Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 27 kr. 68-kr. 69 nky. 2
  • Wɔyɛɛ Asoɔden Tiaa Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔyɛɛ Asoɔden Tiaa Yehowa
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aaron Poma Gu Nhwiren
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Fi Nokwaredi Mu Brɛ Wo Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Tumi ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • So Yehowa Nim Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ahantan De Animguase Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 27 kr. 68-kr. 69 nky. 2
Kora ne mmarima a wɔka ne ho no gyina Mose ne Aaron anim

ADESUA 27

Wɔyɛɛ Asoɔden Tiaa Yehowa

Bere bi akyi, bere a na Israelfo no wɔ sare so no, Kora, Datan, Abiram, ne mmarima foforo 250 yɛɛ asoɔden tiaa Mose. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Yɛabrɛ wo! Adɛn nti na wo na ɛsɛ sɛ wudi yɛn anim na Aaron nso yɛ ɔsɔfo panyin? Ɛnyɛ wo ne Aaron nko ara na Yehowa ka mo ho. Yɛn nso, ɔka yɛn ho.’ Nea esii no, anyɛ Yehowa dɛ. Ɔfaa no sɛ ɛyɛ ɔno na Israelfo ayɛ asoɔden atia no!

Mose ka kyerɛɛ Kora ne mmarima a wɔka ne ho no sɛ: ‘Ɔkyena, momfa ogya kukuwa anaa ade a yɛde ogya gu mu ne aduhuam na mommra ntamadan no ho. Yehowa bɛkyerɛ yɛn nea wayi no.’

Ade kyee no, Kora ne mmarima 250 no kohyiaa Mose wɔ ntamadan no ho. Mmarima no hyew aduhuam wɔ hɔ te sɛ nea wɔyɛ asɔfo. Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: ‘Montwe mo ho mfi Kora ne ne mmarima no ho.’

Kora kɔɔ Mose nkyɛn wɔ ntamadan no ho, nanso Datan, Abiram ne wɔn mmusua de, wɔankɔ hɔ. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Kora, Datan, ne Abiram ntamadan ho. Ntɛm ara na Israelfo no twee wɔn ho. Afei Datan, Abiram, ne wɔn mmusua begyinagyinaa wɔn ntamadan ano. Ɛhɔ ara na asaase mu paee, na ɛmenee wɔn! Ogya fi soro bɛhyew Kora ne ne mmarima 250 no wɔ ntamadan no ho.

Asaase no mu apae, na amene Datan, Abiram, ne wɔn mmusua

Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Ma abusua biara mu panyin mfa poma baako mmrɛ wo na kyerɛw ne din wɔ so. Nanso poma a efi Lewi abusua mu no de, kyerɛw Aaron din wɔ so. Fa ne nyinaa kogu ntamadan no mu. Afei ɔpanyin a ne poma befifi nhwiren no, ɔno na mayi no.’

Ade kyee no, Mose koyii poma no nyinaa, na ɔde kyerɛɛ mpanyimfo no. Ná Aaron poma no afifi nhwiren, na na aduaba bi a yɛfrɛ no ɔsonkoran abere wɔ so. Yehowa nam saa kwan yi so kyerɛɛ sɛ Aaron na wayi no sɛ ɔsɔfo panyin.

“Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn.”—Hebrifo 13:17

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Kora ne ne mmarima no yɛɛ asoɔden tiaa Mose? Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa na oyii Aaron sɛ ɔsɔfo panyin?

Numeri 16:1–17:13; 26:9-11; Dwom 106:16-18

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena