Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 65 kr. 154-kr. 155 nky. 1
  • Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mordekai ne Ester
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Ɔdwenee Ne Nkurɔfo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ester Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 65 kr. 154-kr. 155 nky. 1
Ɔhemmaa Ester rekɔ Ɔhene Ahasweros ahemfie. Asogyafo rebɔ ahemfie no ho ban denneennen

ADESUA 65

Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa

Ɔhemmaa Ester

Ester yɛ Yudani ababaa a na ɔte Persiafo kurow Susan mu. Mfe pii a na atwam no, Nebukadnesar kɔfaa Ester abusuafo fii Yerusalem. Ester busuani Mordekai na ɔtetee no. Ná Mordekai yɛ Persia hene Ahasweros akoa.

Ná Ɔhene Ahasweros pɛ ɔhemmaa foforo. Ne nkoa kɔfaa mmea a wɔn ho yɛ fɛ paa wɔ ahemman no mu brɛɛ no. Ná Ester ka ho. Bere a ɔhene no hwɛɛ mmea no nyinaa no, oyii Ester. Mordekai ka kyerɛɛ Ester sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔma obiara hu sɛ ɔno Ester yɛ Yudani.

Ɔbarima bi a ɔde Haman na na ɔyɛ ahemfie mpanyimfo no nyinaa panyin. Ná ɔyɛ ahantan, na na ɔpɛ sɛ obiara kotow no. Mordekai de, wankotow no. Enti Haman bo fuwii paa, na na ɔpɛ sɛ okum Mordekai mpo. Bere a Haman huu sɛ Mordekai yɛ Yudani no, ɔbɔɔ pɔw sɛ obekum Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa. Haman ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Yudafo no ho yɛ hu paa, enti ɛsɛ sɛ wukunkum wɔn.’ Ahasweros kaa sɛ: ‘Yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ biara.’ Ɔhene no maa Haman tumi sɛ ɔnhyɛ mmara bi. Haman hyɛɛ mmara sɛ, bosome Adar, da a ɛtɔ so 13 no, ɔmanfo no nkunkum Yudafo no nyinaa. Ná Yehowa rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.

Ná Ester nnim mmara no ho hwee. Enti Mordekai ma wɔde mmara a wɔakyerɛw no bi kɔmaa no. Mordekai ka kyerɛɛ Ester sɛ: ‘Wo ne ɔhene nkɔkasa.’ Ester kaa sɛ: ‘Sɛ ɔhene mfrɛɛ obi na onipa no kɔ n’anim a, wɔbekum no. Nna 30 ni, ɔhene mfrɛɛ me! Nanso mɛkɔ. Sɛ ɔde ne poma kyerɛ me so a, mɛtena nkwa mu. Nanso sɛ wamfa ankyerɛ me so a, ɛnde mewu.’

Ester kɔɔ ɔhene no ahemfie hɔ. Ɔhene no huu Ester no, ɔde ne poma no kyerɛɛ Ester so. Ester kɔɔ ɔhene no nkyɛn. Ɔhene no bisaa Ester sɛ: ‘Ester, dɛn na menyɛ mma wo?’ Ester kaa sɛ: ‘Meretow pon, na mepɛ sɛ wo ne Haman ba bi.’ Apontow no ase no, Ester san too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra apontow a ɛtɔ so mmienu ase. Apontow a ɛtɔ so mmienu no ase no, ɔhene no san bisaa Ester sɛ: ‘Dɛn na menyɛ mma wo?’ Ester kaa sɛ: ‘Obi rebekunkum me ne me nkurɔfo. Mesrɛ wo, gye yɛn.’ Ɔhene no bisaa Ester sɛ: ‘Hena na ɔpɛ sɛ okum mo?’ Ester kaa sɛ: ‘Ɔno ne Haman, onipabɔnefo yi.’ Ahasweros bo fuwii paa, na ɔmaa wɔkum Haman ntɛm ara.

Nanso, na obiara ntumi ntwa mmara a Haman ahyɛ no mu. Ná ɔhene no mpo ntumi ntwa mu. Enti nea ɔhene no yɛe ne sɛ, ɔde Mordekai yɛɛ ahemfie hɔ mpanyimfo no nyinaa so panyin. Ɔmaa Mordekai tumi sɛ ɔnhyɛ mmara foforo. Mmara a Mordekai hyɛe no maa Yudafo no kwan sɛ, sɛ nkurɔfo tow hyɛ wɔn so a, wɔbetumi ako agye wɔn ho. Eduu bosome Adar, da a ɛtɔ so 13 no, Yudafo no dii wɔn atamfo so nkonim. Efi saa bere no, afe biara, na Yudafo no di afahyɛ de kae nkonim a wɔdii no.

“Me nti, wɔde mo bɛkɔ amrado ne ahemfo anim, na ama moadi wɔne amanaman no adanse.”—Mateo 10:18

Nsɛmmisa: Ɛpɔw bɔne bɛn na Haman bɔ faa Yudafo no ho? Dɛn na Ester yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi?

Ester 2:5-20; 3:1–5:8; 7:1–8:14; 9:1-28

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena