Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 3/8 kr. 14-20
  • Ade A Ɛsom Bo Ho Dwumadi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ade A Ɛsom Bo Ho Dwumadi
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Mede Me Ho Mɛhyɛ Mu?
  • Nea Wosua Fi Maori tete Abakɔsɛm Mu
  • Wɔtetee Me Sɛ Obi a Ɔwɔ Obu Ma Onyankopɔn
  • Bible Adesua a Ɛyɛ Soronko
  • Ɔsom a Wɔsakra Bae
  • Nhyiam No
  • M’Asetra Kwan a Mepawee
  • Akwampae Adwuma mu Osuahu Ahorow
  • Mekɔɔ Australia San Baa Fie Bio
  • New York a Mekɔe ne Asɛmpatrɛw Adwuma
  • Adwuma a Ɛma Obi Koma Tɔ Ne Ya
  • Yɛn Honhom Fam Apɛgyade Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yɛn Awofo Akyerɛkyerɛ Yɛn Ma Yɛadɔ Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • M’awofo Anammɔn Akyi a Midi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 3/8 kr. 14-20

Ade A Ɛsom Bo Ho Dwumadi

(Sɛnea Charles Tareka ka Kyerɛe)

YƐN MAORIFO ne New Zealand asase no sofo ankasa ansa na Europafo a wodi kan no reba yɛn mpoano wɔ afe 1769 mu. Me nenakansowa, Nana Tareha te Moananui yɛ wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛɛ Waitangi Apam a agye din wɔ 1840 mu no ase no mu biako. Ɛyɛ nhyehyɛe a wɔyɛe sɛ Maorifo mfa wɔn ho nhyɛ Engiresi Hemmaa Victoria ase na Britania aban abɔ hokwan ahorow a Maorifo wɔ a wɔn agyapade ka ho no nso ho ban.

Bere a wɔde wɔn nsa hyɛɛ Waitangi Apam no nso pɛ​—a saa bere no na bɛyɛ aborɔfo 2,000 pɛ na wɔwɔ New Zealand​—ɛno na Europafo a wɔdɔɔso yiye bae. Mfiase no na asomdwoe wɔ hɔ. Nanso ankyɛ na ɔhaw fii ase bere a na aborɔfo no pɛ sɛ wɔtɔ nsase nanso Maorifo mpɛ sɛ wɔtɔn asase no. Akodi​—a wɔfrɛ no Maori Akodi​—fii mu bae a wɔko wɔ bere ne bere mu, na eyi kɔɔ so ara fi 1860 kosii 1872.

Wodii Maorifo no so nkonim na wogyee hokwan a wɔwɔ no fae sɛnea Dr. Grenfell Price a ofi University of Adelaidee kae no: “Wokunkum Maori nhemfo no na woguu wɔn anim ase. Wogyee Maorifo nsase fii wɔn nsam. Wɔn a wɔtɔ wɔn nsase ne wɔn a wɔtɔn no nsa kaa Maorifo no.” Me manfo no dodow so atew afi 200,000 anaa nea ɛboro saa akodu 40,000 pɛ. Maorifo tee nka sɛ wɔagye hokwan a wɔwɔ no afi wɔn nsam. Ɛte sɛ nea wɔreyi wɔn asetra ankasa ho nu anaa wɔreyɛ atɔre wɔn ase.

So Mede Me Ho Mɛhyɛ Mu?

Bere a saa afeha no bɛn n’awiei no na m’agya resua ade wɔ Te Aute College na ne nnamfonom a wɔyɛ Maorifo a Sir Apirana Turupa Ngata ne Te Rangi Hiroa (Dr. Peter Buck) ka ho no resua nneɛma horow a ɛfa aban hyehyɛ ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde aboa Maorifo no. Nanso m’agya bɛyɛɛ okuafo. Na ɔwɔ ofie fɛfɛɛfɛ bi wɔ asase kɛse bi mu. Na yɛwɔ asase kɛse bi nso a ɛbɛn yɛn a ɛyɛ asase pa a yɛyɛn anantwi wɔ so, na mitumi twe anantwi bɛyɛ sɛ 70 nufusu wɔ bere ne bere mu. Na m’agya wɔ mfiridwuma ho nimdeɛ kɛse, ɔwɔ nsuka ne anyinam ahoɔden akanea ho nimdeɛ. Na yɛwɔ yɛn ankasa anyinam ahoɔden kanea afiri a ɛsɔ kanea wɔ yɛn afuw no mu mfe pii ansa na wɔrenya eyi bi wɔ faako a yɛte no a ɛbɛn Napier no. Na yɛwɔ aborɔfo a yɛafa wɔn a wɔyɛ adwuma ma yɛn na yetua wɔn ka.

Enti metumi aka sɛ, bere a na merenyin no na meyɛ obi a mente nka sɛ yɛba fam kyɛn aborɔfo. Na nokwasɛm ahorow a ɛwɔ hɔ no nkyerɛ sɛ sɛnea mete nka fa no nyɛ nokware. Wɔ nokwarem no, bere a Europafo beduu ha wɔ 1769 mu no na Maorifo nni kasa biara a wɔakyerɛw. Nanso ankyɛ na ɛno akyi no yenyaa biako, enti eduu 1827 mu no na wɔakyerɛ Bible no ase akɔ Maori kasa mu. Esiane sɛ yɛn nkurɔfo no bɛyɛɛ nnipa a wɔpɛ akenkan nti, wotintim “Apam Foforo” no nkorɛnkorɛ 60,000 efi 1841 kosi 1845 mu. Saa bere no na Maorifo a na wotumi kenkan na wɔkyerɛw no mpo dɔɔso kyɛn aborɔfo a na wɔwɔ asase no so no.

Nanso esiane Maori ne aborɔfo no akodi no nti, Maorifo huu amane kɛse. Na nkurɔfo pii hyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ nneɛma bɔne a wɔyɛ yɛn no mu na yɛde asiesie nsɛm. Mekae sɛnea Owura McDonnell, Europani bi taa ba bɛsra m’agya na ɔne no susuw nsɛm ho hyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ pii mfa mmoa yɛn nkurɔfo no.

Nanso, wɔ ɔkwan bi so no biribi ankanyan me sɛ memfa me ho nhyɛ ade a ɛte sɛɛ mu. Ebia na efi awerɛhyem biara a minni wɔ adesamma sodifo mu no nti. Mifi nea misuae wɔ sukuu no mu hui sɛ Engiresi nhemfo ne wɔn nhemmaa no mu pii wɔ hɔ a wommu ɔbra pa na wonnye koraa. Na Maorifo abakɔsɛm no mpo ye kakra.

Nea Wosua Fi Maori tete Abakɔsɛm Mu

Ɛwom sɛ Maorifo ho abakɔsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ nni hɔ ansa na 1800 mfe no mfiase reba, nanso Maorifo tumi de nneɛma horow a wɔasua mfehaha pii a atwam a ɛfa wɔn abakɔsɛm ho no sie wɔn adwenem. Me nenabarima ne m’agya nuanom taa ka asɛm horow a ɛfa yɛn tetefo no ho ne afei nso wɔn tete abusuafo no ho ara kosi bɛyɛ sɛ awo ntoatoaso aduonu so de kosi bere a yɛn tete agyanom beduu New Zealand wɔ akorow mu. Wɔ nokwarem no, wotumi ka nsɛm a ɛkɔɔ so ne nkɔmmɔ a wɔbɔe wɔ akorow no mu no ho asɛm te sɛ nea esii dapɛn a etwaam no. So saa abakɔsɛm a wɔde ano ka yi yɛ nea wotumi de wɔn ho to so?

Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a wɔsan tim de ano ka no tumi kyea kakra de, nanso emu nsɛm no pii wɔ hɔ a wɔahu sɛ ɛyɛ nokware. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kae sɛ, “Maorifo ankasa ho abakɔsɛm a wɔka efi afe A.D. 1350 mu reba no yɛ nea wogye di sɛ ɛyɛ nokware a mpɛɛpɛɛmu a wɔayɛ no di ho adanse sɛ ɛyɛ abakɔsɛm a ɛyɛ nokware.”

Mpɛn pii no abakɔsɛm a wɔde ano ka a yɛn nenabarima ka kyerɛɛ yɛn no yɛ nea ɛfa abusua mu akodi ahorow ho, ne “nea odii ne yɔnko nam” ho asɛm. Yiw, kan bi no na Maorifo di nnipa nam. Nanso atirimpɔw bɛn nti? So ɛyɛ nea ɛdɔ wɔn kɔn ara kwa? Wɔanka saa ankyerɛ yɛn, na mmom wɔn a wɔyɛ mpɛɛpɛɛmu mu no penee so sɛnea T. E. Donne yɛe wɔ ne nhoma a ɛyɛ The Maori Past and Present no mu no sɛ: “Mpɛɛpɛɛmu a yɛayɛ no ama ada adi sɛ nnipa nam a Maorifo di no fi abosonsom adeyɛ na ɛnyɛ sɛ wɔredi nam esiane sɛ wɔn kɔn dɔ nti.”

Wunim asɛm bi, na ɛyɛ Maorifo atetesɛm sɛ wɔremma obi nyaw wɔn na onii ko afa ne ho adi a wɔrentua no so ka. Afei nso Maorifo nnyaa nkogu mu mmma ɛnka, na bere biara wosusuw aweredi ho. Enti sɛ wɔreto obi so were wɔ bɔne bi a wayɛ wɔn ho a, ɔhene a wadi nkonim no taa di ɔhene a wadi nkogu no koma. Eyi yɛ ade a enye koraa a wobetumi ayɛ abusua bi.

Ɛno akyi no nea wɔadi ne so nkonim no nso abusuafo hwehwɛ sɛ wɔn nso wɔbɛtɔ were na wɔde ahyɛ abusua no “anuonyam” bio. Sɛ mmusua horow no hyiam a, bere a na meyɛ abofra no, metaa te sɛnea wɔn a wɔka abakɔsɛm no sɔre gyina na wɔkae tete abakɔsɛm na wɔka sɛnea ɔhene bi “adi” bi nam no ho asɛm. Wɔkae saa nkonimdi ne nkogu ahorow yi nyinaa de kosi bere a akorow no beduu ha pɛɛ.

Wɔtetee Me Sɛ Obi a Ɔwɔ Obu Ma Onyankopɔn

Sɛnea madi kan aka wɔ pefee mu no, saa abakɔsɛm yi anyɛ me dɛ; efisɛ ɛte sɛ nea nidi nnim. Nkate a na mewɔ no fi nkɛntɛnso foforo bi a manya wɔ m’asetra mu. Sɛ edu anadwo a, ansa na yɛbɛda no, me nenabea kenkan nsɛm fi Maori Bible a ɔpɛ yiye no mu kyerɛ yɛn a yɛyɛ ne mmofra no. Afotu horow a ɛwom te sɛ​—‘monyɛ nea mopɛ sɛ afoforo yɛ ma mo no mma wɔn,’ ‘dan w’aso biako mu ma,’ ‘mommfa bɔne ntua obi bɔne so ka,’​—yɛ nea ɛne ɔkwan a adesamma afa so atra ase no bɔ abira koraa. Enti bere a mifii ase nyinii no na mihuu sɛnea nyansa ne ntease wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no fa.​—Mat. 7:12; 5:39; Rom. 12:17.

Me nenakansowa, Tareha te Moananui nso ani gyee nea ɔkenkan fi Maori Bible no mu no ho. Esiane sɛ ɔtɔɔ no Bible no fii Anglikan asɔre no sɔfo no hɔ nti, me nenabarima no bɛyɛɛ Anglikan asɔre no muni. Ɔde n’asase no fa a ɛbɛn yɛn fie mae sɛ marae, anaasɛ nhyiambea na wosii asɔredan wɔ so a na ɛne yɛn fie no ntam kwan bɛyɛ anammɔn 100 pɛ. M’agya nso ani sɔɔ nyansa a ɛwɔ Bible no mu no na ɔbɛyɛɛ Anglikan asɔrepanyin a ɔtaa gyina asɛnka adaka mu kasa.

M’agya bɔɔ mmɔden de nea wasua afi Kyerɛwnsɛm no mu tetee yɛn a yɛyɛ ne mmofra 10 no. Mene ne mma no mu nea ɔto so anan, nanso ne mmabarima no mu panyin. Yɛn fie no so na sɛ edu adidi bere a yɛn nyinaa tumi nyin wɔ ɔpon kɛse bi a wɔde dua a ɛyɛ den ayɛ no ho a ahɔho mpo a wɔaba hɔ nya kwan wɔ ɔpon no ho. Na yɛn fie no sõ yiye.

Na m’agya gye Bible mu mmebusɛm yi di yiye: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛm so.” (Mmeb. 13:24) Esiane sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ne nsa ka abaa ankasa nti, m’agya de ne nsa anaa ne mpaboa yɛ bere a hokwan no aba sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa, na ɔhwe wo na wama woate nea ɔka no ase. Mewɔ anidaso sɛ sɛ awofo betumi de Bible mu afotu adi dwuma nnɛ a, anka ɛbɛbrɛ mmofra a wɔadan asoɔdenfo na wɔn bra asɛe no ase.

Me na nso dii dwuma kɛse yiye wɔ ofie a emu yɛ anigye a wɔhyehyɛɛ no mu, na eyi ka ho bi na ɛma yenyaa ntetee pa no. Sɛ mekenkan su horow a eye a ɔyere pa wɔ a wɔahyehyɛ wɔ Mmebusɛm 31:10-31 no a, metumi aka sɛ na me na wɔ saa su horow yi. Ɛwom sɛ na m’agya ne nea odi ti wɔ ofie no mu de, nanso na me na wɔ asɛyɛde kɛse a otumi de hokwan ahorow di dwuma sɛ obi a ɔyɛ a ofiehwɛfo pa. Mekaa me nuanom mmarima ne mmea ho yɛɛ adwuma wɔ afuw no mu. Wɔ bere koro no ara mu no na mekɔ sukuu bi a wosua nsaanodwuma wɔ mu, na esiane sɛ minyaa mfiridwuma ho osuahu bere a na me ne m’agya yɛ adwuma no nti, mebɛyɛɛ obi a na minim mfiridwuma ne anyinam ahoɔden ho adwuma yiye. Nanso dɛn na mede m’asetra bɛyɛ? M’agya mmɔdenbɔ wɔ mfiridwuma mu no nyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ gyinae a misii no mu.

Bible Adesua a Ɛyɛ Soronko

Asiane bi too me na nuabeanom bere a wɔde wɔn kar foforo a ɛyɛ Buick kɔhwee fam wɔ Wairoa, kurow a ɛne yɛn ntam kwan bɛyɛ akwansin 70 wɔ ɔman no kusuu fam no. Eyi nti m’agya kɔɔ Wairoa kodii hɔ nna kakra sɛ ɔrekosiesie me na nuanom no kar no. Ohui sɛ wɔn asetra te sɛ yɛn de no ara, gye sɛ wɔn som no na ɛsono no.

Wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no anɔpa biara, na afei wɔde bere kakra susuw kyerɛw nsɛm a wɔakenkan no ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔate ase. Da koro anɔpa bi na kyerɛw nsɛm a wosusuw ho no ne Ɔsɛnkafo 9:5, 10 a ɛkenkan sɛ: “Na ateasefo nim wɔ wobewuwu: na awufo de wonnim biribiara . . . biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ; na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”

M’agya kaee wɔ ayi bi a wɔyɛe ase sɛ Maori tohunga (ɔsɔfo) no kae sɛ nea wawu no kra nwui na mmom wafi ne mu na ɔno ne tetefo akɔtra. Eyi te sɛ nea Anglikan asɔre no mufo gye di no ara, sɛ, akra no mu binom kɔ soro, na wɔn a wɔmfata no kɔ hell-gya mu.

Ɔpon ho adidi foforo bi ase nso ho nkɔmmɔbɔ yɛ nea na ɛfa nokware a ɛyɛ sɛ Yesu sua kyɛn n’Agya no ho, na afei n’Agya no nso wɔ n’ankasa din. (Yoh. 14:28; Dw. 83:18) Eyi anyɛ den amma m’agya sɛ ɔbɛte ase, efisɛ Onyankopɔn din, Ihowa (Yehowa) pue wɔ Maori Bible no mu bɛboro mpɛn 6,000.

Ɔsom a Wɔsakra Bae

Bere a m’agya san baa fie no na okura nhoma horow ason a Ɔwɛn Aban Bible Asafo no yɛe a nhoma no din ne “Studies in the Scriptures.” Ntɛm ara na ofii dapɛn biara abusua mu adesua ase, na n’abusuafo ne ne nnamfonom a wɔbɛn no nso bɛkaa ho. Bere a ɔsɔfo no hui sɛ adesua ahorow a ɛte sɛɛ rekɔ so no, wampene so. Nanso bere a wobisaa no sɛ ɔmfa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛkyerɛ sɛ asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a enwu da ne baasakoro ho no mmra no, mmuae a ɔmae ara ne sɛ, “Di asɔre no nokware.”

Eyi maa m’agya gye dii sɛ nea wasua afi Bible no mu no ne nokware. Enti ɔkaee nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:14-17 no, “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro,” ne “enti mumfi wɔn mu” no, enti m’agya kyerɛw krataa kɔmaa Anglikan asɔre no sɛ ɔne n’abusua no nyinaa atwe wɔn ho afi asɔre no mu. Saa bere no na madi mfirihyia 19, na mepene m’agya adeyɛ no so koraa. Ɔde nsɛm a edidi so yi na ewiee ne krataa no kyerɛw: “Me ne me fi de, yɛbɛsom Awurade [Yehowa].”​—Yos. 24:15.

Eyi de hooyɛ kɛse baa Anglikan asɔre mpanyimfo no mu efisɛ na m’agya yɛ obi a wagye din yiye wɔ Maorifo mu. Enti ntɛm ara na wɔhyɛɛ da yɛɛ nhyiam titiriw bi a atirimpɔw a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔde bɛma watwe ne krataa no asan. M’agya penee saa nhyiam no so​—ɛnyɛ sɛ ɛbɛba so wɔ asɔredan no mu​—na mmom wɔ yɛn asase no so, faako a wahyehyɛ asɛnka agua kɛse bi asi ama saa nhyiam no. Asɔfo pii, a F. Bennett, New Zealand Anglikan sɔfo panyin no nso ka ho, ne kuw a wɔn dodow bɛyɛ sɛ 400 nso bae.

Nhyiam No

Maorini a ogyina Asɔre no ananmu a ɔrekasa ama wɔn no hyɛɛ da powee sɛ ɔde Bible no bedi dwuma. Mmom, ɔde nkate horow na edii dwuma. Ɔkaee nkurɔfo no sɛ, “Yɛn tetefo gye dii sɛ ɔkra no tra ase wɔ owu akyi, nanso moapaw sɛ mobɛpene ɔsom a ɛkyerɛ sɛ ɔkra no nte ase no so.” Ɛno na afei m’agya fi Bible no mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ onipa no ankasa yɛ ɔkra, enti sɛ onipa no wu a na ɔkra no nso awu. M’agya kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn betumi anyan nea wawu no sɛ ɔkra a ɔte ase bio.

Bere a ɛbɛdaa adi sɛ Anglikan sɔfo no ntumi nkyerɛkyerɛ n’asɛm no mu yiye na ontumi nnan nkurɔfo no ti, na mmom ɔde ne nsa kyerɛ asɔredan a me nenakansowa sii no so no, ɔde nkate nne teɛɛm ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Mede nkotɔsrɛ a etwa to yi reto mo anim sɛ munnnyaw agyapade kronkron a mo tetefo anuonyamfo no de ama mo no.”

Ɛno akyi no m’agya sɔre gyinae, na ɔdaa wɔn a wɔaba hɔ no nyinaa ase, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ afei na wagye adi yiye akyɛn bere biara sɛ wahu nokware no. Ɔkaa da ne bere ko a yehyiam sua Bible no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔmmra. Bebree yɛɛ saa.

M’Asetra Kwan a Mepawee

Saa nhyiam no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse. Bere a yegu so sua Bible no, me kɔn dɔe sɛ mɛsom nokware Nyankopɔn, Yehowa. Mifii ase hui sɛ n’Ahenni no ne nniso biako pɛ a ebetumi anya adesamma ɔhaw horow no ano aduru, a yɛn Maorifo de nso ka ho. Nanso na mintumi nhu ɔkwan a mɛfa so adi Ahenni asɛnka a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Bible no mu no ho dwuma.​—Mat. 24:14.

Bɛyɛ sɛ saa bere no mu ara na Clifford ne Edna Keoghan, akwampaefo a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma sɛ Yehowa Adansefo baa beae a yɛte no, na yɛmaa wɔn ofie ketewaa bi sɛ wɔntra mu. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛka wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu, na meka wɔn a wodii kan yɛɛ saa no ho. Mpɛn dodow a mede me ho hyɛ saa adwuma yi mu pii no, saa ara na mihu sɛnea nnipa nnim Onyankopɔn ahenni no ho biribiara koraa. Enti misii gyinae: M’adwuma ne sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo, sɛ́ medi Yesu Kristo ankasa ne ɔsomafo Paulo akyi. Esiane sɛ m’agya penee so nti mifii akwampae adwuma no ase wɔ afe 1931 mfiase mu. Mekɔɔ Wanganui, kurow bi a ɛwɔ supɔw no kusuu fam-atɔe mpoano kɔkaa me yɔnko kwampaefo Frank Dewar ho.

Akwampae Adwuma mu Osuahu Ahorow

Esiane sɛ Wanganui ayɛ yɛn atrae a yefi hɔ kɔyɛ adwuma nti, mifii ha nso yɛɛ adwuma wɔ nkuraa ahorow ase. Da koro bi mepaw ɔkwan bi a afei na wɔabɔ no foforo a ɛda Wanganui Asubɔnten no ano a ɛkɔ nkuraa ahorow a ebinom kura Bible mu din te sɛ, Betlehem, Yerusalem ne nea ɛkeka ho ase. Mifi anɔpa nantewee sɛ merekɔ Yerusalem a m’ani da so sɛ medu hɔ bɛyɛ awia bere mu.

Na ɛyɛ osutɔ “bere a etwa to na osu no afi ase dedaw. Na nsu ataataa dɔte kwan no so enti na mintumi mfa me baesekre no mfa atɛkyɛ no mu. Ade saa me. Afei na mimmu bere ne ɔkwan tenten a matwa no ho akontaa bio. Na dɔte ne atɛkyɛ akata me ho nyinaa, afi me ti so akosi me nan ase. Nanso mekɔɔ so ara, na ankyɛ na mihuu kanea wɔ akyirikyiri. Mede m’ani kyerɛɛ hɔ, na ankyɛ na metee nkraman mmobom a ɛte sɛ nnwonto wɔ m’asom.

Obi buee ɔpon bi, na ɔbarima bi a okura kanea a ɛhyerɛn yiye baa ɔpon no ano. Bere a ɔbɛnee na ohuu me no ne ho dwirii no na obisaa me sɛ: “Ɛhefa koraa na wufi bae yi?” Bere a mekae sɛ “Wanganui” no, mmuae a ɔde ɛnne kɛse mae ara ne sɛ, “Dabi!”

Ɔma migyaw me ntade a atɛkyɛ ayɛ mu ma no wɔ abɔnten na ɔkyerɛɛ me kwan kɔɔ aguaree. Bere a maguare awie na mahyɛ atade a awo na meredidi na menom tea a ɛyɛ hyew no, obisaa me sɛ: “Afei ka kyerɛ me, dɛn nti na wobaa ha?” Yɛbɔɔ nkɔmmɔ ara kosii anadwo kɔnn kaa Onyankopɔn gyinabea ne ne dibea ho asɛm, Yesu Kristo ne sɛnea Ahenni no ho hia fa ho asɛm. Na ɔbarima yi yɛ ɔhokwafo, oguanhwɛfo na ogye Bible no di yiye. Ɔde anigye gyee nhoma a wɔde sua Bible a ekura me no.

Bere a mesɔree anɔpa no na ɔkɔ dedaw sɛnea ɔka kyerɛɛ me no. Mekɔɔ so dii adanse wɔ Yerusalem, na mede nhoma ahorow pii mae wɔ hɔ ne nkuraa a ɛbemmɛn no ase. Ɛno akyi mfirihyia pii no mekɔɔ nhyiam bi ase wɔ Napier, na ɔbea bi de serew bɛn me bisaa me sɛ: “So wokae me anaa?” Na ɛsɛ sɛ meka nokware sɛ menkae no. Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Wotɔn nhoma bi maa me bɛyɛ sɛ mfirihyia 16 a atwam ni, bere a na mewɔ Yerusalem no.” Na ɔno nso adan Ɔdansefo.

Mekɔɔ Australia San Baa Fie Bio

March 1932 mu na mekɔɔ Sydney, Australia wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ hɔ nti, na metraa hɔ mfirihyia 15. Nhyiam no akyi na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛka Betel abusua no ho na menkenkan The Harp of God nhoma no a wɔrekyerɛ ase aba Maori kasa mu no mu, ne afei nso nhoma afoforo nso mu, na maboa ma wɔahwɛ Betel abusua no kar ahorow no so.

Bere a bere retwam no na m’awofo no renyin, enti bere a Wiase Nyinaa Ko II twaam pɛ na wɔfrɛɛ me sɛ mensan mmra fie na memmɛhwɛ abusua no adwuma no so. Ɛwom sɛ afei de na minni bere nyinaa som adwuma no mu bio de, nanso na mewɔ akwampae honhom no na mekɔɔ so boa ma wɔhyehyɛɛ asafo ahorow, nea edi kan no, wɔ Hastings ne afei wɔ Napier.

Saa bere yi ara mu na Maori abusua a ɛwɔ Wharerau wɔ Waima, Auckland kusuu fam no fii ase sɛ wɔregye nokware no. Awiei no saa abusua no mufo bɛyɛ 100 bɛyɛɛ Yehowa Adansefo! Afe 1950 mu na Mairo anuanom a wɔwɔ Waima no sii Ahenni Asa a edi kan wɔ New Zealand.

December 1953 mu na Engiresi Hemmaa Elizabeth ne ne kunu Duke of Edinburgh fii wɔn ɔsram biako nsrahwɛ wɔ New Zealand no ase. The Wellington, New Zealand, Dominion atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Owura ne Awuraa Tuiri Tareha [m’agya ne me na] ka nnipa 74 a wɔde wɔn kyiaa adehye a wɔbɛsraa ha no ho. Sɛ́ obekyia Ɔhemmaa no nsam mmom no, Awuraa Tareha de boaa bi a woakyekyere no fɛfɛɛfɛ maa Ɔhemmaa no.” Nea ɛwɔ saa boaa no mu ne New World Translation of the Christian Greek Scriptures Bible no ne afei nhoma “New Heavens and a New Earth.” M’agya kae sɛ: Ɔhemmaa no kaa biribi sɛ onyae a na anka ɔwɔ Salomo nimdeɛ no na watumi de pɛpɛɛpɛyɛ ne atɛntrenee adi ne nkurɔfo no so. Yɛwɔ anidaso sɛ saa nhoma yi bɛboa no.”

New York a Mekɔe ne Asɛmpatrɛw Adwuma

Mifii akwampae adwuma no ase bio wɔ 1956 mu, na ankyɛ na wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ ɔmansin sohwɛ adwuma no mu. Ɛno na afei wɔ 1958 mu no, minyaa ho kwan kɔɔ “Onyankopɔn Apɛde,” Nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ New York no bi. Ɛno akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ mentwɛn na makɔ Gilead asɛmpatrɛwfo sukuu a ɛto so 33 no bi. Na m’awofo da so ara te ase, na ɛyɛ wɔn anigye sɛ matu me ho ama Yehowa som.

Ɛhefa na wɔde me kɔe sɛ menkɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ hɔ? Ceylon a mprempren yi wɔfrɛ no Sri Lanka, a ɛwɔ India Po no mu no. Midii bɛyɛ sɛ mfirihyia 18 wɔ saa supɔw fɛfɛɛfɛ a ɛne me man a mifi mu no ntam kwan ware yiye no so, na ɛhɔ na mewɔ na m’awofo a medɔ wɔn no wuwui. Hwɛ sɛnea adansedi wɔ ha yɛ soronko koraa fa​—nea egye mmɔdenbɔ nso!

Onipa a odi kan a wubehyia no wɔ da mu no mu no bɛyɛ Budhani a ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ Onyankopɔn nni hɔ, na nkwagye gyina nea n’ankasa bɛyɛ so. Nea odi hɔ wubehyia no ne Moslem anaa Nkramoni a ogye Onyankopɔn biako, Allah di; nea. ɔto so abiɛsa a wubehyia no ne Roma Katolekni a ogye baasakoro nyame di; nea ɔto so anan no ne Hinduni a ogye di sɛ anyame ɔpepem pii na ɛwɔ hɔ. Nanso, wɔ nokware a ɛyɛ sɛ nnipa no pɛ ahɔhoyɛ no ma wonya hokwan te na wohu Bible mu nokware no.

Na Pullenayegem abusua no yɛ wɔn wɔte saa no ho nhwɛso pa. Me ne William ne ne yere Olive ne wɔn mmabarima baasa ne mmabea baanu fii Bible mu adesua ase. Wɔn nyinaa bɛyɛɛ Adansefo a wɔyɛ nnam, gye wɔn mmabarima no mu biako pɛ. Wɔn mmabarima no mu biako, Vasant, yɛ baa boayifo kuw a ɛwɔ Sri Lanka no muni, Mohandas yɛ ɔpanyin na ne mmabea no mu baanu, Viranjani ne Vynodini yɛ wɔn a mpanyimfo aware wɔn. William awu dedaw, nanso Olive da so ara kura n’akwampae honhom no mu, na ɔyɛ akwampae aboafo adwuma no bi wɔ bere ne bere mu sɛnea obetumi.

Mesan m’akyi baa fie wo New Zealand wɔ April 1977 mu, esiane sɛ wɔamma me kwan sɛ mentra aman no mu bio nti. Ɛha nso manya hokwan ayɛ Betel abusua no muni ne baa boayifo kuw a ɛwɔ yɛn man yi mu no nso muni.

Adwuma a Ɛma Obi Koma Tɔ Ne Ya

Medi mfirihyia 70 wɔ December mu. Sɛ mitwa m’ani hwɛ bere a na meyɛ aberantewa a biribi hyɛɛ me sɛ minsi gyinae wɔ ɔkwan a mɛfa so de me nkwa nna adi dwuma no ho a, ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ mepaw nea eye. Ɛnyɛ nneɛma a ɛfa m’awofo nko ho dwuma na madi, na mmom nnipa a wɔwɔ akyirikyiri nsase so nso. Mewɔ awerɛhyem na migye di yiye sɛ nea ɛyɛ aduru a wɔde bɛsa nnipa a wɔahaw wɔ baabiara no yare nyɛ nhyehyɛe a nnipa ayɛ, na mmom ɛwɔ nea Onyankopɔn Ahenni no de ma no mu.

Sɛ mehwɛ sɛnea m’ankasa me nkurɔfo no mu pii ahu eyi no a, ɛma m’ani gye yiye. Efisɛ, wɔ New Zealand no, Adansefo bɛyɛ 6,500 a wɔwɔ saa ɔman no mu no mu bɛyɛ 1,000 yɛ Maorifo. Wɔn mu pii yɛ Kristofo mpanyimfo, na pii nso yɛ akwampaefo, baasa asom sɛ amansin so ahwɛfo, wɔn mu baanum akɔ Gilead na wɔafi hɔ akɔsom wɔn mfɛfo nnipa wɔ mmeae ahorow. Oo, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye afa bere a denam Onyankopɔn Ahenni no sodi so no, adesamma nyinaa bɛka abom ayɛ biako!

[Picture of Charles Tareha on page 14]

[Kratafa 14 mfoni]

Nana Tareha te Moananui

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena