Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 19 kr. 22
  • Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Mmɔden a Wɔbɔ Du Komam
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 19 kr. 22

ADESUA 19

Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma

Kyerɛwsɛm

Mmebusɛm 3:1

NSƐNTITIRIW: Boa w’atiefo ma wonnya nea wɔasua no ho anisɔ na wɔmfa nyɛ adwuma.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Boa w’atiefo ma wɔnhwehwɛ wɔn ho mu. Bisa nsɛm a ɛbɛma w’atiefo no ahwehwɛ wɔn ho mu ahu sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho.

  • Boa w’atiefo ma wonnya adwempa. Hyɛ w’atiefo no nkuran ma wɔnhwehwɛ wɔn ho mu nhwɛ nea enti a wɔyɛ nnwuma pa. Ade a eye sen biara a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ papa ne Yehowa ho dɔ, yɛn yɔnko nnipa ho dɔ, ne yɛn ani a egye Bible nkyerɛkyerɛ ho. Enti boa w’atiefo no ma wonnya saa adwene no. Nworo nsɛm ngu w’atiefo so kɛkɛ, na mmom wo ne wɔn nsusuw nsɛm ho. Wo dwumadi no bɛkɔ n’awiei no, sɛ́ anka w’atiefo bɛte nka sɛ woahyɛ wɔn aniwu no, ɛsɛ sɛ wɔte nka sɛ woahyɛ wɔn nkuran na woakanyan wɔn sɛ wɔnyɛ nea wobetumi nyinaa.

  • Twe w’atiefo adwene kɔ Yehowa so. Kyerɛ sɛnea Bible nkyerɛkyerɛ, Bible nnyinasosɛm, ne Bible mu mmara ma yehu Onyankopɔn su ahorow ne ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn. Sɛnea Yehowa te nka wɔ nneɛma ho no, boa w’atiefo ma wonnya ɔpɛ sɛ wobesusuw ho na wɔayɛ nea ɛsɔ n’ani.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Kae sɛ Yehowa na ɔtwe nkurɔfo ba ne nkyɛn. Enti fa n’Asɛm no di dwuma fa kanyan w’atiefo.

ASƐNKA MU

Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, fa nsɛmmisa di dwuma fa hwɛ sɛ onii a ɔretie wo no, dɛn pa ara na ogye di. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea ɔte nka ankasa a, hwɛ n’anim yɛbea na tie sɛnea ɔkasa. Nanso ɛyɛ a nya abotare. Sɛ onii a ɔretie wo no bɛda sɛnea ɔte nka pa ara adi akyerɛ wo a, gye sɛ woma onya wo mu ahotoso ansa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena