Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 39 kr. 96
  • Israel Hene a Odi Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Israel Hene a Odi Kan
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Saul—Israel Hene a Odi Kan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Osetie Ye Sen Afɔre”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ogyinaa mu Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Wampa Abaw Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 39 kr. 96
Ɔhene Saul aso Samuel ataade nguguso ano ama atew

ADESUA 39

Israel Hene a Odi Kan

Yehowa maa Israelfo no atemmufo sɛ wɔnni wɔn anim. Nanso na Israelfo no pɛ ɔhene. Wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa wɔ ahemfo. Yɛn nso yɛpɛ bi.’ Samuel tee nka sɛ ɔman no adi mfomso, enti ɔbɔɔ Yehowa mpae kaa ho asɛm kyerɛɛ no. Yehowa nso ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Ɛnyɛ wo na ɔman no apo wo. Me na wɔapo me. Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔbenya ɔhene, nanso ɔhene no bɛhwehwɛ nneɛma pii afi wɔn hɔ.’ Ne nyinaa akyi no, nkurɔfo no kaa sɛ: ‘Ɛmfa yɛn ho. Yɛn de, ɔhene ara na yɛpɛ!’

Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul na ɔbɛyɛ ɔhene a odi kan. Bere a Saul kɔsraa Samuel wɔ Rama no, Samuel hwiee ngo guu n’apampam sraa no sɛ ɔhene.

Akyiri yi, Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa hyiae sɛ ɔde wɔn hene foforo no rebɛkyerɛ wɔn. Nanso na wɔhwehwɛ Saul wɔ baabiara a, wɔnhu no. Wunim nea enti? Efisɛ na ɔde ne ho akosie nneɛma bi mu. Bere a wɔhuu Saul no, wɔyii no bae. Afei wɔma obegyinaa ɔman no mfinimfini. Ná Saul ware sen wɔn nyinaa, na na ne ho yɛ fɛ paa nso. Samuel kaa sɛ: ‘Monhwɛ nea Yehowa apaw no.’ Ɔman no nyinaa teɛɛm sɛ: ‘Ɔhene nnya nkwa!’

Mfiase no, Ɔhene Saul tiee Samuel, na odii Yehowa asɛm so. Nanso ne suban sesae. Nhwɛso bi ni. Bere bi, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔntwɛn no na ɔreba abɛbɔ afɔre. Nanso Samuel amma ntɛm. Enti Saul ankasa bɔɔ afɔre no. Ná ɛnsɛ sɛ ɔhene bɔ afɔre. Dɛn na Samuel yɛɛ wɔ ho? Ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Anka ɛnsɛ sɛ woyɛ Yehowa so asoɔden.’ Saul suaa biribi fii mu anaa?

Akyiri yi, Saul ne Amalekfo no kɔkoe. Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ onkunkum Amalekfo no nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔma onipa baako mpo ka. Nanso Saul ankum Ɔhene Agag. Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Saul agyaw me hɔ, na ontie m’asɛm.’ Asɛm no yɛɛ Samuel yaw, na ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Esiane sɛ wuntie Yehowa asɛm bio nti, Yehowa bɛpaw ɔhene foforo.’ Bere a Samuel dan ne ho sɛ ɔrekɔ no, Saul soo Samuel ataade nguguso ano, na ɛtewee. Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Yehowa agye ahenni no afi wo nsam.’ Ná Yehowa de ahenni no bɛma obi a ɔbɛdɔ no na watie n’asɛm.

“Osetie ye sen afɔre.”—1 Samuel 15:22

Nsɛmmisa: Dɛn na Israelfo no kaa sɛ wɔrehwehwɛ? Adɛn nti na Yehowa poo Saul sɛ ɔhene?

1 Samuel 8:1-22; 9:1, 2, 15-17; 10:8, 20-24; 13:1-14; 15:1-35

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena