Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 83 kr. 194-kr. 195 nky. 1
  • Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔde Paanoo ne Mpataa Kakraa Bi Maa Mpempem Dii
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Yɛɛ Anwanwade Maa Nnipa Pii Nyaa Paanoo Dii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Yesu Ma Nnipa Pii Aduan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Anwummeduan a Etwa To
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 83 kr. 194-kr. 195 nky. 1
Asomafo no rekyekyɛ aduan ama nnipadɔm bi

ADESUA 83

Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii

Bere a na aka bere tiaa bi ama wɔadi Twam Afahyɛ wɔ afe 32 Y.B. no, asomafo no kɔɔ asɛnka, na wɔbae no, na wɔabrɛ. Enti Yesu de wɔn faa ɔkorow kɔɔ Betsaida sɛ wɔnkogye wɔn ahome. Nanso bere a wɔduu mpoano hɔ no, Yesu hui sɛ na nnipa mpempem adi wɔn anim akodu hɔ dedaw. Ɛwom sɛ na Yesu pɛ sɛ ɛka ɔne asomafo no nko ara de, nanso ofi ɔdɔ mu gyee nnipadɔm no kama. Ɔsaa wɔn a wɔyare no yare, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. Da mũ no nyinaa, Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni ho ade. Ade sae no, asomafo no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔm de nkurɔfo no. Enti ma wɔnkɔ na wɔnkɔpɛ biribi nni.’

Abarimaa bi de kɛntɛn a paanoo ne nam wom rema Yesu

Yesu kaa sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ. Momma wɔn biribi nni.’ Asomafo no bisae sɛ: ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn anaa?’ Asomafo no mu baako a wɔfrɛ no Filipo kaa sɛ: ‘Yenni sika a yɛde bɛtɔ aduan a ɛbɛso nnipadɔm no nyinaa.’

Yesu bisaa sɛ: ‘Aduan dodow sɛn na yɛwɔ?’ Andrea kaa sɛ: ‘Yɛwɔ paanoo nnum ne ɛnam nketewa mmienu. Nanso ɛrenso wɔn.’ Yesu kaa sɛ: ‘Fa paanoo ne nam no brɛ me.’ Ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano, ebinom 50, ebinom nso 100, na wɔntena ase. Yesu faa paanoo ne nam no, na ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae. Afei ɔde aduan no maa asomafo no, na wɔn nso kyekyɛ maa nnipa no. Mmarima 5,000 ne mmea ne mmofra no nyinaa didi mee. Wɔwiei no, asomafo no sesaw nea ɛkae wɔ ase no, sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara rensɛe kwa. Wɔnyaa nkɛntɛn 12 a ne nyinaa ayɛ mã! Wunhu sɛ ɛyɛ anwanwasɛm?

Nnipa no ani gyee paa, enti na wɔpɛ sɛ wɔde Yesu yɛ wɔn hene. Nanso na Yesu nim sɛ Yehowa bere nsoe sɛ ɔbɛma wayɛ ɔhene. Enti ɔmaa nnipadɔm no kɔe, na ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔnkɔ Galilea Po no akyi. Wɔkɔtenaa wɔn korow no mu, ɛnna Yesu nko ara nso kɔɔ bepɔw bi so. Adɛn ntia? Efisɛ na ɔpɛ sɛ onya bere bɔ ne Papa mpae. Ɛwom sɛ na Yesu nni adagyew de, nanso na ɔbɔ mpae bere nyinaa.

“Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduan a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa a onipa Ba no de bɛma mo no, ɛno na monyɛ ho adwuma.”—Yohane 6:27

Nsɛmmisa: Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ odwen nnipa ho? Dɛn na wei ma yehu fa Yehowa ho?

Mateo 14:14-22; Luka 9:10-17; Yohane 6:1-15

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena