Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 58 kr. 140-kr. 141 nky. 3
  • Wɔsɛee Yerusalem

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔsɛee Yerusalem
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Som “Amanaman Hene” No Na Nya Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho—Sida Dua Kɛse No
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Odiyifo A Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Yehowa Betua Obiara Ka Sɛnea Ne Nnwuma Te
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 58 kr. 140-kr. 141 nky. 3
Yerusalem ne asɔrefie no rehyew

ADESUA 58

Wɔsɛee Yerusalem

Yudafo no gyaee Yehowa akyi di mpɛn pii kɔsom atoro anyame. Yehowa yɛɛ biara sɛ ɔbɛboa wɔn. Ɔyɛɛ saa mfe pii. Ɔsomaa adiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ, nanso wɔantie. Mmom, wɔserew adiyifo no. Dɛn na Yehowa yɛ maa abosonsom no baa awiei?

Ná Babilon hene Nebukadnesar redi aman pii so nkonim. Bere a edi kan a odii Yerusalem so nkonim no, ɔkyeree Ɔhene Yehoiakin, ahemfie mpanyimfo, wɔn a wɔyɛ nsaanodwuma, ne mmarima a wɔnim ako de wɔn kɔɔ Babilon. Ɔsan faa agyapade a ɛwɔ Yehowa asɔrefie no nyinaa kɔe. Afei Nebukadnesar de Sedekia yɛɛ Yudafo no so hene.

Mfiase no, Sedekia tiee nea Nebukadnesar kae biara. Nanso atoro adiyifo ne aman a ɛbɛn Yudafo no ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, mma ontie nea Babilonfo bɛka. Yeremia bɔɔ no kɔkɔ sɛ: ‘Sɛ woyɛ asoɔden a, wɔbekunkum wo nkurɔfo, na ɔkɔm ne yare nso bɛba Yudafo so.’

Bere a Sedekia dii ade mfe nwɔtwe no, ɔyɛɛ Babilonfo so asoɔden. Ɔka kyerɛɛ Egyptfo asogyafo sɛ wɔmmoa no. Afei Nebukadnesar maa asogyafo kɔɔ Yerusalem so, na wɔtwaa kurow no ho hyiae. Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: ‘Yehowa se, sɛ wode wo ho ma Babilonfo a, wo ne wo nkurɔfo nyinaa benya nkwa. Nanso sɛ woanyɛ saa a, Babilonfo no bɛhyew Yerusalem, na wɔde wo ato afiase.’ Sedekia kaa sɛ: ‘Meremfa me ho mma Babilonfo!’

Afe ne fã akyi, Babilonfo no buu Yerusalem afasu no, na wɔkɔɔ mu kɔhyew kurow no. Wɔhyew asɔrefie no, wɔkunkum nnipa pii, na wɔde mpempem pii koguu afiase.

Sedekia guan fii Yerusalem, nanso Babilonfo no dii n’akyi. Wɔkɔkyeree no wɔ Yeriko hɔ baabi, ɛnna wɔde no brɛɛ Nebukadnesar. Babilon hene no maa wɔkunkum Sedekia mma wɔ n’anim. Afei Nebukadnesar sɛee Sedekia ani, na ɔde no too afiase. Akyiri yi, owuu wɔ hɔ. Nanso Yehowa hyɛɛ Yudafo no bɔ sɛ: ‘Mfe 70 akyi, mɛsan de mo aba mo kurom Yerusalem.’

Mmofra a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no, dɛn na ɛtoo wɔn? Wɔdii Yehowa nokware anaa?

“Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ, w’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.”—Adiyisɛm 16:7

Nsɛmmisa: Ná Nebukadnesar yɛ onipa bɛn? Dɛn na Nebukadnesar de yɛɛ Yerusalem? Ná Sedekia yɛ onipa bɛn?

2 Ahene 24:1, 2, 8-20; 25:1-24; 2 Beresosɛm 36:6-21; Yeremia 27:12-14; 29:10, 11; 38:14-23; 39:1-9; Hesekiel 21:27

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena