Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 89 kr. 208-kr. 209 nky. 1
  • Petro Kaa Sɛ Onnim Yesu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Petro Kaa Sɛ Onnim Yesu
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsɔfopɔn A Obuu Yesu Fɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ɔsomafo Petro Kaa wɔ Kaiafa Fie sɛ Ɔnnim Yesu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wɔde Yesu Kɔɔ Anas Hɔ San De no Kɔɔ Kaiafa Hɔ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Bere a Wonyan Lasaro
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 89 kr. 208-kr. 209 nky. 1
Bere a wɔwɔ Kaiafa fie hɔ no, Petro kaa sɛ onnim Yesu

ADESUA 89

Petro Kaa Sɛ Onnim Yesu

Bere a Yesu ne n’asomafo no wɔ abansoro dan no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mo nyinaa mubegyaw me hɔ anadwo yi.’ Petro kaa sɛ: ‘Ɛnde ɛnyɛ me! Sɛ wɔn nyinaa begyaw wo hɔ mpo a, me de, merennyaw wo hɔ da.’ Nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.’

Bere a asogyafo no kyeree Yesu de no kɔɔ Kaiafa fie no, asomafo no mu dodow no ara guanee. Nanso wɔn mu mmienu dii nnipadɔm no akyi. Baako ne Petro. Ɔkɔɔ Kaiafa fie no mu, na ɔkɔtenaa ogya ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw renne no. Hann no maa abaawa bi huu Petro anim. Abaawa no kaa sɛ: ‘Minim wo! Ná woka Yesu ho!’

Petro kaa sɛ: ‘Daabi, menka ne ho! Minnim nea woreka no ho hwee!’ Petro siim de n’ani kyerɛɛ ofie no pon ano. Nanso ɛhɔ ara na abaawa foforo bi huu no, na ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: ‘Ná ɔbarima yi nso ka Yesu ho!’ Petro kaa sɛ: ‘Minnim Yesu mpo!’ Ɔbarima bi kaa sɛ: ‘Woka wɔn ho! Sɛnea wokasa koraa ma mihu sɛ woyɛ Galileani te sɛ Yesu.’ Nanso Petro kaa ntam sɛ: ‘Minnim no!’

Ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee. Petro huu sɛ Yesu adan ne ho ahwɛ n’anim. Ɔkaee Yesu asɛm no, na ɔkɔɔ abɔnten kosui paa.

Saa bere no ara nso, na Sanhedrin no asi gyinae sɛ wɔbedi Yesu asɛm wɔ Kaiafa fie no mu. Ná wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbekum Yesu, enti na wɔrepɛ biribi agyina so akum no. Nanso wɔannya ne ho asɛm biara. Akyiri yi, Kaiafa ankasa bisaa Yesu sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba anaa?’ Yesu kaa sɛ: ‘Aane.’ Kaiafa kaa sɛ: ‘Yenhia adanse biara bio. Wakasa atia Onyankopɔn!’ Wɔn a wɔredi n’asɛm no gye toom, na wɔkaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ ɔbarima yi wu.’ Wɔbobɔɔ Yesu asom tetee ntasu guu ne ho. Afei wɔkataa n’ani, wɔbobɔɔ no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ woyɛ odiyifo a, kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo!’

Ade kyee no, wɔde Yesu kɔɔ Sanhedrin asa no so, na wɔbisaa no bio sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba anaa?’ Yesu buaa sɛ: ‘Mo na moreka.’ Afei wɔbuu no fɔ sɛ wakasa atia Onyankopɔn, na wɔde no kɔɔ Roma amrado Pontio Pilato ahemfie. Akyiri yi, dɛn na esii? Ma yɛnhwɛ.

“Bere bi reba, na . . . adu mpo, sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fi na moagyaw me nko ara. Nanso ɛnkaa me nko ara, efisɛ Agya no ka me ho.”—Yohane 16:32

Nsɛmmisa: Dɛn na esii wɔ Kaiafa fie hɔ? Dɛn na wɔn a na wɔredi Yesu asɛm no gyinaa so kaa sɛ wɔnkum no?

Mateo 26:31-35, 57–27:2; Marko 14:27-31, 53–15:1; Luka 22:55-71; Yohane 13:36-38; 18:15-18, 25-28

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena