Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 42 kr. 102-kr. 103 nky. 3
  • Yonatan Wɔ Akokoduru Na Ɔyɛ Ɔnokwafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yonatan Wɔ Akokoduru Na Ɔyɛ Ɔnokwafo
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yonatan ‘Ɔne Nyankopɔn na Ɛyɛɛ Adwuma’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yonatan ‘Ɔbarima Biako Wɔ Apem Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Biribiara ‘Nyɛ Den Mma Yehowa’
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 42 kr. 102-kr. 103 nky. 3
Yonatan ne ne somfo a okura n’akode no

ADESUA 42

Yonatan Wɔ Akokoduru Na Ɔyɛ Ɔnokwafo

Ɔhene Saul ba panyin ne Yonatan. Ná onim sɛnea wodi ako, na na ɔwɔ akokoduru paa. Dawid kaa sɛ, Yonatan ho yɛ hare sen ɔkɔre, na ne ho yɛ den sen gyata. Da bi, Yonatan huu Filistifo asogyafo 20 wɔ bepɔw bi so. Ɔka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: ‘Sɛ Yehowa ma yɛn sɛnkyerɛnne bi nko ara a, yɛne wɔn bɛko. Sɛ Filistifo no ka sɛ yɛmmra a, ɛbɛma yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ wɔn so.’ Filistifo no teɛɛm sɛ: ‘Mommra ma yɛnko!’ Enti mmarima mmienu no foroo bepɔw no, na wɔkodii asogyafo no so nkonim.

Yonatan de ne nneɛma bi rema Dawid

Esiane sɛ na Saul ba panyin ne Yonatan nti, sɛ Saul wu a, na Yonatan na obedi n’ade. Nanso na Yonatan nim sɛ Yehowa apaw Dawid sɛ Israel hene a odi hɔ. Ne nyinaa akyi, Yonatan ani ammere Dawid. Yonatan ne Dawid faa adamfo denneennen. Wɔn mmienu nyinaa hyɛɛ wɔn ho bɔ sɛ obiara bɛbɔ ne yɔnko ho ban na wɔaboa wɔn ho wɔn ho. Yonatan de n’ataade nguguso, ne nkrante, n’agyan, ne n’abɔso anaa ne bɛlt maa Dawid de kyerɛɛ sɛ ampa wɔyɛ nnamfo.

Bere a Saul nti Dawid reguan no, Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ma wo bo nyɛ duru na nya akokoduru. Yehowa ayi wo sɛ wobɛyɛ Israel so hene. Me papa koraa nim saa.’ Wowɔ adamfo pa te sɛ Yonatan a, anka wompɛ?

Yonatan de ne nkwa too ne nsam boaa n’adamfo Dawid mpɛn pii. Ná onim sɛ Ɔhene Saul pɛ sɛ okum Dawid, enti ɔka kyerɛɛ ne papa Saul sɛ: ‘Wukum Dawid a, woayɛ bɔne. Ɔnyɛɛ bɔne biara.’ Saul bo fuw Yonatan paa. Mfe bi akyi no, Saul ne Yonatan kɔɔ ɔko, na wowui.

Yonatan wui akyi no, Dawid hwehwɛɛ Yonatan ba Mefiboset. Bere a Dawid huu Mefiboset no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ná wo papa yɛ m’adamfo paa, enti wo nkwa nna nyinaa mɛhwɛ wo. Wobɛtena m’ahemfie na wubedidi me pon so.’ Dawid werɛ amfi n’adamfo Yonatan da.

“Monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no. Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa to hɔ ma ne nnamfo.”—Yohane 15:12, 13

Nsɛmmisa: Dɛn na Yonatan yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ akokoduru? Dɛn na Yonatan yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo anaa adamfo pa?

1 Samuel 14:1-23; 18:1-4; 19:1-6; 20:32-42; 23:16-18; 31:1-7; 2 Samuel 1:23; 9:1-13

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena