Ɔfã 10 Nnianim Nsɛm
Yehowa yɛ Ɔhene wɔ obiara so. Efi tete nyinaa, onipa biara hyɛ Yehowa ase. Obiara ntumi nni Yehowa so da. Ɛho nhwɛso ne bere a wɔde Yeremia too abura mu sɛ onwu no. Nanso, Yehowa gyee no. Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego nso, ogyee wɔn fii fononoo a ogya redɛw wom mu. Ɔsan gyee Daniel fii agyata anom. Afei, Yehowa bɔɔ Ester ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Ester begye ne man. Yehowa remma bɔne nkɔ so daa. Ohoni kɛse ne dua kɛse ho nkɔmhyɛ no ma yenya awerɛhyem sɛ, ɛrenkyɛ Yehowa Ahenni beyi bɔne nyinaa afi hɔ. Afei Ahenni no nko ara na ebedi asaase so.