ADESUA 84
Yesu Nantew Nsu So
Ná ɛnyɛ yare nko ara na Yesu tumi sa anaa awufo nko ara na otumi nyan wɔn. Mframa ne nsu nso, na ɔwɔ so tumi. Da bi, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Owiei no, ohui sɛ mframa kɛse bi rebɔ wɔ Galilea Po no so. Ná n’asomafo no wɔ wɔn korow mu rebɔ mmɔden sɛ wɔde ɔkorow no bɛfa mframa kɛse no mu. Yesu si fii bepɔw no so, na ofii ase nantew nsu no so sɛ ɔrekɔ baabi a ɔkorow no wɔ no. Bere a asomafo no hui sɛ obi nam nsu no so no, ehu kaa wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛyɛ me. Munnsuro.’
Petro kaa sɛ: ‘Awurade sɛ ɛyɛ wo ampa a, ma me mmra baabi a wowɔ no.’ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Bra.’ Enti Petro si faa mframa kɛse no mu, na ɔnantew nsu no so sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. Ɔreyɛ abɛn Yesu no, ɔhwɛɛ sɛnea mframa no rebɔ no na ehu kaa no. Enti ofii ase sɛ ɔremem. Ɛnna Petro teɛɛm sɛ: ‘Awurade gye me!’ Yesu soo ne nsa kaa sɛ: ‘Adɛn nti na w’adwene yɛɛ wo mmienu mmienu? Wunni gyidi anaa?’
Yesu ne Petro foro kɔtenaa ɔkorow no mu, na ɛhɔ ara mframa no gyaee. Wohwɛ a, asomafo no bɛte nka sɛn? Wɔkaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.”
Ɛnyɛ saa bere yi nko ara na Yesu maa mframa gyaee bɔ. Da bi, Yesu ne n’asomafo no de ɔkorow twa kɔɔ po no agya baabi. Wɔrekɔ no, Yesu kɔdaa ɔkorow no akyi, na ɔfaa mu dae. Mframa kɛse bi bɔe wɔ po no so, na asorɔkye bɔe ara ma nsu pii baa ɔkorow no mu. Ɛnna asomafo no nyanee Yesu, na wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo yɛawu awie! Gye yɛn!’ Ɛhɔ ara na Yesu sɔree, na ɔka kyerɛɛ ɛpo no sɛ: “Yɛ dinn!” Ntɛm ara na mframa ne po no nyinaa yɛɛ dinn. Yesu bisaa asomafo no sɛ: ‘Munni gyidi anaa?’ Asomafo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mframa ne ɛpo mpo tie no.” Asomafo no behuu sɛ, sɛ wɔgye Yesu di paa a, ɛnde ɛnsɛ sɛ wɔsuro biribiara.
“Sɛ mannya gyidi sɛ mehu Yehowa papayɛ wɔ ateasefo asaase so a, anka mewɔ he?”—Dwom 27:13