Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 50 kr. 120-kr. 121 nky. 5
  • Yehowa Ko Maa Yehosafat

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ko Maa Yehosafat
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehosafat De Ne Ho To Yehowa So
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Ɛnyɛ Mo Na Ɔsa Yi Wɔ Mo, Na Ɛwɔ Onyankopɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Munnya Yehowa Fie Ho Nnamyɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Atɛn A Wobu Wɔ Atemmu Bon Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 50 kr. 120-kr. 121 nky. 5
Ɔhene Yehosafat ne Lewi nnwontofo di asogyafo no anim repue afi Yerusalem

ADESUA 50

Yehowa Ko Maa Yehosafat

Ná Yehosafat yɛ Yuda hene. Ɔsɛee Baal afɔremuka a wɔde bɔ afɔre no ne abosom a ɛwɔ asaase no so nyinaa. Ná ɔpɛ sɛ Yudafo no hu Yehowa mmara. Enti ɔmaa ɔman no mu mpanyimfo ne Lewifo kɔɔ Yuda nkurow nyinaa mu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Yehowa mmara.

Aman a ɛbɛn Yuda no de, na wɔsuro sɛ wɔne Yudafo bɛko. Ná wɔnim sɛ Yehowa ka ne nkurɔfo ho. Wɔde akyɛde mpo brɛɛ Ɔhene Yehosafat. Nanso Moabfo, Ammonfo, ne nkurɔfo a wɔwɔ Seir baa sɛ wɔne Yudafo rebɛko. Ná Yehosafat nim sɛ ohia Yehowa mmoa. Enti ɔmaa mmarima, mmea, ne mmofra no nyinaa baa Yerusalem. Ogyinaa wɔn nyinaa anim bɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, sɛ wonka yɛn ho a, yɛrentumi nni nkonim. Yɛsrɛ wo, kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.’

Yehowa buaa mpae no sɛ: ‘Nsuro. Mɛboa wo. Munkogyinagyina hɔ, monyɛ komm na monhwɛ sɛnea megye mo nkwa.’ Dɛn na Yehowa yɛ de gyee wɔn?

Ade kyee no, Yehosafat yiyii nnwontofo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkodi asogyafo no anim. Nnwontofo no too nnwom fii Yerusalem kɔɔ baabi a wɔrekɔko no. Ná wɔfrɛ hɔ Tekoa.

Bere a nnwontofo no de nne kɛse too nnwom yii Yehowa ayɛ no, Yehowa ko maa ne nkurɔfo. Ɔmaa Ammonfo ne Moabfo no adwene yɛɛ basaa. Wɔfii ase kunkum wɔn ho. Baako mpo anka. Nanso Yehowa bɔɔ Yudafo no, asogyafo no, ne asɔfo no ho ban. Nkurow a ɛbemmɛn Yuda nyinaa tee nea Yehowa ayɛ no. Wei ma wɔhuu sɛ na Yehowa da so ara reko ma ne nkurɔfo. Ɛyɛ a dɛn na Yehowa yɛ de gye ne nkurɔfo? Ɔfa akwan pii so na ɛyɛ saa. Onhia onipa biara mmoa ansa na watumi ayɛ saa.

“Ɔko yi, ɛnyɛ mo na mobɛko. Munkogyinagyina hɔ, monyɛ komm na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa.”—2 Beresosɛm 20:17

Nsɛmmisa: Ná Yehosafat yɛ ɔhene bɛn? Dɛn na Yehowa yɛ de bɔɔ Yudafo no ho ban?

2 Beresosɛm 17:1-19; 20:1-30

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena