Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 6/1 kr. 18-21
  • “Momma Mo Ti So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Momma Mo Ti So”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NTI NA AKYƐ SAA?
  • NHYEHYƐE YI SƐE
  • WƆN A WOBEFI MU AKA
  • Bere A Onyankopɔn Ahenni Begye Yɛn No Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • ‘Wɛn Na Ma W’ani Nna Hɔ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Onyankopɔn Ahenni—Asase So Nniso Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 6/1 kr. 18-21

“Momma Mo Ti So”

AWO NTOATOASO bi ntraa adesamma abakɔsɛm mu pɛn a ahu ɔhaw horow a yɛn awo ntoatoaso yi ahu no. Ɛnde dɛn nti na bere a ɔreka yɛn bere yi ho asɛm ankasa no ɛsɛ sɛ Yesu ka sɛ: “Nneɛma yi refi ase aba a monhwɛ soro na momma mo ti so efisɛ mo gye rebɛn.”​—Luka 21:28.

Ɛda adi pefee sɛ na Yesu reka sɛ saa ɔhaw horow yi nyinaa ano aduru wɔ hɔ a ɛbɛma obiara koma atɔ ne yam. Na ɛno ne nea ɛwɔ he? Sɛ nhwɛso no, so nkɔmhyɛ ahorow a Yesu hyɛe ne afoforo pii a ɛwɔ Bible no mu no kyerɛ sɛ nnipa mmɔdenbɔ so na saa ogye yi bɛfa aba?

Dabi, ɛnte saa koraa. Nea yɛasua afi abakɔsɛm mu a ɛyɛ yaw ne sɛ, sɛ nnipa ne aman horow wɔ atirimpɔw a eye na wodi nokware mpo a, wonni tumi biara a wɔbɛfa so de nokware asomdwoe, dwoodwoo asetra ne daa ahɔto abrɛ adesamma. Mmɔden a wɔbɔ a eye sen biara no nyinaa yɛ ɔkwa wɔ bere mu. Enti biribiara nni hɔ wɔaka akyerɛ yɛn wɔ Bible nkɔmhyɛ mu sɛ adesamma de nkakrankakra bɛma wɔn asetra ayɛ pɛ denam wɔn ankasa mmɔdenbɔ so.

Mmom, Yesu dii kan hu siei sɛ tebea a ɛwɔ wiase no mu no bɛkɔ so asɛe. Ɛbɛsɛe koraa de akosi sɛ nneɛma nhyehyɛe mu no nyinaa bɛhyɛn nea ɔfrɛɛ no “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba” no mu. (Mat. 24:21) Mprempren yi nsɛm a esisi wɔ wiase nyinaa no kyerɛ sɛ yɛrebɛn saa tebea no ho.

Esiane sɛ eyi te saa nti, na dɛn nti na na Yesu wɔ adwene pa saa no? Efisɛ onim sɛ wiase ɔhaw a ɛso sen biara a ɛreba no bɛyɛ nea etwa to wɔ adesamma nsɛm mu. Ɛno na ɛbɛbɔ ɔkwan ama nneɛma nhyehyɛe foforo, nea Bible no frɛ no wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” a emu no “trenee te mu” no.​—2 Pet. 3:13.

DƐN NTI NA AKYƐ SAA?

Nanso, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛhyehyɛ nhyehyɛe foforo wɔ asase so a, dɛn nti na wama mfirihyia mpem bebree a awerɛhow ne ɔhaw horow wom kwan saa? Atirimpɔw no biako fa ɔsɛmpɔw bi a ɛsɔree bere a ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no sii gyinae sɛ wɔbɛtew atua atia Onyankopɔn nniso no ho.

Yɛn awofo a wodi kan no hyiaa asɛm bi a wɔde too wɔn anim sɛ, sɛ wɔde wɔn ho fi Onyankopɔn ho a wɔbɛyɛ sɛ “Onyankopɔn ahu papa ne bɔne” (Gen. 3:5) Esiane sɛ wonim Onyankopɔn mmara a ɛfa papa anaasɛ bɔne ho dedaw nti, saa asɛm a ɛwɔ Genesis 3:5 no betumi akyerɛ sɛ nea adesamma hwehwɛ ne sɛ wobesi gyinae afa nea ɛbɛyɛ papa anaasɛ bɔne ama wɔn ankasa ho no. Nea yɛn tete agyanom pawee sɛ eyi kyerɛ ne sɛ, wonhia Onyankopɔn na wakyerɛ wɔn asetra kwan. Wobetumi ahwɛ wɔn ankasa ho ne wɔn nsɛm so wɔ nkonimdi mu.​—Deut. 32:4, 5.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ma eyi kwan? Efisɛ Onyankopɔn bɔɔ adesamma sɛ abɔde a wotumi paw nea wɔpɛ, na ɛnyɛ sɛ mfiri. Enti ɔbɛma kwan na ne mmara ho a wɔman fi no akyerɛ pɛnkoro wɔ bere nyinaa mu sɛ́ adesamma betumi adi wɔn ankasa nsɛm so wɔ nkonimdi mu a Onyankopɔn nka ho anaa ɛnte saa.

Onyankopɔn atɔ ne bo ase na wayi abodwokyɛre kɛse adi. Ɔde hokwan ama adesamma sodifo ne nnipa no na wɔatumi akyerɛ sɛ wotumi di wɔn ankasa ho so. Wɔnam mfirihyia mpem ahorow a atwam no so asɔ ɔdesani nniso biara ahwɛ. Nanso abakɔsɛm, titiriw yɛn awo ntoatoaso yi abakɔsɛm di nokware a ɛyɛ sɛ eyinom mu biara nni hɔ a ɛde daa nhyira abrɛ adesamma no ho adanse. Huammɔ a amanaman no adi sɛ wɔde nokware asomdwoe anaasɛ dwoodwoo asetra a ɛwɔ hɔ daa bɛma nnipa a wɔte wɔn amansin mu wɔ asase yi so no kyerɛ pefee sɛ adesamma rentumi nni wɔn ankasa ho so wɔ nkonimdi mu a ɔbɔadeɛ no nka ho.

Dɛn ntia? Efisɛ wɔamfa saa tumi no ammɔ adesamma. Mmom Onyankopɔn bɔɔ wɔn sɛ wɔn a wɔde wɔn ho to ɔno ne ne mmara horow so. (Gen. 2:16, 17) Ɔbɔɔ wɔn sɛ wɔn a wobehia n’akwankyerɛ. Nea ebefi ne nhyehyɛe no ho a wɔbɛman afi no mu aba ne ɔhaw, sɛnea ada adi wɔ mfehaha no mu no. Ɛte sɛ obi a obu n’ani gu adwenem akwahosan ho mmara horow so na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ obi a n’adwenem bɛda hɔ. Anaasɛ obi a obu n’ani gu hia a aduan pa ho hia so na ɔhwɛ kwan sɛ obenya akwahosan pa anaasɛ obi a obu n’ani gu tumi a ɛtwe ade ba fam ho mmara so denam huruw a ohuruw fi aban tenten bi so a ɔnhwɛ kwan sɛ obepira, anaasɛ obi a obu n’ani gu abɔntenkwan a mfiri horow nam so bere biara no mmara horow so na ɔhwɛ kwan sɛ wɔrenkyere no mmɔ no ka da.

Enti, nea Onyankopɔn Asɛm no ka no yɛ nokware: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. Awurade [Yehowa] teɛ me so.” (Yer. 10:23, 24) Nea afi pow a adesamma apow Onyankopɔn ne n’akwan mu aba ne nea Bible no ka no: “Nea wususuw sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛteɛ no bɛyɛ ɔkwan a ɛde kɔ owu mu.”​—Mmeb. 14:12, Today’s English Version.

Kyerɛwtohɔ a nnipa ne aman horow de mfehaha pii ayɛ ato hɔ no kyerɛ sɛ wɔmfata sɛ wodi saa asase fɛfɛɛfɛ yi so. Sɛnea California Asenniibea Kɛse no temmufo panyin no kae no: “Sɛ yɛwɔ ha a wɔhwɛ sɛnea yɛyɛ ɔsram biara a, anka wɔatu yɛn dedaw.”

Bere a ɛnyɛ “ɔsram biara” so na wogyina hwɛ nea yɛyɛ wɔ ha no, ɛda adi sɛ adesamma nniso a ɛwɔ asase so a ɛmfa ne ho nto Onyankopɔn so no nyɛ nea ɛbɛtra hɔ daa. Ɛyɛ nea ɛbɛtra hɔ bere tiaa bi, ɛrenkyɛ koraa. Na Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ wɔato saa bere yi ano hye na ɛrebɛn n’awiei. Bere a afei de nsɛm horow a ɛfa ɔdesani nniso ho no mu ada hɔ pefee no, Onyankopɔn nso bere abɛn sɛ ɔbɛsɛe saa nhyehyɛe a enye yi. Sɛ oyi fi hɔ a, afei ɔde nhyehyɛe foforo a ɔno na ɔbɛyɛ besi ananmu, nea ɛde nokware asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba a ɛde dwoodwoo asetra ne anigye ankasa bɛba asase yi so.

NHYEHYƐE YI SƐE

Wɔakyerɛkyerɛ nhyehyɛe yi sɛe mu wɔ Adiyisɛm nhoma no mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so kasa yi mu: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, ne adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.”​—Adi. 19:17, 18.

Eyi bɛyɛ nea Yesu frɛɛ no “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso remma da bɛba” no awiei. (Mat. 24:21) Enti Onyankopɔn soro nniso denam Yesu Kristo so no “bebubu ahenni horow [nea ɛwɔ hɔ mprempren] no nyinaa ama asa” na ɛbɛhyehyɛ nniso wɔ asase mu no nyinaa so a “wɔrensɛe no da.”​—Dan. 2:44.

WƆN A WOBEFI MU AKA

Nnipa befi wiase amanehunu a ɛreba no mu aka, sɛnea ɛbae wɔ Noa nna mu nsuyiri a ɛsɛee saa wiase a aporɔw no mu no. (2 Pet. 2:5) Onyankopɔn Asɛm no se: “Monhwehwɛ Awurade [Yehowa] asase sofo a mobrɛ mo ho ase a moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Awurade [Yehowa] abufuw da no.” “Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade [Yehowa] din no wobegye no nkwa.”​—Sef. 2:3; Yoel 2:32.

Bible mu nhoma a etwa to no nso ma yɛn awerɛhyem sɛ ebinom befi mu aka. Wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a “wofi ahohia kɛse no mu.” Dɛn nti na wogyaa wɔn a wɔansɛe wɔn? Efisɛ sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no “wɔsom no [Onyankopɔn] awia ne anadwo.”

Saa nnipa a wobefi mu aka yi anoboaboa wɔ aman nyinaa mu no rekɔ so mprempren. Wɔreboaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn atirimpɔw no ho asɛm na wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde no ano fi wiase nyinaa na wɔabɛyɛ wɔn amanaman mu nnipa biako, na wɔn na wɔbɛyɛ “asase foforo” a ɛreba no nhyɛase. (2 Pet. 3:13) Wɔnte sɛ wiase amanaman no. Efisɛ wɔn de “wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare” dedaw, na eyi na wɔasua. Denam saa yɛ so no wɔama nkɔmhyɛ yi abam mpo dedaw: “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”​—Yes. 2:2-4.

Enti bere a amanaman a wɔmmfa wɔn ho nnto Nyankopɔn so no de wɔn ho hyɛ ɔhaw pii mu no, Onyankopɔn n’atirimpɔw, sɛ́ ɔbɛboaboa nnipa ano na wɔabɛtra asase yi so wɔ Onyankopɔn ahenni no ase no rekɔ so wɔ nkonimdi mu. (Mat. 25:34) Esiane nea eyinom sua mprempren fa nhyehyɛe bɔne yi awiei ho ne afei nea ɛfa trenee nhyehyɛe foforo a ɛda wɔn anim no ho nti, wɔmmfa abasamtu nnhwɛ daakye kwan bio. Mmom, ‘wɔma wɔn ti so hwɛ soro, efisɛ wonim sɛ wɔn gye abɛn.’ (Luka 21:28) Wɔwɔ ahotoso kɛse wɔ daakye mu efisɛ wonim sɛ sɛ ɛdan dɛn ara a, sɛnea Bible no ka no, “Nnipa bɛyɛ nhyehyɛe horow pii de, nanso AWURADE apɛde no na ɛbɛba mu.”​—Mmeb. 19:21, TEV.

[Kratafa 19 mfoni]

“Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim mmɛw sɛ: Mommfra, mmehyia, Onyankopɔn adidi kɛse no ase.”​—Adi. 19:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena