Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 33 kr. 82-kr. 83 nky. 2
  • Rut Ne Naomi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Rut Ne Naomi
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Rut ne Naomi
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Baabi a Wobɛkɔ No, Ɛhɔ na Mɛkɔ”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Rut Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Baabi a Wobɛkɔ no, Ɛhɔ na Mɛkɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 33 kr. 82-kr. 83 nky. 2
Naomi reka akyerɛ Rut sɛ ɔnkɔ ne kurom

ADESUA 33

Rut Ne Naomi

Ɔkɔm kɛse bi sii Israel. Saa bere no, ɔbea bi a yɛfrɛ no Naomi, ne ne kunu, ne ne mmabarima mmienu tu kɔɔ Moab asaase so. Akyiri yi, Naomi kunu wui. Ne mmabarima no waree Moabfo mmea. Baako de Rut, ɛnna baako nso de Orpa. Awerɛhosɛm ne sɛ, ne mmabarima no nso wui.

Naomi tee sɛ ɔkɔm a asi Israel no aba awiei. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom. Rut ne Orpa ne no sii kwan so kɔe. Wɔrekɔ no, Naomi ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Momaa me mma no nyaa aware pa, na me nso mo ne me tenaa yiye. Mepɛ sɛ mo mmienu nyinaa, mosan ware bio. Monsan nkɔ mo kurom Moab.’ Mmea no kaa sɛ: ‘Yɛdɔ wo! Yɛmpɛ sɛ yebegyaw wo hɔ akɔ.’ Naomi kɔɔ so ara ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan wɔn akyi nkɔ. Awiei koraa no, Orpa san n’akyi kɔe, nanso Rut de wankɔ. Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Orpa resan akɔ ne nkurɔfo ne n’anyame nkyɛn. Wo ne no nkɔ, na kɔ wo maame fie.’ Nanso Rut kaa sɛ: ‘Merenkɔ nnyaw wo hɔ. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.’ Wohwɛ a, asɛm a Rut kae no, ɛmaa Naomi tee nka sɛn?

Rut ne Naomi duu Israel no, na wɔafi ase retwa atoko. Da bi, Rut kɔɔ ɔbarima bi a yɛfrɛ no Boas afuw mu sɛ ɔrekɔsesaw atoko a wɔatwa awie no ase. Ná Boas maame ne Rahab. Boas tee sɛ Rut yɛ Moabni, na ɔne Naomi atena fɛfɛɛfɛ. Ɔka kyerɛɛ nnipa a wɔyɛ adwuma wɔ n’afuw mu no sɛ, ɛyɛ a wɔnnyaw atoko kakra na sɛ Rut ba a, wabɛsesaw.

Rut reboaboa atoko ano wɔ Boas afuw mu

Saa anwummere no, Naomi bisaa Rut sɛ: ‘Hena afuw mu na wokɔyɛɛ adwuma nnɛ?’ Ɛnna Rut kaa sɛ: ‘Mekɔɔ ɔbarima bi a yɛfrɛ no Boas afuw mu.’ Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Boas yɛ me kunu busuani. Kɔ so ara ne mmea a aka no nyɛ adwuma wɔ n’afuw no mu. Obiara renhaw wo wɔ hɔ.’

Naomi, Boas, Rut, ne Obed

Rut yɛɛ adwuma wɔ Boas afuw mu kosii sɛ wɔtwaa atoko no wiei. Boas huu sɛ Rut pɛ adwuma paa, na ɔyɛ ɔbea pa. Saa bere no, sɛ ɔbarima bi wu na wanwo mma a, wɔma ne busuani ware ne yere a wawu agyaw no hɔ no. Enti Boas waree Rut. Wɔwoo ba, na wɔtoo ne din Obed. Akyiri yi, Obed bɛyɛɛ Ɔhene Dawid nanabarima. Naomi nnamfo ani gyei. Enti wɔkaa sɛ: ‘Yehowa dii kan de Rut maa wo, na ɔne wo dii no yiye. Afei Rut awo ɔbarima ama wo. Nhyira nka Yehowa.’

“Adamfo bi de, ɔntwe ne ho da, ɔkyɛn onua mpo.”—Mmebusɛm 18:24

Nsɛmmisa: Dɛn na Rut yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔdɔ Naomi? Ɔkwan bɛn so na Yehowa hwɛɛ Rut ne Naomi?

Rut 1:1–4:22; Mateo 1:5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena