Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 47 kr. 114-kr. 115 nky. 3
  • Yehowa Hyɛɛ Elia Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Hyɛɛ Elia Den
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • So Ɛyɛ a Wote Nka sɛ Aka Wo Nko Ara Ma Ehu Aka Wo?
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • So Wobɛyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Elia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ogyinaa Mu Kosii Awiei
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 47 kr. 114-kr. 115 nky. 3
Elia apue afi ɔbodan bi mu wɔ Horeb Bepɔw so, na ɔretie asɛm a Onyankopɔn bɔfo bi reka

ADESUA 47

Yehowa Hyɛɛ Elia Den

Yesebel tee nea ato Baal adiyifo no, na ne bo fuwii paa. Ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Ɔkyena, wubewu te sɛ Baal adiyifo no.’ Elia koma tui, enti oguan kɔɔ sare so. Ɛnna ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, afei de mabrɛ. Wo de, ma minwu.’ Esiane sɛ na Elia abrɛ nti, ɔdae wɔ dua bi ase.

Ɔbɔfo bi nyanee Elia, na ɔka kyerɛɛ no bɔkɔɔ sɛ: ‘Sɔre na didi.’ Elia huu sɛ paanoo gu abo hyehyeehye bi so, na toa a nsu wom nso ka ho. Odidii na ɔnom nsu no, na ɔsan dae. Ɔbɔfo no san nyanee no bio, na ɔkaa sɛ: ‘Didi. Wuhia ahoɔden a wode betwa kwan no.’ Enti Elia san didii. Ɛno akyi no, otwaa kwan nna mmaako mmaako 40 awia ne anadwo kosii sɛ oduu Horeb Bepɔw so. Elia duu hɔ no, ɔkɔhyɛɛ ɔbodan bi mu na ɔdae. Nanso Yehowa ne no bɛkasae. Obisaa Elia sɛ: ‘Elia, woreyɛ dɛn wɔ ha?’ Elia buaa sɛ: ‘Ɛbɔ a Israelfo hyɛɛ wo no, wɔanni so. Wɔasɛe w’afɔremuka, na wɔakum w’adiyifo. Afei de, wɔpɛ sɛ wɔkum me nso.’

Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔ na kogyina bepɔw no so.’ Mfiase no, mframa kɛse bi bɔ faa ɔbodan no anim. Afei asaase wosowee, na ogya nso dii akyi bae. Awiei koraa, Elia tee sɛ ɛnne bi a ano nyɛ den ne no rekasa bɔkɔɔ. Ɔde n’ataade kataa n’anim, na opue fii ɔbodan no mu. Afei Yehowa bisaa no nea enti a ɔreguan. Elia kaa sɛ: ‘Aka me nko ara.’ Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnkaa wo nko ara. Nnipa 7,000 wɔ Israel a wɔda so ara som me. Kɔ na kɔpaw Elisa sɛ odiyifo na onsi w’ananmu.’ Ntɛm ara, Elia kɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Wo nso, sɛ woyɛ nea Yehowa pɛ a, wunnye nni sɛ ɔbɛboa wo? Aane, ɔbɛboa wo. Ma yɛnhwɛ biribi a esii bere a ɔpɛ no bae no.

“Mommma dadwen nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu. Mmom ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim.”—Filipifo 4:6

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Elia guan peree ne nkwa? Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Elia?

1 Ahene 19:1-18; Romafo 11:2-4

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena