Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 5
  • Ka Nsɛm a Ɛfata

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Nsɛm a Ɛfata
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Paul Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?
  • Suasua Paul
  • ‘Hwehwɛ Onyankopɔn Kosi Sɛ Wubehu No’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Brɛ Wo Ho Ase
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nnipa a Wɔwɔ W’asasesin Mu No, Wuhu Wɔn Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 5

HYƐ NKƆMMƆ ASE

Ɔsomafo Paul ne Atenefo resusuw nsɛm ho.

Aso. 17:22, 23

ADESUA 5

Ka Nsɛm a Ɛfata

Nnyinasosɛm: “Momma mo anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa.”—Kol. 4:6.

Nea Paul Yɛe

Ɔsomafo Paul ne Atenefo resusuw nsɛm ho.

VIDEO: Paul Kaa Asɛmpa No Kyerɛɛ Atenefo

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 17:​22, 23. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Bere a Paul hui sɛ atorosom rekɔ so wɔ Atene no, ɔtee nka sɛn?—Hwɛ Asomafo Nnwuma 17:16.

  2. Paul ankasa antia Atenefo no, na mmom ɔfaa nneɛma a wɔgye di de dii wɔn adanse. Adɛn nti na ɛyɛ ɔkwampa?

Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?

2. Sɛ yɛto yɛn bo ase dwen asɛm a yɛbɛka, bere a yɛbɛka no, ne sɛnea yɛbɛka no no ho yiye a, ɛbɛma nkurɔfo ani agye sɛ wɔbetie yɛn.

Suasua Paul

3. Pɛ nsɛmfua a ɛbɛfata w’atiefo. Yɛmfa no sɛ woakɔto obi a onnim Kristosom ho hwee. Ɛba saa na woreka Bible anaa Yesu ho asɛm a, ebia ebehia sɛ woka no ɔkwan foforo so.

4. Sɛ obi ka asɛm na ɛnyɛ saa a, mpere wo ho nka sɛ watĩ. Gyaa no ma ɔnkyerɛ n’adwene. Sɛ ɔka biribi na ɛne Bible nhyia a, hyɛ wo ho so na wo ne no annye akyinnye. (Yak. 1:19) Sɛ wutie no a, wubehu nea ogye di ne nea enti a ɔwɔ saa gyidi no.—Mmeb. 20:5.

5. Sɛ ɔka asɛm bi na ɛtɔ asom a, ma onhu sɛ wo ne no yɛ adwene na kamfo no. Ebia ne komam paa de, ohu sɛ nea ogye di no yɛ nokware. Nneɛma a mo nyinaa adwene hyia wɔ ho no, munni kan nka ho asɛm. Afei boa no nkakrankakra ma onhu nea Bible kyerɛkyerɛ.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Mmeb. 25:15; 2 Tim. 2:​23-26; 1 Pet. 3:15

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena