Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 21 kr. 54-kr. 55 nky. 2
  • Ɔhaw a Ɛtɔ So Du

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw a Ɛtɔ So Du
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose ne Aaron Hu Farao
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔhaw Mmiɛnsa a Edi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Hena ne Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 21 kr. 54-kr. 55 nky. 2
Israelni bi de mogya reyɛ ne pon ano

ADESUA 21

Ɔhaw a Ɛtɔ So Du

Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ ɔremma n’anim bio. Nanso ansa na ɔrefi Farao anim akɔ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnnɛ anadwo, Egyptni biara ba a odi kan bewu, efi Farao abakan so kosi akoa abakan so, obiara bewu.’

Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnyɛ aduan titiriw bi. Ɔkaa sɛ: ‘Munkum oguan anaa apɔnkye a wadi afe na momfa ne mogya no bi nyɛ mo pon anim. Montõtõ nam no na momfa paanoo a biribi a ɛma paanoo kaw biara nni mu nka ho nni. Monhyɛ mo ntaade ne mo mpaboa, na munsiesie mo ho sɛ mobɛkɔ. Ɛnnɛ anadwo yi, meremma monyɛ nkoa bio.’ Wohwɛ a wunhu sɛ Israelfo no ani begye paa?

Anadwo a obiara ada no, Yehowa bɔfo kɔɔ fie biara a ɛwɔ Egypt mu. Efie biara a na wɔmfaa mogya nyɛɛ ne pon ho no, abakan a ɔwɔ hɔ wui. Nanso afie a wɔde mogya ayɛ ho no de, ɔbɔfo no twaa mu wɔ hɔ. Egyptfo fie biara mu no, osikani fie oo, ohiani fie oo, abofra bi wui wɔ hɔ. Nanso Israelni biara ba anwu.

Farao mpo abakan wui. Afei de na Farao nhu nea ɔnyɛ ne ho. Enti ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: ‘Monsɔre. Mumfi ha nkɔ. Monkɔsom mo Nyankopɔn. Momfa mo mmoa nkɔ!’

Bere a bosome puei no, Israelfo no boaboaa wɔn ho ano mmusua mmusua na wɔfii Egypt. Israelfo mmarima 600,000 ne mmaa ne mmofra bebree fii Egypt kɔe. Wɔn a wɔnyɛ Israelfo bebree kaa wɔn ho ne wɔn kɔe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi asom Yehowa. Afei de, na Israelfo no nyɛ nkoa bio!

Sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo bɛkae ɔkwan a Yehowa faa so gyee wɔn nti, na ɛsɛ sɛ afe biara wɔdi saa aduan titiriw no. Saa afahyɛ no, na wɔfrɛ no Twam.

Israelfo no refi Egypt

“Nea enti a mama woda so te ase ni: mepɛ sɛ mefa wo so da me tumi adi, na mema nkurɔfo bɔ me din asaase nyinaa so.”—Romafo 9:17

Nsɛmmisa: Dɛn ne ɔhaw a ɛtɔ so du no? Dɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ na ɔhaw no bi amma wɔn so?

Exodus 11:1–12:42; 13:3-10

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena