Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 82 kr. 192-kr. 193 nky. 2
  • Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Yesu ne Obi a Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpaeɛ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 82 kr. 192-kr. 193 nky. 2
Farisini bi rebɔ mpae wɔ abɔnten, na nkurɔfo agyina rehwɛ no

ADESUA 82

Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae

Biribiara a Farisifo no yɛe no, na wɔpɛ sɛ nkurɔfo hu na wɔkamfo wɔn. Sɛ wɔyɛ obi papa a, na wɔpɛ sɛ obiara hu. Sɛ wɔrebɔ mpae a, na wɔgyina baabi a obiara behu wɔn. Ná Farisifo no kyere mpaebɔ atenten gu wɔn tirim. Ná wɔbɔ mpae koro no ara, na na wɔbɔ wɔ asɔrefie ne mmɔnten so ma nkurɔfo te. Enti Yesu kaa asɛm bi ma ɛyɛɛ nkurɔfo no nwanwa. Ɔkaa sɛ: ‘Mommmɔ mpae te sɛ Farisifo no. Ɛyɛ wɔn sɛ wɔn mpaebɔ tenten nti Onyankopɔn betie wɔn, nanso ontie wɔn. Mpaebɔ yɛ wo ne Yehowa ntam asɛm. Enti nka asɛm koro no ara mpɛn pii. Yehowa pɛ sɛ woka nea ɛwɔ wo koma mu ankasa kyerɛ no.’

Abarimaa bi abu nkotodwe rebɔ mpae

Yesu kaa sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.” Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae nhwehwɛ aduan a wɔbedi no da no mu, wɔnsrɛ bɔnefakyɛ, ne biribi foforo biara a wɔhia.

Yesu kaa sɛ: ‘Nnyae mpaebɔ da. Kɔ so bisa nneɛma pa fi w’Agya Yehowa hɔ. Ɔwofo biara pɛ sɛ ɔde nneɛma pa ma ne ba. Sɛ wo ba bisa wo paanoo a, wobɛma no ɔbo? Sɛ obisa wo nam a, wobɛma no ɔwɔ?’

Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu sɛ: ‘Sɛ wunim sɛnea wode nneɛma pa bɛma wo mma a, Yehowa a ɔyɛ w’Agya no, ɔremfa honhom kronkron mma wo anaa? Enti nea ehia ara ne sɛ wubebisa.’ Wode Yesu afotu no yɛ adwuma anaa? Nneɛma bɛn na wobɔ ho mpae?

“Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.”—Mateo 7:7

Nsɛmmisa: Bere a Yesu rekyerɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛbɔ mpae no, dɛn na ɔkae? Ɛyɛ a, wobɔ nneɛma a ehia wo ho mpae anaa?

Mateo 6:2-18; 7:7-11; Luka 11:13

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena