Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rj ɔfã 5 kr. 12-15
  • San Bra ‘Wo Kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ’ no Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San Bra ‘Wo Kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ’ no Nkyɛn
  • San Bra Yehowa Nkyɛn
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monsan Mmra Me Nkyɛn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Ɔbɛma Woayɛ Den
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Ɔbɛma Woayɛ Den
    To Dwom Ma Yehowa
  • Woda Yehowa Koma So Paa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
San Bra Yehowa Nkyɛn
rj ɔfã 5 kr. 12-15

ƆFà5

San Bra ‘Wo Kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ’ no Nkyɛn

Nsɛnnennen a yɛkaa ho asɛm wɔ nhomawa yi mu no bi fa wo ho anaa? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na woahyia asɛm a ɛte saa. Onyankopɔn asomfo anokwafo pii a wɔtenaa ase tete ne nnɛ nyinaa ahyia nsɛnnennen a ɛte saa. Sɛnea Yehowa boaa wɔn ma wɔgyinaa wɔn haw ano no, saa ara na ɔbɛboa wo nso ma woadi saa nsɛnnennen no so.

“Afei mebɛgye toom sɛ Yehowa nnyaw me; nea na ɛhia sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛsan aba Yehowa nkyɛn”

NYA awerɛhyem sɛ, sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn a, ɔbɛgye wo. Ɔbɛboa wo ma woagyina wo dadwene ano, na woayi ɛyaw biara afi wo mu. Afei wobɛnya ahonim pa na ama woanya asomdwoe ne akomatɔyam. Ɛno bɛka wo ma wo ne wo nuanom Kristofo asan asom Yehowa bio. W’asɛm no bɛyɛ te sɛ nea tete Kristofo binom faa mu no. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera; nanso seesei moasan aba mo kra hwɛfoɔ ne wɛmfoɔ nkyɛn.”—1 Petro 2:25.

Yehowa nkyɛn a wobɛsan akɔ no ne ade a ɛyɛ sen biara a wobɛtumi ayɛ. Adɛn ntia? Wobɛma Yehowa koma atɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Sɛnea wonim no, Yehowa wɔ atenka, na nea yɛyɛ biara bɛtumi ama n’ani agye anaa ama ne werɛ ahow. Ɛwom, Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ no anaa yɛnsom no. (Deuteronomium 30:19, 20) Bible ho ɔbenfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi komam asɛm deɛ, obi ntumi nhu, gye sɛ ɔno ara.” Sɛ yɛfi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, yɛbɛtumi ahu nea ɛwɔ yɛn koma mu. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛde akyɛde a ɛsom bo rema Yehowa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛde yɛn ho nyinaa rema no, na yɛma ne koma di ahurusi. Nokwasɛm ni, sɛ yɛfi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, anigye a yɛnya no sen biribiara.—Asomafoɔ Nnwuma 20:35; Adiyisɛm 4:11.

Asafo no mufo rema onuawa bi a ɔgyaee asɛnka kɔ a wasan aba akwaaba

Bio nso, sɛ wosan fi ase som Yehowa a, wobɛnya wo honhom fam ahiade. (Mateo 5:3) Ɔkwan bɛn so? Nnipa a wɔwɔ wiase baabiara taa bisa sɛ, ‘Dɛn nti na yɛwɔ wiase?’ Wɔpɛ sɛ wɔhu nea enti a yɛwɔ wiase. Ɛhia sɛ nnipa nya saa asɛm yi ho mmuaeɛ efisɛ bere a Yehowa bɔɔ wɔn no, ɔde hyɛɛ wɔn mu. Ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛbɛsom no ma yɛanya akomatɔyam. Sɛ yɛhu sɛ Yehowa ho dɔ a yɛwɔ nti na yɛresom no a, yɛbɛnya akomatɔyam kɛse.—Dwom 63:1-5.

Yɛpɛ sɛ wohu sɛ Yehowa pɛ sɛ wosan ba ne nkyɛn. Wobɛyɛ dɛn ahu saa? Susu asɛm yi ho hwɛ: Yɛbɔɔ mpae paa ansa na yɛreyɛ saa nwoma yi. Ebia Kristofo asafo no mu panyin bi anaa wo yɔnko gyidini bi na ɔde nwoma yi maa wo. Afei wo koma kaa wo ma wokenkanee, na wode emu nsɛm no yɛɛ adwuma. Wei nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa werɛ mfii wo. Mmom no, ɔde nkakrankakra retwe wo aba ne nkyɛn bio.—Yohane 6:44.

Sɛ yɛhu sɛ Yehowa werɛ mfi n’asomfo a wɔayera a, ɛbɛtumi akyekye yɛn werɛ. Saa na onuawa bi a ne din de Donna hui. Ɔkaa sɛ: “Metwee me ho fii nokware no ho nkakrankakra, nanso na metaa dwendwene asɛm a ɛwɔ Dwom 139:23, 24 no ho. Ɛhɔ ka sɛ: ‘O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hunu deɛ ɛwɔ m’akoma mu. Hwehwɛ me mu, na hunu me mu dadwene, na hwɛ sɛ mmusuo kwan bi wɔ me mu anaa, na fa me si mmerɛsanten kwan so.’ Menim paa sɛ anka ɛnsɛ sɛ mekɔ wiase no mu; ɛhɔ nyɛ me tenabea. Yehowa ahyehyɛde no mu na ɛsɛ sɛ metena. Afei mebɛgye toom sɛ Yehowa nnyaw me; nea na ɛhia sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛsan aba Yehowa nkyɛn. M’ani agye paa sɛ meyɛɛ saa!”

Sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn a, ɔbɛgye wo

Yɛhwɛ kwan paa sɛ wo nso wobɛsan anya “Yehowa mu anigyeɛ” bio. (Nehemia 8:10) Worennu wo ho da sɛ wosan baa Yehowa nkyɛn.

Nsɛm a Wɔn a Wɔpɛ sɛ Wɔsan Ba Yehowa Nkyɛn no Bisa ne Ɛho Mmuaeɛ

MEMFI ASE WƆ HE?

Onuawa bi a wagyae asɛnka kɔ rekenkan Bible

Sɛ obi yare na ne ho tɔ no a, ɔremfi ase nyɛ nneɛma a ɔyɛ daa no prɛko pɛ; ɔbɛfi ase ayɛ no nkakrankakra. Saa ara na sɛ wopɛ sɛ wosan nya ahoɔden sɛ Kristoni a, ɛsɛ sɛ wofi ase di honhom fam aduane nkakrankakra da biara. Nyɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ biribiara prɛko pɛ. Wobɛtumi de simma kakra akenkan Bible, anaa woabɔ atie. Wobɛtumi nso asua yɛn nwoma ahorow no bi, na woakɔ jw.org wɛbsaet, anaa woakɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ Intanɛt so wɔ tv.jw.org. Afei nso bɔ mmɔden kɔ asafo nhyiam ntɛm ara. Nea ɛsen ne nyinaa no, bɔ Yehowa mpae na srɛ no sɛ ɔmmoa wo. Bible ka sɛ, ‘To wo dadwene nyinaa gu ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene wo ho.’—1 Petro 5:7.

“Bere a megyaee asɛnka kɔ no, na ɛyɛ me aniwu paa sɛ mɛbɔ mpae mpo. Akyiri yi a menyaa akokoduru bɔɔ mpae no, asafo mu panyin bi baa me nkyɛn. Ɔboaa me ma mehuu sɛ Yehowa nyii n’ani mfii me so. Ɔpanyin no hyɛɛ me nkuran sɛ memfi ase nkenkan Bible da biara da. Bere a meyɛɛ saa no, menyaa akokoduru san kɔɔ asafo nhyiam. Bere bi akyi no, mefii ase kɔɔ asɛnka bio. M’ani agye paa sɛ Yehowa anyi n’ani amfi me so.”—Eeva.

SƐN NA ASAFO NO MUFO BƐGYE ME?

Nya awerɛhyem sɛ asafo no mufo bɛgye wo fɛw so. Sɛ́ anka wɔbɛkasa atia wo anaa wɔbɛbu wo atɛn no, wɔbɛma woahu sɛ wɔdɔ wo, na wɔbɛyɛ nea wɔbɛtumi biara de ahyɛ wo nkuran.—Hebrifoɔ 10:24, 25.

“Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mɛsan akɔ Ahenni Asa so. Ná menhu sɛnea anuanom bɛyɛ me. Anuanom mmaa mpanyimfo a na wɔwɔ asafo no mu mfe 30 a atwam no mu baako ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Me Ba, woaba fie!’ Saa asɛm no kaa me koma yie. Mehuu sɛ na masan aba fie ampa.”—Javier.

“Mekɔɔ Ahenni Asa so, na metenaa akonnwa a ɛwɔ akyiri paa no so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu me. Nanso wɔn a na wɔwɔ hɔ no mu pii kaee sɛ bere a meyɛ abofra no na meba asafo nhyiam. Wɔmaa me akwaaba, na wɔyɛɛ me awaawaa atuu; ɛno ma metee nka sɛ manya asomdwoe ankasa. Ná ɛte sɛ nea masan aba fie no.”—Marco.

DƐN NA MPANYIMFO NO BƐYƐ DE ABOA ME?

Asafo mu mpanyimfo no ne wo bɛdi no yie. Wɔbɛkamfo wo sɛ wopɛ sɛ wosan kanyan “ɔdɔ a na wowɔ kane no.” (Adiyisɛm 2:4) Wɔbɛyi wɔn yam aboa wo ma woatenetene mfomso biara a woadi; wɔbɛyɛ saa wɔ “ɔdwoɔ honhom mu.” (Galatifoɔ 6:1; Mmebusɛm 28:13) Mpanyimfo no bɛtumi ayɛ nhyehyɛe ma obi ne wo asua ade. Ebia wɔbɛma ɔne wo asua Wubetumi Anya Anigye Daa! anaa Bɛn Yehowa nhoma no. Nya awerɛhyem sɛ mpanyimfo no bɛkyekye wo werɛ, na wɔbɛboa wo akwan nyinaa mu.—Yesaia 32:1, 2.

“Mfe nwɔtwe a megyaee asɛnka kɔ no, mpanyimfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa me. Da koro, ɔpanyin bi de mfoni bi a yɛtwae kyerɛɛ me. Ɛma mekaakae nneɛma pii a bere bi na meyɛ no, na m’ani fii ase gyinaa nneɛma a na meyɛ wɔ Yehowa som mu no. Mpanyimfo no boaa me ma mesan fii me som adwuma ase bio.”—Victor.

“Ɔbɛma Woayɛ Den”

Anuanom mmaa mmienu rehwɛ dwom nwoma baako mu ato dwom wɔ asafo nhyiam ase

Nnwom a ɛka koma a ɛbɛtumi akyekye wo werɛ na ahyɛ wo nkuran pii wɔ yɛn nnwom nwoma, To Dwom Ma Yehowa, no mu. Ɛbɛtumi aboa wo ma woasan afi wo som adwuma ase bio. Susu dwom a ɛto so 60 no mu nsɛm ho hwɛ. Ɛgyina asɛm a ɛwɔ 1 Petro 5:10 so. Dwom no asɛmti ne “Ɔbɛma Woayɛ Den.”

  1. Nyankopɔn na ɔma wuhuu nokware no;

    Wama woafi sum mu aba hann mu.

    Yɛn Nyankopɔn hwehwɛɛ wo koma mu huu sɛ

    Worehwehwɛ nokware akyi kwan.

    Wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛyɛ n’apɛde;

    Waboa wo pɛn, na ɔbɛboa wo bio.

  2. Nyankopɔn de Kristo bɔɔ afɔre maa wo;

    Enti obehyira wo da biara.

    Wamfa ne Dɔba Kristo mpo ankame yɛn,

    Ɔbɛma wo ahoɔden daa nyinaa.

    Ne werɛ mfi wo gyidi ne wo dɔ;

    Ɔbɛhwɛ n’adɔfo nyinaa ampa.

    (NNYESO)

    Nyankopɔn de ne Dɔba no mogya atɔ wo.

    Ɔbɛma woayɛ den, ɔbɛma woatim daa.

    Ɔbɛma wo ahobammɔ na waky’rɛ wo kwan.

    Ɔbɛma woayɛ den, ɔbɛma woatim daa.

To Dwom Ma Yehowa—Nea Wɔato

Sɛ wopɛ sɛ wotie saa dwom yi ne Ahenni nnwom foforo a, kɔ NHOMA > NNWOM afã hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena