Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ
Yɛn Nuanom a Modɔ Yehowa:
Afe 1971 no, yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam bi. Ná asɛmti ne “Onyankopɔn Din” Ɔmantam Nhyiam. Anuanom a wɔkɔɔ saa nhyiam no ani gyei paa sɛ wɔn nsa kaa nhoma foforo pii. Wɔanna anso ho dae da sɛ wɔn nsa bɛka nhoma bi a ɛte saa. Onua bi kaa saa nhoma no mu baako ho asɛm sɛ: “Nhoma yi mu nsɛm yɛ dɛ paa. Yennyaa nhoma bi a ɛka nneɛma a ebesisi daakye ho asɛm saa da!” Nhoma bɛn na na ɔreka ho asɛm yi? Ɛno ne “The Nations Shall Know That I Am Jehovah”—How? (‘Amanaman No Behu Sɛ Mene Yehowa’—Ɔkwan Bɛn So?) Nanso, adɛn nti na anuanom ani gyee nhoma yi ho saa? Efisɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel mu a ɛfa nnipa nyinaa daakye ho no, na yɛanya ho ntease foforo, na ɛho nkyerɛkyerɛmu na na ɛwɔ nhoma no mu.
Bere a woyii ‘Hu Yehowa’ nhoma no adi no, na Onyankopɔn asomfo dodow bɛyɛ ɔpepem 1.5, nanso ɛnnɛ, yɛn dodow boro ɔpepem 8. (Yes. 60:22) Wohwɛ kasa ahorow a Yehowa asomfo ɔpepem pii yi ka a, ɛboro 900. (Sak. 8:23) Nkɔm a honhom kaa odiyifo Hesekiel ma ɔhyɛe no, yɛn mu pii wɔ hɔ a, yennyaa nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri nsuae da.
Ɛno da nkyɛn a, efi afe 1971 reba no, yɛanya nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no pii ho ntease foforo, efisɛ hyerɛn ara na hann no rehyerɛn. (Mmeb. 4:18) Yɛhwɛ afe 1985 a, saa bere no paa na yehui sɛ Yehowa bu “nguan foforo” no sɛ atreneefo, na wɔyɛ ne nnamfo. (Yoh. 10:16; Rom. 5:18; Yak. 2:23) Afei, afe 1995 mu na yedii kan hui sɛ, atɛn a wobebu “nguan” ne “mpɔnkye” no, ɛbɛkɔ so wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu. (Mat. 24:21; 25:31, 32) Saa nsakrae yi nyinaa ama yɛate Hesekiel nhoma no ase yiye.
“Onipa ba, bue w’ani hwɛ na fa w’aso tie no yiye, na biribiara a mɛkyerɛ wo no, hwɛ no yiye, efisɛ ɛno nti na wɔde wo baa ha.”—HESEKIEL 40:4
Mfe kakra ni nso, hann no akɔ so ahyerɛn. Sɛ yɛhwɛ mfatoho ahorow a Yesu mae no a, asuade a ɛwom no, seesei emu ada hɔ yiye paa. Mfatoho no bi wɔ hɔ a, yɛabehu sɛ ɛfa nsɛm a ebesisi nnansa yi ara wɔ ahohiahia kɛse a ɛrebobɔ ba no mu ho. Saa ara nso na nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no, seesei yɛabɛte ase yiye. Nkɔmhyɛ yi mu bi ne nea ɛfa Gog a ofi Magog ho (ti 38 ne ti 39), nea ɛfa ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen ho (ti 9), nea ɛfa obon a nnompe a ɛho awo wosee ayɛ mu ma ho, ne nea ɛfa nnua mmienu a wɔka boom no ho (ti 37). Esiane sɛ yɛabɛte saa nkɔmhyɛ yi nyinaa ase yiye nti, nkyerɛkyerɛmu a yɛde mae mfe kakra a atwam ni wɔ ‘Hu Yehowa’ nhoma no mu no, ɛho abehia sɛ yɛsesa mu.
Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa nkurɔfo pii abisa sɛ, “Da bɛn na yebenya nhoma bi a ɛbɛkyerɛkyerɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu ma ɛne ntease a yɛwɔ seesei no ahyia?” Saa nhoma no ne Nokware Som—Yehowa Ama So Bio! Nhoma yi wɔ ti mmaako mmaako 22. Sɛ wokenkan emu nsɛm na wudwinnwen mfoni fɛfɛ a ɛwom no ho a, wubehu paa sɛ, yɛtɔɔ yɛn bo ase yɛɛ nhwehwɛmu ansa na yɛrekyerɛw nhoma yi. Afei nso, yɛbɔɔ mpae hwehwɛɛ nea enti a Yehowa ma wɔkyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel no. Yɛtɔɔ yɛn bo ase susuw nsɛmmisa bi ho. Ebi ne sɛ: Hesekiel nhoma no, dɛn na wɔn a wɔtenaa ase wɔ Hesekiel bere so no sua fii mu, na dɛn na yɛn nso yebetumi asua afi mu? Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no, emu nea ɛwɔ he na ɛfa nsɛm a ebesisi daakye ho? Sɛ yɛresusuw Hesekiel nkɔmhyɛ no ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yebehu nneɛma bi wom a egyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye anaa? Nsɛmmisa yi ho mmuae a yɛanya no, ama ntease a ɛwɔ Hesekiel nhoma a yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛkenkan no mu ada hɔ fann.
Sɛ wokenkan Hesekiel nhoma no fi mfiase kosi awiei a, akyinnye biara nni ho sɛ, nea wubehu afa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro ho no bɛma wo ho adwiriw wo paa. Ɛnyɛ ɛno nko, ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ n’asomfo a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asaase so fa so som no no, wubehu sɛ ɛkorɔn paa, na ɛno nso bɛka wo koma. Yenim sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo dedaw ne nea ɔbɛyɛ ama wɔn nnansa yi ara no, na Nokware Som nhoma no bɛboa ama anisɔ a wowɔ no ayɛ kɛse. Wubehu sɛ nhoma yi si nsɛntitiriw mmienu bi so dua mpɛn pii. Nea edi kan ne sɛ, sɛ yebetumi asɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɔno ne Amansan Hene no. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so, na yɛde n’akwankyerɛ a edi mu no bɔ yɛn bra.
Yɛn koma so ade ne sɛ, nhoma yi bɛboa wo ama woasi wo bo sɛ wobɛsom Yehowa ɔkwampa so. Woyɛ saa a ɛbɛhyɛ Yehowa din kɛse a ɛyɛ kronkron no anuonyam. Ɛrenkyɛ koraa aman nyinaa behu sɛ ɔno ne Yehowa, na yegye di sɛ nhoma yi bɛboa wo ama woakɔ so atwɛn saa da no.—Hes. 36:23; 38:23.
Yɛsrɛ Yehowa sɛ, ɔmmoa wo, na sɛ wokenkan nhoma a ɔde ne honhom kaa odiyifo Hesekiel ma ɔkyerɛwee no a, woate ase.
Mo nuanom,
Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw