Ɔfã 6 Nnianim Nsɛm
Bere a Israelfo duu Bɔhyɛ Asaase so no, ntamadan no bɛyɛɛ beae titiriw a wɔsom Onyankopɔn. Asɔfo na na wɔkyerɛkyerɛ Mmara no. Atemmufo nso na na wɔdi ɔman no anim. Ɔfã yi bɛma yɛahu sɛ, sɛ obi si gyinae bi anaasɛ ɔyɛ biribi a, etumi ka nnipa foforo paa. Ná ɛsɛ sɛ Israelni biara tie Yehowa na ɔma ne yɔnko nipa ho hia no. Kyerɛkyerɛ mu sɛ Debora, Naomi, Yosua, Hana, Yefta babea no, ne Samuel bɔɔ bra pa. Kyerɛ sɛnea nnipa a wɔne wɔn tenae no nyaa wɔn so mfaso. Si so dua sɛ nnipa bi a na wɔnyɛ Israelfo mpo de wɔn ho bɔɔ Israelfo no, efisɛ na wɔnim sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho. Wɔn mu bi ne Rahab, Rut, Yael, ne Gibeonfo no.