Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 38 kr. 92-kr. 93 nky. 2
  • Yehowa Maa Samson Ahoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Maa Samson Ahoɔden
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa Hoɔdenfo a Ɔsen Biara
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Simson Dii Nkonim Denam Yehowa Ahoɔden So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Fa Wo Ho To Yehowa So Sɛnea Samson Yɛe No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 38 kr. 92-kr. 93 nky. 2
Samson piaa adum a ɛwɔ Dagon asɔrefie no, na ɔdan no dwiriw gui

ADESUA 38

Yehowa Maa Samson Ahoɔden

Israelfo no pii san kɔsom abosom bio. Enti Yehowa maa Filistifo no dii wɔn so. Nanso na Israelfo no bi wɔ hɔ a wɔdɔ Yehowa. Ná yɛfrɛ wɔn mu baako Manoa. Ná ɔne ne yere nni mma. Da bi, Yehowa somaa ɔbɔfo ma ɔkɔɔ Manoa yere nkyɛn. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wobɛwo ɔbabarima. Obegye Israelfo afi Filistifo nsam. Ɔbɛyɛ Nasirini.’ Ná Nasirifo yɛ nnipa bɛn? Ná wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔahyɛ da apaw wɔn. Ná ɛnsɛ sɛ Nasirifo twitwa wɔn ti nwi.

Bere bi akyi no, Manoa woo ne babarima no, na ɔtoo ne din Samson. Bere a Samson nyinii no, Yehowa maa ne ho yɛɛ den paa. Ná otumi de ne nsapan kum gyata. Da bi de, Samson nko ara kum Filistifo 30. Ná Filistifo no mpɛ n’asɛm koraa. Enti na wɔpɛ kwan a wɔbɛfa so akum no. Anadwo bi, na Samson ada wɔ Gasa. Atamfo no kogyinaa kurow no pon ano, na wɔtwɛn no wɔ hɔ sɛ ade kye anɔpa a wɔbekum no. Nanso eduu anadwo dasum no, Samson sɔree, na ɔkɔɔ kurow no pon ano. Oduu hɔ no, otuu kurow no pon no fii ɔfasu no mu. Ɔde pon no too ne mmati, na ɔde foro kɔɔ bepɔw bi a ɛbɛn Hebron so!

Akyiri yi, Filistifo no kɔɔ ɔbaa bi a na Samson pɛ sɛ ɔware no hɔ. Ná yɛfrɛ ɔbaa no Delila. Wɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: ‘Sɛ wutumi hu nea enti a Samson ho yɛ den saa a, yɛbɛma wo nnwetɛbona mpempem pii. Yɛpɛ sɛ yɛkyere no na yɛde no to afiase.’ Ná Delila pɛ sika no, enti ɔpenee so. Mfiase no, Samson anka nea enti a ne ho yɛ den saa no ankyerɛ Delila. Nanso Delila haw no ara kosii sɛ ɔkaa ne tirim asɛm kyerɛɛ no. Samson ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Efi bere a yɛwoo me, wɔntwitwaa me ti nwi da efisɛ meyɛ Nasirini. Sɛ wɔtwitwa me ti nwi a, m’ahoɔden nyinaa bɛsa.’ Wunhu sɛ Samson dii mfomso paa sɛ ɔkaa saa kyerɛɛ ɔbaa no?

Ntɛm ara na Delila kɔka kyerɛɛ Filistifo no sɛ: ‘Mahu n’ahintasɛm no!’ Ɔmaa Samson de ne ti too ne srɛ so dae. Ɛnna ɔmaa obi twitwaa ne ti nwi no. Delila teɛɛm sɛ: ‘Samson, Filistifo no aba oo!’ Samson sɔree, nanso na n’ahoɔden no asa. Filistifo no kyeree no, wɔtutuu n’ani, na wɔde no too afiase.

Da bi, Filistifo mpempem pii hyiae wɔ wɔn nyame Dagon asɔrefie. Wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Yɛn nyame akyere Samson ama yɛn! Momfa Samson mmra! Momma yenni ne ho agorɔ.’ Wɔde no gyinaa adum mmienu ntam, na wɔdii ne ho agorɔ. Samson teɛɛm sɛ: ‘O Yehowa, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio.’ Eduu saa bere no, na Samson ti nwi no asan afuw bio. Enti osoo Dagon asɔrefie adum no mu, na ɔde n’ahoɔden nyinaa piae. Ɔdan no nyinaa dwiriw gui, na ekum nnipa a wɔwɔ asɔrefie hɔ nyinaa. Samson nso wui.

“Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.”—Filipifo 4:13

Nsɛmmisa: Dɛn na ɛmaa Samson nyaa ahoɔden saa? Bere a Samson kaa nea enti a ne ho yɛ den kyerɛɛ Delila no, dɛn na esii?

Atemmufo 13:1–16:31

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena