Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 90 kr. 210-kr. 211 nky. 5
  • Yesu Wuu Wɔ Golgota

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Wuu Wɔ Golgota
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Pilato ne Herode Nyinaa Huu sɛ Ne Ho Nni Asɛm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wɔde No Fi Pilato Hɔ Kɔ Herode Anim San De No Ba Hɔ Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ná Hena Ne Pontio Pilato?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔde Yesu Maa Wɔn sɛ Wɔnkɔkum No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 90 kr. 210-kr. 211 nky. 5
Bere a na Yesu sɛn dua so no, na sogyani panyin bi ne Yesu akyidifo no bi gyina dua no nkyɛn. Ná Maria ne Yohane nso wɔ hɔ bi

ADESUA 90

Yesu Wuu Wɔ Golgota

Asɔfo mpanyimfo no de Yesu kɔɔ amrado no ahemfie. Pilato bisaa wɔn sɛ: ‘Asɛm bɛn na mowɔ tia ɔbarima yi?’ Wɔkaa sɛ: ‘Ɔse ɔyɛ ɔhene!’ Ɛnna Pilato bisaa Yesu sɛ: “Wone Yudafo Hene no anaa?” Yesu buaa sɛ: “M’Ahenni mfi wiase.”

Afei Pilato de Yesu kɔmaa Galilea kannifo Herode sɛ ɔnhwɛ sɛ ebia obenya asɛm bi atia Yesu anaa. Nanso Herode anhu mfomso biara wɔ Yesu ho, na ɔsan de no kɔmaa Pilato. Afei Pilato ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Me oo, Herode oo, obiara annya asɛm biara antia ɔbarima yi. Mɛma no akɔ.’ Ɛnna nnipadɔm no teɛteɛɛm sɛ: ‘Munkum no! Munkum no!’ Asogyafo no de mpire anaa abaa hwee Yesu, na wɔtetee ntasu guu ne ho, na wɔbobɔɔ no. Wɔde ahenkyɛw a wɔde nkasɛɛ ayɛ hyɛɛ no, na wɔdii ne ho agorɔ sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!” Pilato san ka kyerɛɛ dɔm no sɛ: ‘Minhuu bɔne biara a ɔbarima yi ayɛ.’ Nanso wɔteɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!” Enti Pilato de Yesu maa wɔn sɛ wɔnkokum no.

Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Afei wɔde dua no sii hɔ. Yesu bɔɔ mpae sɛ: ‘Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na wɔnnim nea wɔreyɛ.’ Nkurɔfo dii Yesu ho agorɔ kaa sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, ɛnde fi asɛndua no so besi fam na gye wo ho!’

Nnebɔneyɛfo a na wɔsɛn Yesu nkyɛn no mu baako ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woba w’Ahenni mu a, kae me.” Yesu hyɛɛ no bɔ sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise.” Eduu awia no, esum baa asaase no so nyinaa nnɔnhwerew mmiɛnsa. Ná Yesu akyidifo no bi bɛn asɛndua no ho. Ná Yesu maame Maria nso wɔ hɔ bi. Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmfa Maria sɛ ɔno ara ne maame na ɔnhwɛ no.

Awiei koraa no, Yesu kaa sɛ: “Asa!” Afei osii ne ti ase na oguu ahome a etwa to. Ɛhɔ ara na asaasewosow kɛse bi sii. Asɔrefie hɔ nso, ntama a na wɔde atwa Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no mu no, emu tew mmienu. Sogyani panyin bi kaa sɛ: ‘Ampa, na ɔbarima yi yɛ Onyankopɔn Ba.’

“Onyankopɔn bɔhyɛ bebree no nyinaa nam no so ayɛ ‘yiw.’”—2 Korintofo 1:20

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Pilato ma wɔkum Yesu? Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ odwen afoforo ho sen ɔno ara ne ho?

Mateo 27:11-14, 22-31, 38-56; Marko 15:2-5, 12-18, 25, 29-33, 37-39; Luka 23:1-25, 32-49; Yohane 18:28–19:30

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena