Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 48 kr. 116-kr. 117 nky. 1
  • Okunafo Bi Babarima San Baa Nkwa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Okunafo Bi Babarima San Baa Nkwa Mu
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sarefat Kunafo no Nyaa Ne Gyidi So Akatua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Wowɔ Gyidi A Ɛte Sɛ Elia De No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • So Wobɛyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Elia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 48 kr. 116-kr. 117 nky. 1
Elia refrɛ okunafo bi a ɔreboaboa nnyina anaa nnua ano

ADESUA 48

Okunafo Bi Babarima San Baa Nkwa Mu

Esiam a ɛwɔ kuku mu ne ngo a ɛwɔ kuku mu

Bere a ɔpɛ sii no, Yehowa ka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Sɔre kɔ Sarefat. Wokɔ hɔ a, okunafo bi bɛma wo aduan.’ Elia duu kurow no pon ano no, ohuu okunafo hiani bi sɛ ɔresesa nnyina anaa nnua a ɔde bɛsɔ gya. Ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no nsu kakra nnom. Bere a ɔbea no rekɔsaw nsu no aba no, Elia frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mesrɛ wo, fa paanoo kakra brɛ me.’ Nanso okunafo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Minni paanoo biara a mede bɛma wo. Esiam ne ngo kakraa bi na aka a me ne me babarima de bɛyɛ aduan kakra adi.’ Elia ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ woto paanoo ma me a, esiam a wowɔ ne wo ngo no rensa da kosi sɛ nsu bɛsan atɔ.’

Enti okunafo no kɔɔ fie kɔtoo paanoo maa Yehowa diyifo no. Sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no, ampa okunafo no ne ne ba no aduan no ansa da wɔ ɔpɛ bere no mu. Esiam a na ɛwɔ ɔbea no kuku mu ne ne ngo no, ɛso antew da.

Akyiri yi, asɛm bɔne bi sii. Yare kɛse bi bɔɔ okunafo no ba abarimaa no maa no wui. Okunafo no srɛɛ Elia sɛ ɔmmoa no. Elia gyee abofra no fii ne maame nsam, na ɔde no foro kɔɔ abansoro dan bi mu wɔ ɔbea no fie. Elia de abofra no too mpa so, na ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, mesrɛ wo ma abofra yi mmra nkwa mu bio.’ Sɛ Yehowa nyan abofra no a, wunim nea enti a na ɛbɛyɛ nwanwa? Efisɛ ɛde besi saa bere no, na obiara nwui a wasan aba nkwa mu bio. Afei nso, na okunafo no ne ne babarima no nyɛ Israelfo mpo.

Nanso abarimaa no nkwa san baa ne mu bio, na ofii ase homee! Elia ka kyerɛɛ okunafo no sɛ: ‘Hwɛ! Wo ba no asan aba nkwa mu.’ Ɔbea no ani gyee paa, na ɔka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn nipa ampa. Nea enti a mereka saa ne sɛ, nea Yehowa bɛka sɛ ka no, ɛno nko ara na woka.’

Elia de abarimaa a wanyan no no rema ne maame

“Monhwɛ nkwaakwaadabi: Wongu aba, na wontwa nnɔbae; wonni adekoradan anaa baabi a wɔde aduan gu, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan. Mo ho nhia pii nsen nnomaa anaa?”—Luka 12:24

Nsɛmmisa: Okunafo a ɔwɔ Sarefat no, dɛn na ɔyɛ de kyerɛɛ sɛ ogye Yehowa di? Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Elia yɛ Onyankopɔn diyifo ampa?

1 Ahene 17:8-24; Luka 4:25, 26

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena