ADESUA 20
Ɔhaw Nsia a Edi Hɔ
Mose ne Aaron san kɔɔ Farao nkyɛn kɔkaa Onyankopɔn asɛm yi kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ woamma me nkurɔfo no ankɔ a, mɛma ahurii anaa nwansena akɛse bi a wɔnom mogya aba Egypt asaase so.’ Ampa ahurii bebree baa Egypt asikafo ne ahiafo nyinaa fie mu. Ahurii baa Egypt asaase so baabiara. Nanso Gosen de, ebi amma hɔ efisɛ ɛhɔ na na Israelfo no te. Ɔhaw mmiɛnsa a edi kan no, ebi baa Israelfo so. Nanso efi ɔhaw a ɛtɔ so nnan so rekɔ de, ebi anka Israelfo no. Egyptfo no nko ara na ɛkaa wɔn. Farao srɛɛ sɛ: ‘Mompa Yehowa kyɛw na mmoa no nkɔ. Mo nkurɔfo no betumi akɔ.’ Nanso bere a Yehowa maa ahurii no kɔe no, Farao sesaa n’adwene. Wohwɛ a, Farao besua biribi afi nea asi no mu?
Yehowa kaa sɛ: ‘Sɛ Farao amma me nkurɔfo ankɔ a, Egyptfo mmoa bɛyareyare na wɔawuwu.’ Ade kyee no, Egypt mmoa no fii ase wui. Nanso Israelfo mmoa de, wɔanwu. Farao kɔɔ so ara yɛɛ asoɔden, na wamma Israelfo no ankɔ.
Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ, ɔnsan nkogyina Farao anim na ɔntow nsõ nkɔ soro. Ɔyɛɛ saa no, nsõ no danee mfuturu koguu Egyptfo no nyinaa so. Mfuturu no maa ekuru a ɛyɛ yaw pii bɛtotɔɔ Egyptfo no nyinaa ne wɔn mmoa ho. Wei nyinaa akyi, Farao amma Israelfo no ankɔ.
Yehowa san somaa Mose sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Farao sɛ: ‘Woda so ara reka sɛ woremma me nkurɔfo no nkɔ anaa? Ɔkyena, mɛma amparuwbo anaa biribi a ɛte sɛ ice blɔk atɔ afi soro agu asaase no so.’ Ade kyee no, Yehowa maa aprannaa anaa agradaa, amparuwbo ne ogya tɔ fii soro. Ná nsu kɛse saa ntɔɔ wɔ Egypt da. Ɛsɛee nnua ne nnuan nyinaa. Nnua ne nnuan a ɛwɔ Gosen de, ansɛe. Ɛnna Farao kaa sɛ: ‘Mompa Yehowa kyɛw na ɔmma ennyae! Egyae a, mubetumi akɔ.’ Nanso amparuwbo ne nsu no gyaee ara pɛ, Farao sesaa n’adwene.
Mose kaa sɛ: ‘Mɛma mmoadabi anaa mmɛbɛ abɛwe biribiara a amparuwbo no ansɛe no.’ Mmoadabi bebree bɛwee biribiara a na aka wɔ afuw mu ne nnua so. Farao srɛɛ sɛ: ‘Mompa Yehowa kyɛw na ɔmma mmoadabi no nkɔ.’ Nanso bere a Yehowa maa mmoadabi no kɔe no, Farao kɔɔ so yɛɛ asoɔden.
Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Tene wo nsa kyerɛ soro.’ Ɔyɛɛ saa no, ɛhɔ ara na esum tumm bae. Nnansa, na Egyptfo no nhu biribiara. Israelfo nko ara na na hann wɔ wɔn fie.
Farao ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Wo ne wo nkurɔfo no betumi akɔ. Mo mmoa de, munnyaw wɔn wɔ ha.’ Ɛnna Mose kaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn mmoa kɔ na yɛanya bi de abɔ afɔre ama yɛn Nyankopɔn.’ Wei maa Farao bo fuwii paa. Ɔteɛteɛɛm guu wɔn so sɛ: ‘Mumfi m’ani so nkɔ. Sɛ mihu mo bio a, mekum mo.’
“Mobɛsan ahu nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipabɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Malaki 3:18