Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 63 kr. 150-kr. 151 nky. 1
  • Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsaano Nkyerɛwee wɔ Fasu Ho
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Kores Ɔkɛseɛ
    Nyan!—2013
  • Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Babilon
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛmfua Anan a Ɛsakraa Wiase No
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 63 kr. 150-kr. 151 nky. 1
Onipa nsa bi rekyerɛw ɔfasu ho

ADESUA 63

Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho

Bere bi akyi no, Belsasar bɛyɛɛ Babilon hene. Anadwo bi, ɔtoo nsa frɛɛ nnipa atitiriw paa a wɔwɔ ne man mu kɔɔ paati bi ase. Ná nnipa no dodow yɛ apem. Ɔmaa ne nkoa kɔfaa sika kɔkɔɔ nkuruwa a Nebukadnesar kɔfa fii Yehowa asɔrefie no baa paati no ase. Belsasar ne nnipa a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nom nkuruwa no ano, na wɔkamfoo wɔn anyame. Mpofirim ara na onipa bi nsa bɛkyerɛw anwanwasɛm bi guu ɔdan a na wɔretow paati wom no fasu ho.

Ehu kaa Belsasar. Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: ‘Sɛ obi tumi kyerɛ me asɛm yi ase a, mɛma no tumi, na wayɛ nea ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ Babilon.’ Nkonyaayifo no kyerɛɛ wɔn adwene, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ asɛm no ase. Afei, ɔhemmaa no bɛkaa sɛ: ‘Ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Daniel a na ɔtaa kyerɛkyerɛ nsɛm mu kyerɛ Nebukadnesar. Obetumi akyerɛkyerɛ asɛm yi mu ama wo.’

Daniel baa Belsasar anim. Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: ‘Sɛ wutumi kenkan nkyerɛwee yi na wokyerɛ me ase a, mɛma wo sika kɔkɔɔ kɔnmuade, na mayɛ wo nea ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔwɔ tumi sen biara wɔ Babilon.’ Daniel kaa sɛ: ‘Mempɛ w’akyɛde no, nanso mɛkyerɛ wo asɛm yi ase. Wo papa Nebukadnesar, na ɔyɛ ahantan, na Yehowa brɛɛ no ase. Wunim nea ɛtoo no nyinaa, nanso woanom sika nkuruwa a ɔkɔfa fii Yehowa asɔrefie no ano de akyerɛ sɛ wummu Yehowa. Enti Onyankopɔn na akyerɛw saa asɛm yi: Mene, Mene, Tekel, ne Parsin. Asɛm yi ase ne sɛ, Mediafo ne Persiafo bedi Babilon so nkonim, na wɔbetu wo afi ade so anaa worenyɛ ɔhene bio.’

Ɔhene Kores asogyafo nam asubɔnten no mu reforo akɔ Babilon kurow apon ano

Ná ɛte sɛ nea obiara ntumi nni Babilon so nkonim. Ná asubɔnten bi a emu dɔ atwa kurow no ho ahyia, na na wɔato afasu a ɛyɛ den nso afa kurow no ho. Nanso, saa anadwo no ara, Mediafo ne Persiafo bɛtow hyɛɛ kurow no so. Persia hene Kores danee asubɔnten no ani kyerɛɛ baabi foforo sɛnea ɛbɛyɛ a n’asogyafo no betumi afa nsu no mu aforo akɔ kurow no pon ano. Bere a wɔduu kurow no apon ano no, na wɔabuebue apon no dedaw! Asogyafo no bɔ wuraa kurow no mu, na wɔko faa kurow no. Wɔkum ɔhene no. Afei Kores bɛyɛɛ Babilon hene.

Afe baako ntam no, Kores kaa sɛ: ‘Yehowa aka akyerɛ me sɛ, mensan nsi n’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no. Yehowa nkurɔfo mu biara a ne koma ka no a ɔpɛ sɛ ɔboa adwuma no betumi akɔboa.’ Enti sɛnea na Yehowa ahyɛ bɔ no, bere a wɔsɛee Yerusalem no, mfe 70 akyi, Yudafo pii san kɔɔ wɔn kurom. Kores san de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa, ne nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii asɔrefie hɔ no nyinaa san kɔe. Woahu sɛnea Yehowa maa Kores boaa Yehowa nkurɔfo no?

“Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase, na wabɛyɛ ahonhommɔne tenabea.”—Adiyisɛm 18:2

Nsɛmmisa: Nkyerɛwee bi a ebeguu ɔfasu bi ho no, na ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Kores sɛ ɔnyɛ?

Esra 1:1-11; Daniel 5:1-30; Yesaia 44:27–45:2; Yeremia 25:11, 12

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena