 27:5.
24. Adɛn nti na nnipa wu?
• “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Rom. 5:12.
25. Tebea bɛn na awufo wom?
• “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnk. 9:5.
26. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu?
• “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.”—Aso. 24:15.
27. Nnipa dodow sɛn na wɔbɛkɔ soro ne Yesu akodi ade?
• “Hwɛ! Oguammaa no gyina Sion Bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho.”—Adi. 14:1.