Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 1 kr. 4
  • Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 1 kr. 4

ADESUA 1

Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn

Kyerɛwsɛm

Asomafo Nnwuma 17:22

NSƐNTITIRIW: Ɛsɛ sɛ wo nnianim asɛm kanyan w’atiefo no anigye, ɛsɛ sɛ ɛma wohu nea worebɛka ho asɛm, ne nea enti a ɛsɛ sɛ wɔn ani gye asɛm a worebɛka no ho.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Ma ɛnkanyan w’atiefo anigye. Paw asɛmmisa bi, asɛm bi a esii ankasa, kaseɛbɔ mu asɛm bi, anaa asɛm foforo bi a ɛbɛkanyan w’atiefo no anigye.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Di kan susuw ho hwɛ nea w’atiefo no ani gye ho ne wɔn haw ahorow, na nwene wo nnianim asɛm no fa ho.

  • Ma w’atiefo nhu nea worebɛka ho asɛm. Nea worebɛka ho asɛm ne nea enti a worebɛka no, hwɛ sɛ wo nnianim asɛm no bɛma emu ada hɔ pefee.

  • Ma w’atiefo nhu nea enti a asɛm a worebɛka no ho hia. Ma nea wobɛka no mfa w’atiefo no ahiade ho. Ɛsɛ sɛ woma nnianim asɛm no mu da hɔ pefee ma w’atiefo no hu sɛnea asɛm a worebɛka no bɛboa wɔn wɔ asetenam.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Sɛ woresiesie ɔkasa a, bisa wo ho sɛ, ‘Tebea bɛn na anuanom a wɔwɔ m’asafo mu no refa mu?’ Afei ka nnianim asɛm no ma ɛmfa atiefo no ahiade ho.

ASƐNKA MU

Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea obi ani begye ho a, hwɛ nea ɔreyɛ anaa nea atwa ne ho ahyia. Afei bisa asɛm bi anaa ka asɛm tiawa bi fa nea woahu no ho fa fi nkɔmmɔbɔ ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena