Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 49 kr. 118-kr. 119 nky. 2
  • Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesebel—Ɔhemmaa Tirimɔdenfo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yehu Gyinaa Nokware Som Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Wokeka Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Wamma Nneɛma Bɔne a Ɛkɔɔ so Ammu N’abam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 49 kr. 118-kr. 119 nky. 2
Yesebel nkoa retow no afa mpoma mu

ADESUA 49

Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso

Ná Ɔhene Ahab ahemfie wɔ Yesreel. Sɛ ogyina ahemfie hɔ na sɛ ɔhwɛ ne mpoma mu a, na otumi hu Nabot bobeturo no. Ná Ahab pɛ bobeturo no, enti ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛtɔ afi Nabot hɔ. Nanso Nabot antɔn asaase no amma no, efisɛ na Yehowa ahyɛ Mmara sɛ, ɛnsɛ sɛ obi tɔn asaase a ne papa de agyaw no. Adepa a Nabot yɛe no, Ahab ani gyee ho anaa? Daabi. Ahab bo fuwii paa. Ne bo fuwii ara ma wampue amfi ne dan mu, na wannidi mpo.

Ná Ahab yere de Ɔhemmaa Yesebel. Ná ɔbaa no tirim yɛ den. Enti ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: ‘Wo ne Israel hene. Ade a wopɛ biara, wo nsa betumi aka. Mɛgye saa asaase no ama wo.’ Afei Yesebel kyerɛw nkrataa kɔmaa kurom hɔ mpanyimfo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka sɛ Nabot aka Onyankopɔn ho asɛmmɔne, na wɔnsiw no abo nkum no. Mpanyimfo no yɛɛ nea Yesebel ka kyerɛɛ wɔn no. Afei Yesebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: ‘Nabot awu. Bobeturo no ayɛ wo dea.’

Ɛnyɛ Nabot nko ara ne onipa pa a Yesebel kum no. Okum nnipa pii a na wɔdɔ Yehowa. Ná ɔsom abosom, na na ɔyɛ nneɛma bɔne pii nso. Nneɛma bɔne a Yesebel yɛe no nyinaa, Yehowa hui. Dɛn na Yehowa yɛɛ no?

Bere a Ahab wui no, ne ba Yehoram na ɔbɛyɛɛ ɔhene. Yehowa somaa ɔbarima bi a ne din de Yehu sɛ ɔnkɔtwe Yesebel ne n’abusuafo aso.

Yehu tenaa ne teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Ɛhɔ na na Yesebel te. Yehoram tenaa ne teaseɛnam mu behyiaa Yehu, na obisaa Yehu sɛ: ‘Asomdwoe mu anaa?’ Yehu kaa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe aba bere a wo maame Yesebel reyɛ nneɛma bɔne.’ Ɛbaa saa no, Yehoram dan ne ho sɛ ɔreguan. Nanso Yehu tow agyan wɔɔ Yehoram ma owui.

Yehu reka sɛ wɔntow Yesebel mmɛto fam

Afei Yehu kɔɔ Yesebel ahemfie hɔ. Bere a Yesebel tee sɛ Yehu reba no, osiesiee ne tiri ho kama. Ɔtotoo n’ani akyi ne n’ano. Ɔforo kɔɔ abansoro no so kogyinaa mpoma mu twɛn Yehu. Enti Yehu duu hɔ no, Yesebel kyiaa no abufuw so. Wei ma yehu sɛ na ommu ade koraa. Yehu teɛɛm ka kyerɛɛ Yesebel nkoa a wɔgyina ne nkyɛn no sɛ: “Montow no nhwe fam!” Enti wɔtow Yesebel faa mpoma mu bɛhwee fam, na owui.

Ɛno akyi no, Yehu kum Ahab mmabarima 70, na oyii Baal som fii asaase no so. Wunnye nni sɛ Yehowa nim biribiara, na bere pa mu no, ɔtwe wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne aso?

“Agyapade a wɔde adifudepɛ nyae mfiase no, n’awiei renyɛ nhyira.”—Mmebusɛm 20:21

Nsɛmmisa: Dɛn na Yesebel yɛ de gyee Nabot bobeturo no? Adɛn nti na Yehowa twee Yesebel aso?

1 Ahene 21:1-29; 2 Ahene 9:1–10:30

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena