Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 17 kr. 46-kr. 47 nky. 2
  • Mose Yɛɛ N’adwene Sɛ Ɔbɛsom Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mose Yɛɛ N’adwene Sɛ Ɔbɛsom Yehowa
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi A Ɛsom Bo Sen Misraim Akorade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Sɛnea Wogyee Akokoaa Mose Nkwa
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Awofo Bi Nya Wɔn Gyidi so Akatua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Mose—Onipa Anaa Anansesɛm?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 17 kr. 46-kr. 47 nky. 2
Farao babea ahu abofra Mose; Miriam nso gyina nkyɛn baabi rehwɛ

ADESUA 17

Mose Yɛɛ N’adwene Sɛ Ɔbɛsom Yehowa

Yakob abusuafo no, na Egyptfo no frɛ wɔn Israelfo. Yakob ne Yosef wui. Ɛno akyi no Farao foforo bedii hene wɔ Egypt. Ohuu sɛ na Israelfo no ho reyɛ den asen Egyptfo no, enti na osuro. Enti saa Farao yi de Israelfo no yɛɛ nkoa. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntwa blɔks a yɛde si dan, na wɔnyɛ adwumaden wɔ afuw mu. Nanso bere a Egyptfo no rehyɛ Israelfo ama wɔayɛ adwumaden no, na Israelfo no redɔɔso. Ná asɛm no nyɛ Farao dɛ, enti ɔhyɛɛ mmara bi. Ɔkaa sɛ, sɛ Israelni biara wo abofra na ɔyɛ ɔbarima a, wɔnkum no. Wunnye nni sɛ bere a Israelfo no tee asɛm no wɔn yam hyehyee wɔn paa?

Ná Israelni bea bi wɔ hɔ a yɛfrɛ no Yokebed. Saa bere no, ɔwoo abarimaa bi a na ne ho yɛ fɛ paa. Ná ɔmpɛ sɛ obiara bekum abofra no. Enti ɔde no too kɛntɛn bi mu kosiee nwura mu wɔ Asubɔnten Nil ho. Ɔmaa abofra no nuabea Miriam kogyinaa nkyɛn baabi hwɛɛ nea ebesi.

Ankyɛ na Farao babea baa nsu no ho sɛ ɔrebeguare. Ohuu kɛntɛn no. Ohuu sɛ abofra bi da mu a ɔresu, enti ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Ɛnna Miriam bisaa no sɛ: ‘Menkɔhwehwɛ ɔbea bi mmra na ɔnhwɛ abofra no mma wo anaa?’ Farao babea no kaa sɛ aane. Enti Miriam kɔfrɛɛ ɔno ara ne maame Yokebed bae. Farao babea no ka kyerɛɛ Yokebed sɛ: ‘Gye abofra yi na kɔhwɛ no ma me na metua wo ka.’

Mose reguan

Bere a abofra no nyinii no Yokebed de no kɔmaa Farao babea no. Ɔtoo ne din Mose. Farao babea no tetee Mose sɛ ɔno ankasa ba. Mose nyinii no, na wabɛyɛ te sɛ ɔhene ba. Enti biribiara a ɔpɛ no, na onya. Nanso Mose werɛ amfi Yehowa. Ná Mose nim paa sɛ ɔnyɛ Egyptni na mmom ɔyɛ Israelni. Enti osii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa.

Bere a Mose dii mfe 40 no, na ɔpɛ sɛ ɔboa ne nkurɔfo. Da koro bi Mose huu sɛ Egyptni bi reboro Israelni bi. Enti Mose bɔɔ Egyptni no denneennen kum no. Owui no Mose de no hyɛɛ fam, na ɔde dɔte kataa ne so. Bere a Farao tee asɛm no, ɔyɛɛ sɛ obekum Mose. Nanso Mose guan kɔɔ Midian asaase so. Ɔkɔɔ hɔ no, Yehowa hwɛɛ no.

‘Gyidi nti na Mose ampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba no, mmom ɔpɛe sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani.’—Hebrifo 11:24, 25

Nsɛmmisa: Dɛn na Egyptfo no de yɛɛ Israelfo? Adɛn nti na Mose guan fii Egypt?

Genesis 49:33; Exodus 1:1-14, 22; 2:1-15; Asomafo Nnwuma 7:17-29; Hebrifo 11:23-27

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena