ADESUA 60
Ahenni a Ɛbɛtena Hɔ Daa
Anadwo bi, Ɔhene Nebukadnesar soo dae bi a na ɛyɛ hu. Ɛhaw no ara ma wantumi anna. Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkyerɛ me dae a mesoe no ase.’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘O ɔhene, ka wo dae no kyerɛ yɛn.’ Nanso Nebukadnesar ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Daabi! Monka me dae no nkyerɛ me, ɛnyɛ saa a, mekum mo.’ Wɔsan ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo de, ka wo dae no kyerɛ yɛn, na yɛn nso, yɛbɛkyerɛ wo ase.’ Ɔhene no kaa sɛ: ‘Mopɛ sɛ mudi me ho agorɔ. Monka dae a mesoe no nkyerɛ me!’ Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: ‘Nea woreka yi de, onipa biara nni asaase yi so a obetumi ayɛ. Wei de, ɛrenyɛ yiye.’
Nebukadnesar bo fuwii paa. Enti ɔkaa sɛ, wɔnkunkum anyansafo a wɔwɔ n’asaase so nyinaa. Ná Daniel, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego ka anyansafo yi ho. Daniel srɛɛ ɔhene sɛ ɔmma wɔn bere kakra. Afei ɔne ne nnamfo no bɔɔ Yehowa mpae, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmoa wɔn. Dɛn na Yehowa yɛe?
Yehowa maa Daniel nyaa anisoadehu, na oyii Nebukadnesar dae no kyerɛɛ Daniel. Afei ɔkyerɛɛ no ase. Ade kyee no, Daniel kɔɔ ɔhene somfo no hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nkum anyansafo no mu biara. Metumi akyerɛ ɔhene dae no ase.’ Ɔsomfo no de Daniel kɔɔ Nebukadnesar anim. Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: ‘Onyankopɔn akyerɛ wo nea ɛbɛba daakye. Wo dae no ni: Wuhuu ohoni kɛse bi. Ne ti yɛ sika kɔkɔɔ, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asrɛ yɛ kɔbere, n’anan yɛ dade, afei ne nan ase fã bi yɛ dade na ɔfã bi nso yɛ dɔte. Ɔbo bi tew fii bepɔw bi so, na ɛbɛbɔɔ ohoni no nan ase. Ɛyam ohoni no fekɔfekɔ, ɛnna mframa bɔ kɔe. Ɔbo no danee bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asaase so ma.’
Afei Daniel kaa sɛ: ‘Nea wo dae no kyerɛ ni: Ohoni no ti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no yɛ w’ahenni. Ahenni a ebedi w’akyi aba no ne dwetɛ no. Afei ahenni foforo bɛba a ɛte sɛ kɔbere, na ebedi asaase nyinaa so. Ahenni a edi hɔ no bɛyɛ den te sɛ dade. Awiei koraa no, ahenni bi bɛba a emu bɛpaapae. Ne fã bi bɛyɛ den te sɛ dade, na ne fã bi nso ayɛ mmerɛw te sɛ dɔte. Ɔbo a ɛbɛyɛɛ bepɔw no ne Onyankopɔn Ahenni no. Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa, na ɛno de ɛbɛtena hɔ daa.’
Nebukadnesar de n’anim butuw fam wɔ Daniel anim. Ɔkaa sɛ: ‘Wo Nyankopɔn na oyii dae yi kyerɛɛ wo. Onyankopɔn biara nni hɔ te sɛ ɔno.’ Enti Nebukadnesar ankum Daniel, mmom ɔmaa no dii anyansafo no nyinaa so, na odii Babilon mantam nyinaa so tumi. Woahu sɛnea Yehowa buaa Daniel mpaebɔ no?
“Wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.”—Adiyisɛm 16:16