Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 79 kr. 186-kr. 187 nky. 2
  • Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Nyan Awufo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ná Yesu Dɔ Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yebetumi Anyan Afi Awufo Mu!
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ɔnyanee Abofra Bi A Wawu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 79 kr. 186-kr. 187 nky. 2
Ayarefo aba Yesu nkyɛn rebɛpɛ ayaresa

ADESUA 79

Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii

Yesu baa asaase so bɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa. Yehowa maa Yesu honhom kronkron ma ɔde yɛɛ anwanwade pii de kyerɛɛ nea sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene a, ɔbɛyɛ. Otumi saa yare biara. Baabiara a ɔkɔe no, ayarefo baa ne nkyɛn bɛpɛɛ ayaresa, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Wɔn a na wɔn ani afura no huu ade, na wɔn a wɔyɛ mum nso tee asɛm. Afei wɔn a wɔabubu agu fam tumi nantewee, na wɔn a ahonhommɔne rehaw wɔn nso, otu fii wɔn so. Sɛ obi sɔ n’ataade ano mpo a, na otumi nya ayaresa. Baabi a obedu biara na nkurɔfo tu di n’akyi. Bere a ɔpɛ sɛ ogye n’ahome mpo no, wampam obiara.

Da bi, nkurɔfo de ɔbarima bi a wabubu kɔɔ baabi a Yesu te. Nanso na nnipa ahyɛ fie hɔ mã, na na nkurɔfo no nnya kwan nkɔ mu. Enti wɔtuu tokuru wɔ dan no so, ɛnna wɔde ɔbarima no faa mu kɔɔ Yesu nkyɛn. Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: ‘Sɔre nantew.’ Bere a ɔsɔre nantewee no, ɛyɛɛ nkurɔfo no nwanwa.

Bere foforo nso, na Yesu rewura akuraa bi ase, na na mmarima du bi a kwata ayɛ wɔn gyina akyiri baabi. Wɔteɛɛm sɛ: ‘Yesu, boa yɛn!’ Saa bere no, na wɔmma kwan mma akwatafo mmɛn nkurɔfo. Yesu ka kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔnkɔ asɔrefie hɔ sɛnea Yehowa Mmara no kyerɛ sɛ akwatafo nya ayaresa a, wɔnyɛ no. Wɔnam kwan so rekɔ no, wɔnyaa ayaresa. Bere a kwatani baako huu sɛ wanya ayaresa no, ɔsan n’akyi bɛdaa Yesu ase, na oyii Onyankopɔn ayɛ. Akwatafo du no, wei nko ara na ɔbɛdaa Yesu ase.

Ná ɔbea bi a wayare mfe 12 repɛ ayaresa denneennen. Ɔfaa Yesu akyi wɔ nnipadɔm mu, na osoo Yesu ataade ano. Ɛhɔ ara na onyaa ayaresa. Ɛbaa saa no, Yesu bisaa sɛ: ‘Hena na ɔde ne nsa kaa me?’ Ná ehu aka ɔbea no, nanso onyaa akokoduru baa Yesu anim bɛkaa nokware. Yesu kyekyee ne werɛ sɛ: ‘Ɔbabea, fa asomdwoe kɔ.’

Hyiadan mu panyin bi a ne din de Yairo kɔsrɛɛ Yesu sɛ: ‘Bra me fie! Me babea ketewa yare paa.’ Nanso bere a Yesu duu Yairo fie no, na abofra no awu. Yesu huu sɛ nnipa bebree abegu fie hɔ na wɔne abofra no abusuafo resu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnyae su; abofra no ada kɛkɛ.’ Afei osoo abofra no nsa, na ɔkaa sɛ: ‘Abaayewa, sɔre!’ Ɛhɔ ara na ɔsɔre tenaa ase, na Yesu ka kyerɛɛ n’awofo sɛ wɔmma no biribi nni. Wo de, hwɛ sɛnea n’awofo bɛte nka!

Yesu anyan Yairo babea no

“Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare, efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.”—Asomafo Nnwuma 10:38

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Yesu tumi saa yare nyinaa bi? Yairo babea no, dɛn na ɛtoo no?

Mateo 9:18-26; 14:36; Marko 2:1-12; 5:21-43; 6:55, 56; Luka 6:19; 8:41-56; 17:11-19

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena