Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 40 kr. 98-kr. 99 nky. 2
  • Dawid Ne Goliat

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dawid Ne Goliat
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔko no Yɛ Yehowa Dea”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Dawid ne Goliat
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Dawid Ansuro
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • ‘Ɔko no Yɛ Yehowa Dea’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 40 kr. 98-kr. 99 nky. 2
Dawid retow ɔbo abɔ Goliat

ADESUA 40

Dawid Ne Goliat

Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Kɔ Yese fie. Ne mmabarima no mu baako na ɔbɛyɛ Israel hene a odi hɔ.’ Enti Samuel kɔɔ Yese fie. Bere a ohuu Yese babarima panyin no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: ‘Ɛbɛyɛ sɛ aberante yi na Yehowa ayi no.’ Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɛnyɛ ɔno. Yehowa kaa sɛ: ‘Mehwɛ nea ɛwɔ onipa komam, ɛnyɛ nea aniwa tua.’

Samuel resra Dawid ngo

Yese maa ne mmabarima nsia a aka no baa Samuel anim. Nanso Samuel kaa sɛ: ‘Yehowa nyii wɔn mu biara. Wunni babarima foforo biara wɔ hɔ?’ Yese kaa sɛ: ‘Aka baako wɔ hɔ. Ɔno na ɔyɛ kumaa koraa, yɛfrɛ no Dawid. Ɔde me nguan kɔ adidi.’ Bere a Dawid bae no, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Ɔno ni!’ Samuel hwiee ngo guu Dawid apampam, na ɔsraa no sɛ ɔno na daakye obedi Israel so hene.

Goliat

Bere bi akyi no, Israelfo ne Filistifo kɔkoe. Saa bere no, na Filistifo no wɔ ɔbarima tenten kakraka bi a ɔko ma wɔn. Ná onim ɔko yiye. Yɛfrɛ no Goliat. Da biara da, na ɔserew Israelfo no di wɔn ho agorɔ. Ɛyɛ a ɔteɛm sɛ: ‘Momma me ɔbarima na me ne no nko. Sɛ odi nkonim a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Sɛ me nso midi nkonim a, mobɛyɛ yɛn nkoa.’

Ná Dawid nuanom mpanyimfo yɛ asogyafo. Enti ɔde aduan kɔmaa wɔn wɔ baabi a Israel asogyafo wɔ no. Oduu hɔ no, ɔtee asɛm a Goliat reka no, enti Dawid kaa sɛ: ‘Me ne no bɛko!’ Ɔhene Saul kaa sɛ: ‘Woyɛ abofra koraa.’ Dawid buaa no sɛ: ‘Yehowa bɛboa me.’

Saul de nneɛma a ɔde kɔ ɔko no maa Dawid. Nanso Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Merentumi mfa saa nneɛma yi nni ako.’ Dawid faa n’ataabo anaa ne tae, na ɔkɔɔ nsu bi ho. Ɔsesaa abo a ɛho yɛ tromtrom nnum de guu ne kotoku mu. Afei Dawid tuu mmirika hyiaa Goliat. Ɔbran no teɛɛm sɛ: ‘Abofra ketewa, bra ha. Mede wo nam bɛma wim nnomaa ne wuram mmoa.’ Ná Dawid nsuro. Ɔno nso teɛɛm sɛ: ‘Wode nkrante ne peaw na ɛreba me so, nanso me de, mede Yehowa din na ɛreba wo so. Ɛnyɛ yɛn na woreko atia yɛn; woreko atia Onyankopɔn. Ɛnnɛ, obiara behu sɛ Yehowa ho yɛ den sen nkrante ne peaw. Ɔde mo nyinaa bɛhyɛ yɛn nsa.’

Dawid de ɔbo hyɛɛ ne tae no mu, na ɔde n’ahoɔden nyinaa towee. Yehowa boaa Dawid, enti ɔbo no kɔbɔɔ Goliat moma so, na ewuraa ne tirim. Ɔbran no hwee fam wui, ɛnna Filistifo no guanee. Sɛnea Dawid de ne ho too Yehowa so no, saa ara na wo nso woyɛ anaa?

“Nnipa fam de, ɛrentumi nyɛ yiye, nanso ɛnte saa wɔ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”—Marko 10:27

Nsɛmmisa: Hena na Yehowa yii no sɛ Israel hene a odi hɔ? Ɛyɛɛ dɛn na Dawid dii Goliat so nkonim?

1 Samuel 16:1-13; 17:1-54

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena