Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 45 kr. 110-kr. 111 nky. 2
  • Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔpae Ahenni no Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yehowa Rennyaw N’anokwafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ná Anka Obetumi Anya Onyankopɔn Anim Dom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ahene Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 45 kr. 110-kr. 111 nky. 2
Ahiya retetew ne ntama mu akyɛ mu 12 wɔ Yeroboam anim

ADESUA 45

Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu

Bere a Solomon som Yehowa no nyinaa, na asomdwoe wɔ Israel. Nanso Solomon waree mmea pii fii aman foforo so. Ná saa mmea yi som abosom. Nkakrankakra, Solomon sesae, na ɔno nso fii ase som abosom. Yehowa bo fuwii. Ɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: ‘Mehwim Israel afi w’abusua nsam na makyɛ mu mmienu. Mede ɔfã kɛse no bɛma wo nkoa no mu baako, na ketewa a aka no na w’abusua bedi so.’

Yehowa faa ɔkwan foforo so maa n’asɛm yi mu daa hɔ. Ná Solomon nkoa no mu baako a yɛfrɛ no Yeroboam retu kwan. Bere a ɔnam kwan so no, ohyiaa odiyifo Ahiya. Ahiya tetew ɔno ara ntama a ɛkata ne ho mu, na ɔkyɛɛ mu 12. Afei ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: ‘Yehowa begye Israel ahenni afi Solomon abusua nsam na wakyɛ mu mmienu. Ntama a matetew mu yi, fa emu du, efisɛ wubedi mmusuakuw du so.’ Ɔhene Solomon tee ho asɛm, enti na ɔpɛ sɛ okum Yeroboam! Yeroboam guan kɔɔ Egypt. Bere bi akyi, Solomon wui, na ne ba Rehoboam bɛyɛɛ ɔhene. Saa bere no, Yeroboam huu sɛ afei de obetumi asan aba Israel.

Israelfo pii rebɔ afɔre ama sika nantwi ba honi a Yeroboam yɛe no

Israel mpanyimfo ka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: ‘Sɛ wo ne ɔman no di no yiye a, wɔbedi nokware ama wo.’ Nanso Rehoboam nnamfo a wɔyɛ mmerante ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ woma wo nsa yɛ den wɔ ɔman no so! Ma wɔnyɛ adwumaden paa!’ Rehoboam tiee ne nnamfo mmerante no afotu. Ne tirim yɛɛ den wɔ ɔman no so, enti ɔmanfo no sɔre tiaa no. Wɔmaa Yeroboam yɛɛ ɔhene wɔ mmusuakuw du so. Ɛno na wɔbɛfrɛɛ no Israel ahemman no. Mmusuakuw mmienu a aka no nso, wɔfrɛɛ no Yuda ahemman. Wɔn de, wɔdii nokware maa Rehoboam. Israel mmusuakuw 12 no, afei de na emu akyɛ.

Ná Yerusalem wɔ Rehoboam ahenni mu, na na Yeroboam mpɛ sɛ ne nkurɔfo no kɔ hɔ kɔsom. Wunim nea ntia? Ná Yeroboam suro sɛ wɔbegyae n’akyi di, na wɔasan akodi Rehoboam akyi. Enti Yeroboam yɛɛ sika anantwi mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: ‘Yerusalem wɔ akyirikyiri dodo. Mubetumi asom wɔ ha yi ara.’ Ɔman no fii ase som sika anantwi mma no, na wɔn werɛ fii Yehowa bio.

“Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro. Na ayɔnkofa bɛn na trenee ne bɔne wɔ? . . . Anaasɛ dɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ yɛ?”—2 Korintofo 6:14, 15

Nsɛmmisa: Adɛn nti na wɔkyɛɛ Israel mu mmienu? Nneɛma bɔne bɛn na Ɔhene Rehoboam ne Ɔhene Yeroboam yɛe?

1 Ahene 11:1-13, 26-43; 12:1-33

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena